Ti 1
Asetra a Enni Awiei Nyɛ Adaeso Ara Kwa
1, 2. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wobegye adi sɛ nnipa betumi atra ase daa anigye mu wɔ asase so?
ANIGYE wɔ asase so—ɛte sɛ nea yentumi nnya no bere tiaa mpo. Ɔyare, mpanyinyɛ, ɔkɔm ne amumɔyɛ taa ma asetra yɛ awerɛhow—sɛ yɛbɛbobɔ nneɛma a ɛhaw adwene no kakraa bi pɛ a. Enti, ebia wobɛka sɛ, asetra a enni awiei wɔ paradise wɔ asase so ho asɛm a obi ka yɛ n’ani a obu gu nokware no so. Ebia wobɛte nka sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ wobɛka ho asɛm, sɛ asetra a enni awiei yɛ adaeso ara kwa.
2 Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii ne wo bɛyɛ adwene. Ɛnde, dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ wubetumi atra ase daa wɔ paradise wɔ asase so? Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ daa nkwa nyɛ adaeso ara kwa?
NEA ENTI A YEBETUMI AGYE ADI
3. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa ani gye wɔ asase so?
3 Yebetumi agye adi efisɛ Opumpuni, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, siesiee asase no a na biribiara a ɛbɛma yɛanya nea yɛhwehwɛ wɔ so. Ɔyɛɛ asase no a na ɛyɛ pɛ ma yɛn! Na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea wɔ ɔkwan a eye sen biara so a ɛbɛma wɔanya asetra mu anigye a edi mu wɔ asase so fie yi mu—daa.—Dwom 115:16.
4. Dɛn na adebɔ ho nyansahufo asua wɔ ɔdesani nipadua no ho a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛe ma atra hɔ daa?
4 Adebɔ ho nyansahufo ahu tumi a nipadua no wɔ sɛ etumi yɛ ne ho foforo no bere tenteenten. Anwonwa kwan so no nkwammoaa foforo besi nea ɛwɔ nipadua no mu dedaw no ananmu anaasɛ wɔsan nya ahoɔden, sɛnea nea ɛho hia no te. Na ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ saa adeyɛ yi kɔ so daa. Nanso ɛnyɛ saa, na ɛyɛ ade a adebɔ ho nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛ mu. Wontumi nte nea enti a nkurɔfo nyin bɔ nkwakora ne mmerewa no ase nwie ara. Wɔka sɛ, wɔ tebea horow a eye mu no, ɛsɛ sɛ nnipa tumi tra ase daa.—Dwom 139:14.
5. Dɛn na Bible ka wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ma asasɛ yi ho?
5 Nanso, so ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ampa sɛ nnipa ntra ase anigye mu wɔ asase so daa anaa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na daa nkwa nyɛ anidaso hunu anaa adaeso ara kwa—ɛbɛba ampa! Dɛn na Bible, nhoma a ɛka Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛm no, ka wɔ asɛm no ho? Ɛfrɛ Onyankopɔn “Nea ɔnwenee asase na ɔyɛe,” na ɛde ka ho sɛ: “Ɔno na ɔde sii hɔ, wammɔ no hunu, ɔnwenee sɛ wɔntra so.”—Yesaia 45:18.
6. (a) Tebea horow no te dɛn wɔ asase so nnɛ? (b) So saa na Onyankopɔn pɛ sɛ ɛyɛ?
6 So ɛyɛ wo sɛ nnipa ahyɛ asase so ma nnɛ sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ no? Ampa, ɛkame ayɛ sɛ nnipa te asase yi so baabiara. Nanso so wɔbom tra ase anigye mu sɛ abusua biako, wɔ ɔkwampa a wɔn Bɔfo no pɛe sɛ wɔfa so no so anaa? Wiase no mu apaapae nnɛ. Nitan wɔ hɔ. Nsɛmmɔnedi wɔ hɔ. Akodi wɔ hɔ. Ɔkɔm de nni- pa ɔpepem pii na wɔyareyare. Adan, adwuma ne sika ho nsɛm haw afoforo daa. Na eyinom mu biara nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɛnde, ɛda adi sɛ, nnipa nte asase so sɛnea Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no pɛe sɛ ɛyɛ fi mfiase no.
