Teokrase Nsɛmmansɛmma
Chile: Ná adawurubɔfo 42,778 a wɔbɔɔ amanneɛ wɔ April mu no mu 8,680 yɛ akwampaefo. Wonyaa daa akwampaefo dodow a ɛsen biara 2,820. Nnɔnhwerew nkabom a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ April mu yɛ 1,009,001.
Lesotho: Adawurubɔfo a wɔbɔɔ amanneɛ April no dodow yɛ 1,895, a ɛdɔɔso sen afe a etwaam no de a wɔakyekyem pɛpɛɛpɛ ɔha biara mu nkyem 19.
Portugal: Wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 41,472 wɔ April mu. Wonyaa nkɔanim a ɛsen biara afoforo nso wɔ nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua nkabom mu.
Venezuela: Adwumaden a adawurubɔfo no yɛe wɔ April mu no de nkɔanim afoforo bae wɔ nnɔnhwerew, sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua ahorow mu.