Boa Afoforo Denam Nsɛmma Nhoma a Wode Bedi Dwuma no So
1 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo no. Yɛhwehwɛ hokwan a yɛde bɛkenkan no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Wɔ emu nsɛm a ɛso bɛba yɛn ankasa mfaso a yɛbɛhwehwɛ akyi no, eye sɛ yɛbɛhwehwɛ nsɛm a yebetumi de adi dwuma bere a yɛde nsɛmma nhoma no rema afoforo no. Yebetumi ahyɛ mmeae a nkurɔfo bɛkyerɛ ho anigye wɔ yɛn asafo no asasesin mu no agyirae, anaa yebetumi mpo akyerɛw nsɛm ntiantia wɔ yɛn de ano na ama yɛakae nkɔmmɔbɔ nsɛm ahorow ne ɔkwan a yebetumi aka ho asɛm wɔ yɛn asasesin mu.
2 Yɛn nsɛmma nhoma no so wɔ mfaso bere nyinaa. Ɛwom sɛ ebia nsɛmma nhoma a aba foforo titiriw na yɛde bɛma de, nanso ɛho nhia sɛ yɛto nea aba dedaw gu, efisɛ emu nsɛm no ankasa ntwam. Fa nea aba atwam hyɛ wo bag mu sɛnea wo nsa betumi aka wɔ adansedi mu. Eyinom so bɛba mfaso titiriw bere a wuhu ofiewura no ahiade pɔtee bi no. Sɛ mo asafo no wɔ nsɛmma nhoma dedaw gu hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma nsɛmma nhoma ɔsatu titiriw bi na mode ayi afi hɔ.