7. Ná dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no bere a ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no?
7 Ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no akyi no, Onyankopɔn de wɔn traa paradise wɔ asase so. Ɔpɛe sɛ wɔtra ase wɔ asase so daa. Ná n’atirimpɔw ma wɔn ne sɛ wɔbɛtrɛw wɔn paradise no mu akɔ asase so baabiara. Eyi da adi wɔ akwankyerɛ a ɔde maa wɔn no mu: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Yiw, na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ, bere bi akyi no, adesamma abusua a ɛteɛ a wɔn nyinaa bom tra wɔ asomdwoe ne anigye mu bɛhyɛ asase so.
8. Ɛwom sɛ nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden de, nso dɛn nti na yebetumi anya awerehyem sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no ansakra?
8 Ɛwom sɛ nnipa baanu a wodi kan no antie Onyankopɔn, ma wɔnam eyi so kyerɛe sɛ wɔmfata sɛ wɔtra ase daa de, nanso Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no ansakra. Ɛsɛ sɛ ɛbam! (Yesaia 55:11) Bible hyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Bible no taa ka nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔbɛma adesamma a wɔsom no daa nkwa ho asɛm.—Yohane 3:14-16, 36; Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:3, 4.
ƆPƐ A YƐWƆ SƐ YƐBƐTRA ASE—WƆ HE?
9. (a) Ɔpɛ bɛn na nnipa fi awosu mu wɔ? (b) Dɛn na Bible kyerɛ bere a ɛka sɛ ‘Onyankopɔn de asetra a enni awiei ahyɛ wɔn adwenem’ no?
9 Yɛn ani betumi agye ankasa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ yɛtra ase daa. Efisɛ susuw ho hwɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae a, anka da bɛn na wobɛpaw sɛ wubewu? Wuntumi mpaw bi, ɛnte saa anaa? Wompɛ sɛ wuwu, na onipa biara a hwee nyɛ no a ɔwɔ ahoɔden sɛnea ɛsɛ mpɛ sɛ owu. Onyankopɔn yɛɛ yɛn ma yenyaa ɔpɛ sɛ yɛbɛtra ase, ɛnyɛ ɔpɛ sɛ yebewu. Bible ka Onyankopɔn akyɛde ma nnipa no ho asɛm sɛ: “Ɔde asetra a enni awiei mpo ahyɛ wɔn adwenem.” (Ɔsɛnkafo 3:11, Byington) Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ nnipa fi awosu mu pɛ sɛ wɔkɔ so tra ase, a wonwu. Esiane daakye a enni awiei ho akɔnnɔ yi nti, nnipa de bere tenten ahwehwɛ ɔkwan a wobetumi afa so atra hɔ daa sɛ mmerante ne mmabaa.
10. (a) Ɛhe na onipa fi awosu mu pɛ sɛ ɔtra daa? (b) Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛma ayɛ yiye sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ asase so?
10 Ɛhe na adesamma pɛ sɛ wɔtra ase daa? Ɛyɛ baabi a wɔatra bere nyinaa no, wɔ asase so ha. Wɔyɛɛ onipa maa asase, na wɔyɛɛ asase maa onipa. (Genesis 2:8, 9, 15) Bible se: “[Onyankopɔn] de asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.” (Dwom 104:5) Esiane sɛ wɔyɛɛ asase yi ma atra hɔ daa nti, ɛnde na ɛsɛ sɛ onipa nso tra ase daa. Nokwarem no ɔdɔ Nyankopɔn remfa asetra a enni awiei ho akɔnnɔ mmɔ nnipa a ɔmma ɛnyɛ yiye sɛ wɔn nsa bɛka!—1 Yohane 4:8; Dwom 133:3.
