Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/93 kr. 6
  • San a Yɛbɛsan Akɔkanyan Bible no ho Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • San a Yɛbɛsan Akɔkanyan Bible no ho Anigye
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fa Nhoma Afoforo Toa Nkratawa no So
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Akanyan Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 8/93 kr. 6

San a Yɛbɛsan Akɔkanyan Bible no ho Anigye

1 Ɛtɔ da bi a, yehyia nnipa wɔ asɛnka mu a wɔkyerɛ asɛmpa no ho anigye bi nanso wonni adagyew koraa a ɛbɛma wɔne yɛn akasa wɔ bere a yɛkɔɔ hɔ no mu. So yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ hɔ bere foforo akɔka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ wɔn? Anaasɛ ebia yɛne ofiewura bi bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye, nanso onnye nhoma biara. So yɛsan kɔ hɔ kɔka nokware no ho asɛm bio?

2 Ɛho hia sɛ yɛyɛ yɛn asasesin no mu adwuma fefeefe, na yɛsan kɔ anigyefo a ebia yebehu wɔn no nyinaa nkyɛn. So yɛsan kɔ wɔn a wogye nhoma anaa nsɛmma nhoma nkutoo nkyɛn? Sɛ saa a, yebetumi abu yɛn ani agu anigyefo bi so. Ɛda adi sɛ yɛmpɛ sɛ yebebu obi sɛ ɔmfata sɛ yɛde honhom mu nkuranhyɛ bɛma no bio, esiane sɛ wannye nhoma kɛkɛ nti. (Fa toto Romafo 14:4 ho.) Ebia yɛn nsrahwɛ no akyi no, ofiewura bi besusuw nea yɛkae no ho, anaa ebia n’ani bɛsɔ sɛnea yɛbɔɔ mmɔden bɛsraa no no. Sɛ yɛsan kɔsra no a, ebia obetie asɛm no kɛse.

3 Sɛ wosan kɔ obi a na onni adagyew nkyɛn a, wubetumi aka sɛ:

◼ “M’ani agye sɛ mabehu wo bio. Nnaano a mebaa ha no, yɛantumi ammɔ nkɔmmɔ efisɛ na wunni bere. Mitumi hu sɛ woyɛ obi a wunni adagyew, enti merenkyɛ. Ɛda adi sɛ wudwen asetra a asomdwoe ne akwahosan wom a wo ne w’adɔfo benya ho. So wunim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi nyarewa nyinaa afi hɔ? So anka ɛrenyɛ anigye? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ asɛm a wɔaka wɔ nhoma a wɔato din sɛ Happiness—How to Find It yi kratafa 188 nkyekyem 15 no nsow.” Sɛ bere ma kwan a, kenkan nkyekyem no na afei munsusuw kyerɛwsɛm a ɛka wiase foforo no mu tebea ho asɛm no. Sɛ ofiewura no tie wo a, ebia wubetumi afi ofie Bible adesua ase.

4 Sɛ woresan akɔsra obi a ogyee kratawa a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:

◼ “Nnaano a mihuu wo no, wugyee kratawa a wɔato din sɛ Nya Abusua Asetra Mu Anigye yi biako. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom sɛ yebetumi de Bible nkyerɛkyerɛ a wɔde di dwuma adi abusua mu nsɛnnennen ho dwuma? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 4 no nsow.” Kenkan Bible kyerɛw nsɛm abien a emu asɛm wom no, na afei bisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm yi a wɔde bedi dwuma no bɛboa ma abusua asetra ayɛ papa?” Sɛ ofiewura no bua wie a, mommom nsusuw afotu a wɔde ma okununom ne ɔyerenom wɔ nkratafa 4 ne 5 no ho. Mubetumi atoa so asusuw kratawa no mu nsɛm a aka no ho, na wode Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no akyerɛ no wɔ ɛno akyi.

5 Ntease pa wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yenya adwempa na yɛsan kɔsra anigyefo a yehu wɔn wɔ yɛn asɛnka mu no, sɛ anigye ketewa bi na wɔda no adi mpo a. Ɛho hia sɛ yesusuw afoforo ho, na yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔasua nokware no. Yehowa ahyehyɛde no de nhoma ne nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa a ebetumi aboa yɛn ma yɛama afoforo ani aku wɔn honhom ahiade ho ma.

6 Sɛ wo ne obi a ebia n’anigye yɛ ketewa bi abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye a, mmu w’ani ngu so sɛ wobɛsan akɔ hɔ akodi anigye no ho dwuma. Ebetumi ama woafi Bible adesua ase na wode obi aba nkwa kwan no so. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ mommɔ mmɔden nkɔ so nnya nkwagye adwuma yi mu kyɛfa.—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena