Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Austria twaam wɔ 16,000 botae no ho September mu na wonyaa adawurubɔfo 16,005 a ɛyɛ dodow a ɛsen biara.
◆ France de daa akwampaefo 2,101 ne adawurubɔfo 88,062 a ne nyinaa ye dodow a ɛsen biara foforo na efii ɔsom afe foforo no ase.
◆ Haiti a ɛwɔ adawurubɔfo 4,048 no bɔ amanneɛ sɛ 7,874 baa ɔmansin nhyiam ahorow no ase, na wɔbɔɔ 94 asu.
◆ Iceland nyaa adawurubɔfo ɔha biara mu nkɔanim 15 September mu na wonyaa 173 a ɛyɛ dodow a ɛsen biara.
◆ Wɔ July, August ne September mu no Japan asafo 325 ne mmusua akuw 93 yɛɛ nkurow 405 a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma Nnipa a wɔwɔ mmeae yi dodow yɛ 2,310,000 a ɛno yɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa wɔ Japan no ɔha biara mu 69. Wɔnam eyi so dii adanse kɛse.
◆ Wɔbɔɔ adawurubɔfo ɔha biara mu nkɔanim 10 ho amanneɛ wɔ Malta wɔ September mu na wonyaa 303 a ɛyɛ dodow a ɛsen biara foforo. Ɔsram koro no ara mu na wɔyɛɛ mantam nhyiam na dodow a ɛsen biara wɔbae yɛ 516.
◆ Nigeria nyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 121,879 September mu. Daa akwampaefo duu 4,928, ɛboro afe a etwaam wɔ ɔsram koro no ara mu so 1,364.
◆ Philippines de adawurubɔfo 85,668 a ɛyɛ nea ɛsen biara na efii ɔsom afe foforo no ase September mu.
◆ Venezuela nyaa daa akwampaefo 1,905 ne adawurubɔfo 29,706 wɔ September mu a ne nyinaa yɛ dodow a ɛsen biara foforo. Wɔyɛɛ Bible adesua ahorow 46,744. Sɛ wɔkyekyem a, asafo adawurubɔfo de nnɔnhwerew 14.3 kaa asɛm.