ASETRA KO A WOPƐ
11. Dɛn na Bible ka de kyerɛ sɛ nnipa betumi atra ase daa wɔ nipadua mu ahoɔden a edi mu mu?
11 Hwɛ kratafa a edi so yi. Asetra bɛn na saa nkurɔfo yi wom? So wobɛpɛ sɛ woyɛ wɔn mu biako? Ebia wobɛka sɛ yiw! Hwɛ ahoɔden a wɔwɔ ne sɛnea wɔte, ɛte sɛnea afei na wɔasi so! Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ saa nnipa yi atra ase mfe mpempem dedaw a, so wubegye adi? Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ nkwakora bɛsan ayɛ mmerante bio, ayarefo ho bɛyɛ wɔn den na wɔbɛsa mpakye, anifuraefo, asotifo ne mum yare. Bere a ɔwɔ asase so no, Yesu Kristo yɛɛ anwonwade pii ma ɔsaa ayarefo yare. Ɔde eyi a ɔyɛe no kyerɛe sɛnea, wɔ saa anuonyam bere a enni akyiri yi mu no, wɔn a wɔte ase nyinaa bɛsan anya nipadua mu ahoɔden a edi mu.—Hiob 33:25; Yesaia 33:24; 35:5, 6; Mateo 15:30, 31.
12. Tebea horow bɛn na yehu wɔ mfonini ahorow yi mu?
12 Hwɛ turo fie fɛfɛ a eyi yɛ! Sɛnea Kristo hyɛɛ bɔ no, ɛyɛ paradise ampa, te sɛ nea ɔbarima ne ɔbea asoɔdenfo a wodi kan no ma ɛbɔɔ wɔn no. (Luka23:43) Na hwɛ asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ hɔ. Nnipa ahorow nyinaa –tuntum, fitaa, wɔn a wɔn honam ani te sɛ akokɔsrade-wɔn nyinaa te hɔ sɛ abusua biako. Mmoa no mpo nyɛ basabasa. Hwɛ abofra no sɛ ɔne gyata redi agoru. Nanso ɛnyɛ hu . Ɛdefa eyi ho no ɔbɔadeɛ no se : “Ɔsebɔ ne apapowa [bɛda], na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. . . . na gyata awe wura sɛ nantwi . Akokoaa begoru ahurutua amoa ano.”—Yesaia 11:6-9.
13. Sɛ wodi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma a, dɛn na ebefi asase so koraa?
13 Wɔ paradise a Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma adesamma anya no mu no, biribiara bɛma nnipa ani agye. Asase no bɛbɔ aduan pa pii. Ɔkɔm renne obiara bio. (Dwom 72:16; 67:6) Akodi, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, nitan ne pɛsɛmenkominya mpo, bɛyɛ nnɛema a atwam. Yiw, ebetwam akɔ korakora! (Dwom 46:8, 9; 37:9-11) Wugye di sɛ eyi nyinaa betumi aba?
14. Dɛn na ema wugye di sɛ Onyankopɔn bɛma amanehunu aba awiei?
14 Wo de susuw ho hwɛ: Sɛ wowɔ tumi a, so anka wobɛma nneɛma a ema nnipa hu amane nyinaa aba awiei? Na so anka wobɛma tebea horow a onipa kɔn dɔ aba? Yiw, anka wobɛyɛ saa. Na saa pɛpɛɛpɛ na yɛn soro Agya no bɛyɛ. Ɔbɛma yɛn nsa aka nneɛma a yehia na yɛn kɔn dɔ, efisɛ Dwom 145:16 ka wɔ Onyankopɔn ho sɛ: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” Nanso bere bɛn na eyi bɛba?
NHYIRA A ƐSO NNI ABƐN
15. (a) Dɛn na wiase awiei bɛkyerɛ ama asase no? (b) Dɛn na ɛbɛkyerɛ ama nnipa bɔne? (d) Dɛn na ɛbɛkyerɛ ama wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde?
