Teokrase Nsɛmmansɛmma
Benin: April akontaabu no kyerɛ sɛ adawurubɔfo 2,793 yɛɛ ofie Bible adesua 4,442, na wɔyɛɛ sankɔhwɛ 30,814. Eyi yɛ dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo abiɛsa.
Bulgaria: Afe biako pɛ mu no, adawurubɔfo no dodow fi 107 akodu 218 a wobuu akontaa wɔ March mu no. Ná ɛno yɛ nkɔanim a ɛboro ɔha biara so 104. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo no nyaa nnɔnhwerew 19.7 wɔ asɛnka mu, na woyɛɛ ofie Bible adesua 585. Wɔyɛɛ wɔn da koro nhyiam titiriw a edi kan wɔ March mu, na nnipa 900 na wɔkɔe.
Czechoslovakia: Adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 25,111 na wobuu akontaa wɔ March mu. Na eyi yɛ afe a etwaam no so nkɔanim ɔha biara mu 9.
Ecuador: Nnipa a wɔkɔɔ Nkaedi afe yi dodow yɛ 99,987. Esiane sɛ wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 21,734 wɔ April mu nti, wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ so adɔɔso.
Nicaragua: Ɛkame ayɛ sɛ wonyaa Ahenni som no fã biara mu nkɔanim wɔ April mu. Wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi no yɛ adawurubɔfo 9,629 a wonyae wɔ ɔsram no mu no dodow mmɔho anum.