Boa Nnipa a Wɔte sɛ Nguan ma Wonnya Fapem a Ɛyɛ Den
1 Ɔdansi gye ahwɛyiye a wɔde susuw nsɛm ho ne mmɔden kɛse a wɔbɔ. Bere a wɔayɛ ɔdan no ho nhyehyɛe awiei no, ɛsɛ sɛ wosiesie baabi a wobesi dan no na wɔto fapem a ɛyɛ den. Saa ara na yɛnam mfitiase nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ma adesamma ho no a yɛbɛkyerɛkyerɛ so to fapem.—Luka 6:48.
2 Nanso ansa na yebetumi ato fapem no, ehia sɛ yesiesie baabi a yebesi dan no, sɛnea yɛbɛka no no, na yesusuw ofiewura no nsɛm tebea ahorow ho. Dɛn asɛm na mususuw ho bere bi a etwaam no? Kyerɛw nsɛm bɛn na wode dii dwuma? Ná n’anigye te dɛn? Nhoma bɛn na wugyawee? Sɛ wɔresan akɔ a, dwen nsɛm pɔtee bi ho na to fapem no ma ennya nkɔanim.
3 Sɛ womaa no “Kingdom Come” nhoma no a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɛyɛ me anigye kɛse sɛ mabɛto wo wɔ fie. Wobɛkae sɛ ɛda a yehyiae no, yesusuw nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa nna a edi akyiri wɔ saa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu ho no mmamu ho. Bible no da no adi pefee sɛ Onyankopɔn dwen adesamma ho, na treneefo benya nhyira denam n’Ahenni no so, bere a awiei koraa no, edi asase so tumi no. [Kenkan Mateo 6:9, 10.] Ɛdenam saa Ahenni yi so no, trenee ne atɛntrenee begyina.” Kenkan Yesaia 11:3-5, na afei twe ofiewura no adwene si “Kingdom Come” nhoma no ti 1 no nkyekyem abien a edi kan no so. Kyerɛ no sɛnea obetumi asua asɛm no.
4 Sɛ Wiase Fofofo kratawa no na wɔde mae bere a wudii kan kɔɔ hɔ no a, wubetumi atĩ nsɛntitiriw a bere a etwaam no mususuw ho, a ɛfa hia a tebea horow a eye ho hia ne Bible no bɔhyɛ ahorow ho no mu. Si so dua sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi atra wiase foforo no mu no, ɛsɛ sɛ yenya nokware nimdeɛ. Kenkan Yohane 17:3. Kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a yɛanya nimdeɛ a ɛte saa akyi no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Kenkan 1 Yohane 2:17. Twe ofiewua no adwene si kratawa no kratafa 5 hɔ nsɛm pɔtee bi so.
5 Sɛ abusua asetra ho asɛm na wusii so dua bere a wɔde “True Peace” nhoma no rema bere a edi kan a wokɔɔ hɔ no a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɛda a mebaa ha no, yesusuw abusua asetra ho, na yɛkaa nea ɛbɛma asomdwoe aba ofie asetra mu ho asɛm titiriw. Yegye toom sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya abusua asetra a ɛyɛ anigye no, ɛsɛ sɛ yedi Bible no akwankyerɛ so. Dɛn na wususuw sɛ ehia na ama yɛanya aware mu anigye?” Ma ommua. Si nsɛm a wɔaka wɔ True Peace nhoma no nkratafa 142-7 ne 151 no nsɛntitiriw pɔtee bi so dua. Bisa ofiewura no adwene wɔ emu kyerɛw nsɛm no ho, na paw nsɛm a ɛfata na munsusuw ho. Si mfaso a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm ahorow so no so dua.
6 Sɛ wode Nya Abusua Asetra mu Anigye kratawa no na ɛmaa no bere a etwaam a wokɔɔ hɔ no a, tĩ Bible nnyinasosɛm atitiriw a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 hɔ no mu. Ɛno akyi no, fa nhoma abien no ma. Twe adwene si True Peace nhoma no atiri 12, 13, ne 16 no afã a ɛfata so, na kyerɛ sɛnea wɔnam ofie Bible adesua nhyehyɛe no so betumi ne ofiewura no ne n’abusua asusuw eyinom ho.
7 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya kyɛfa wɔ sankɔhwɛ yɛ mu. San kɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ anigye nyinaa denam sankɔhwɛ a etu mpɔn a wobɛyɛ wɔ September mu no so.