15 Sɛnea ɛbɛyɛ na nhyira horow fɛfɛ yi nyinaa aba asase so no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma nsɛmmɔnedi ne wɔn a wɔde ba nyinaa aba awiei. Bere koro no ara mu no, ɔbɛbɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, efisɛ Bible se: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam; na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Hwɛ nsakrae ara a ɛno bɛyɛ! Wiase awiei renkyerɛ yɛn asase yi awiei. Na mmom, sɛnea ɛbae wɔ Noa bere so nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa no mu no, ɛbɛkyerɛ nnipa bɔne ne wɔn nneyɛe nkutoo awiei. Na wɔn a wɔsom Onyankopɔn no befi awiei no mu aka. Afei, wɔ asase a wɔasiesie so fɛfɛ so no, wɔbɛde wɔn ho afi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn na wɔhyɛ wɔn so nyinaa ho.—Mateo 24:3, 37-39; Mmebusɛm 2:21, 22.
16. Dɛn na wɔka siei sɛ ɛbɛba wɔ “nna a edi akyiri” no mu?
16 Nanso ebia obi bɛka se: ‘Sɛe ara na tebea horow resɛe, ɛnyɛ yiye. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ nsakrae kɛse yi abɛn ampa?’ Yesu Kristo hyɛɛ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ ne daakye akyidifo hwɛ kwan na wɔahu sɛ bere adu sɛ Onyankopɔn de wiase yi ba awiei no ho nkɔm. Yesu kae sɛ nneɛma te sɛ akodi akɛse, aduankɔm, asasewosow akɛse, amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso ne ɔdɔ a ano bɛbrɛ ase kɛse bɛhyɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi nna a edi akyiri agyirae. (Mateo 24:3-12) Afei nso, Bible no ka bio sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1-5) So ɛnyɛ eyinom ne tebea horow a yɛrehyia mprempren yi?
17. Dɛn na nnipa a wosusuw ade ho ka wɔ nnɛyi tebea horow ho?
17 Nnipa pii a wosua wiase nsɛm no se nsakrae kɛse bi reba. Se nhwɛso no, atesɛm krataa a ɛwɔ Miami, U.S.A., a wɔfrɛ no Herald no kyerɛwfo panyin kyerɛwee sɛ: “Obiara a n’adwene mu da ho kakra betumi aka nsɛm a ɛyɛ hu a asisi wɔ mfe kakra a atwam yi mu no abom na wahu sɛ wiase no adu baabi wɔ abakɔsɛm mu. . . . Ɛbɛsakra adesamma asetra de akosi daa.” Ɔkwan koro no ara so no, Amerikani kyerɛwfo Lewis Mumford kae sɛ: “Anibuei rekɔ fam. Akyinnye biara nni ho . . . Tete no bere a anibuei kɔɔ fam no, na ɛyɛ mmeae horow bi nkutoo. . . . Mprempren de, esiane sɛ nnɛyi nkitahodi nhyehyɛe aka wiase no nyinaa abom nti, sɛ anibuei kɔ fam a, wiase no nyinaa kɔ fam.”
18. (a) Dɛn na tebea horow a ɛwɔ wiase da no adi wɔ daakye ho? (b) Dɛn na ebesi nnɛyi nniso horow ananmu?
18 Tebea a ɛwɔ wiase nnɛ no ankasa da no adi sɛ yɛte bere a nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa sɛe abɛn mu mprempren. Yiw, ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe asase yi nyinaa afi so. (Adiyisɛm 11:18) Obeyi nnɛyi nniso horow nyinaa afi hɔ ma ne trenee nniso no adi asase nyinaa so. Saa Ahenni nniso yi na Kristo kyereɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
19. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra ase daa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
19 Sɛ wopɛ nkwa na wopɛ sɛ wotra asase so daa wɔ Onyankopɔn nniso ase a, ɛnde na ɛsɛ sɛ woka wo ho nya Onyankopɔn, n’atirimpɔw ahorow ne n’ahyɛde ahorow ho nimdeɛ a edi mu. Yesu Kristo kae wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wɔbehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ yebetumi atra ase daa—sɛ ɛnyɛ adaeso ara kwa! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn nsa aka nhyira fɛfɛ yi afi Onyankopɔn nkyɛn no, ɛho hia sɛ yesua ɔtamfo bi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔremma yɛn nsa nka saa nhyira yi no ho ade.
[Kratafa 8, 9 mfoni]
So na Onyankopɔn pɛ sɛ wiase yɛ sɛɛ?
[Mfoni nkutoo na ɛwɔ kratafa 11]