Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Chad bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 204 ho amanneɛ wɔ August mu. Sɛ wɔkyekyem a asafo mu adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no nyaa nnɔnhwerew 18.4 wɔ asɛnka mu.
◆ Wɔbɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 12,161 ho amanneɛ wɔ Ecuador wɔ ɔsom afe no ɔsram a edi kan no mu a ɛyɛ afe a etwaam no de so nkɔanim 9%. Wɔbɔɔ Bible adesua nkɔanim foforo 22,854 nso ho amanneɛ.
◆ France de dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ adawurubɔfo 97,032 ne daa akwampaefo 3,398 na efii ɔsom afe foforo no ase.
◆ Italy nyaa adawurubɔfo dodow a ɛboro 150,000, na 150,364 na wobuu akontaa September mu. Sɛ wɔkyekyem a asafo mu adawurubɔfo nyaa nnɔnhwerew 13.4 wɔ asɛnka mu.
◆ Netherlands Antilles baa dwumadibea no bɔɔ adawurubɔfo nkɔanim foforo a ɛyɛ 1,425 wɔ Curaçao ne 404 wɔ Aruba ho amanneɛ wɔ September mu.
◆ Reunion nyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo 1,352 a ɛyɛ nkɔanim 9% wɔ September mu. Nnipa 2,935 na wɔkɔɔ wɔn ɔmantam nhyiam no ase na wɔbɔɔ 48 asu.