Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/93 kr. 3-6
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyɛ Honhom Fam Botae Horow Akyidi Ho Nkuran
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • So Me na Ɛsɛ sɛ Mepaw Me Som Anaasɛ M’awofo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mmabun, Mode Botae a Ɛbɛma Moabɛn Yehowa Asisi Mo Ani So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 12/93 kr. 3-6

Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam

1 Sɛ obi de mmeranteberem ahoɔden di dwuma ɔkwampa so a, asetra betumi ayɛ anigye ankasa. Onyansafo Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu.” (Ɔsɛnk. 11:9) Mo mmofra, mobebu nea moyɛ ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.

2 Ɛnyɛ sɛ sɛnea wobɔ wo bra no ka wo nko, na mmom ɛka w’awofo nso. Mmebusɛm 10: 1 se: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.” Nanso nea ehia sen biara no, sɛnea wobɔ wo bra no ka wo Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn. Ɛno nti na Mmebusɛm 27:11 nso hyɛ mmofra nkuran sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ama Yehowa koma atɔ ne yam nnɛ? Wobetumi afa akwan horow so ayɛ eyi.

3 Denam Nhwɛso Pa So: Mo mmofra, muhyia “mmere a emu yɛ den” a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. (2 Tim. 3:1) Mubetumi nso ahyia nhyɛso afi mfɛfo sukuufo a wonnye nni ne akyerɛkyerɛfo mpo a wobetum adi mo Bible mu gyidi ahorow no ho fɛw hɔ. Sɛ́ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛfo biako kae sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no yɛ nokwasɛm na Bible no yɛ anansesɛm nhoma. Nanso, ɔdawurubɔfo kumaa bi a ɔwɔ saa adesuakuw no mu de nokwaredi gyinaa Bible no akyi. Eyi ma ofii Bible adesua dodow bi ase. Anigyefo binom fii ase baa adesua. Anuanom mmarima ne mmea nkumaa, mo gyidi bu wiase bɔne yi fɔ na ɛtwetwe komapafo ba nokware no ho.—Fa toto Hebrifo 11:7 ho.

4 So wubetumi ahyɛ w’atipɛnfo a wɔwɔ asafo no mu nkuran na wɔamfa wɔn ho anhyɛ nnebɔne mu? Ɛdenam nhwɛso pa a wobɛyɛ wɔ sukuu mu, ofie, ne asafo no mu so no, wubetumi ahyɛ adawurubɔfo nkumaa afoforo gyidi den. (Rom. 1:12) Ma Yehowa koma ntɔ ne yam denam nhwɛso pa a wobɛyɛ ama afoforo no so.

5 Denam Ntadehyɛ ne Ahosiesie So: Esiane sɛ na onuawa kumaa bi ntadehyɛ kari pɛ nti, woyii no ahi, dii ne ho fɛw, na wɔtoo ne din “ɔhotefo.” Eyi anhyɛ no amma wankodi wiase no gyinapɛn ahorow a ɛnteɛ no akyi. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no biako na odi Adansefo no gyinapɛn a ɛkorɔn no akyi. So wowɔ akokoduru a ɛte saa? Anaa woma Satan wiase no nsusuwii ne n’abrabɔ nya wo so nkɛntɛnso? Ɛyɛ anigye kɛse sɛ yebehu sɛ mo, mmofra no pii di Yehowa nkyerɛkyerɛ akyi na mopow wiase no ntade basaa, ne nneɛma a aba so, n’abosonsom, ne ne nkyerɛkyerɛ. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ adaemone na kanyan saa nneɛma a efi wiase no!—Tim. 4:1.

6 Denam Anigyede ne Ahomegye a Mopaw So: Ɛsɛ sɛ awofo ma hia a ehia sɛ wɔbɛboa wɔn mma ma wɔde nyansa apaw anigyede ne ahomegye a ɛfata no tra wɔn adwene mu. Onua bi kaa abusua bi a wɔyɛ nhwɛso pa a n’ani abegye wɔn ho ho asɛmpa. Esiane sɛ na awofo no dwen honhom mu nneɛma ho nti, wɔde abusua ahomegye nso ho akwankyerɛ mae. Onua no kae sɛ: ‘M’ani gye nneɛma a wɔbom yɛ no ho. Ɛnyɛ sɛ awofo no boa mmofra no ma wosiesie wɔn ho ma asɛnka adwuma nko, na mmom sɛ edu ahomegye so a, wonya anigye wɔ mpasatu, tete nneɛma akorae a wɔkɔ, anaa tra ara kwa a wɔbɛtra fie adi agoru anaa wɔayɛ nnwuma bi mu. Ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho ne afoforo ma wunya ahotoso sɛ sɛnea ɛte biara no, wɔbɛnantew nokware no mu daakye.’

7 Ampa, ɛtɔ mmere bi a, entumi nyɛ yiye sɛ abusua mũ no nyinaa bebom wɔ ahomegye ne anigyede mu. Ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmofra no hu eyi ne aniberesɛm a sɛnea ɔkwan a wobɛfa so de wo bere adi dwuma yɛ no. Satan asi ne bo sɛ ɔbɛdaadaa nnipa dodow biara a obetumi. Mmofra ne wɔn a wɔn ho nkokwawee titiriw na ne nnɛɛdɛɛ ne n’adɛfɛdɛfɛsɛm no tumi nya wɔn so tumi. (2 Kor. 11:3; Efe. 6:11) Enti ɛnnɛ, Satan fa akwan horow so na ɔde adaadaa mo ma moafi nokware no ho akodi pɛsɛmenkominya asetra kwan a ɛnteɛ na esi anigyede so dua akyi.

8 Television di akoten wɔ nnɛɛdɛɛ mu, na ɛkanyan honam fam adedodowpɛ ne ɔbrasɛe. Wɔtaa yi basabasayɛ ne nna ankasa wɔ sini ne video ahorow so. Nnwom a agye din no pii mu nsɛm yɛ asefem. Satan nnɛɛdɛɛ ahorow no betumi ayɛ te sɛ nea asɛm nni ho, nanso asum Kristofo mmofra mpempem pii afiri ma wɔde wɔn ho ahyɛ nsusuwii ne ɔbra bɔne mu. Nea ɛbɛyɛ na woapow nhyɛso a ɛtete saa no, ɛsɛ sɛ woyere wo ho denneennen di trenee kwan akyi. (2 Tim. 2:22) Sɛ ɛho hia sɛ wosakra wo nsusuwii ne wo suban wɔ anigyede ne ahomegye ho a, wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Odwontofo no bua: “Mede me koma nyinaa midi w’akyi, mma mimmfi wo mmara nsɛm ho minnkyini.”—Dw. 119:10.

9 Nnipa a wɔagye din wɔ agumadi ne anigyede mu a wɔde wɔn yɛ anyame abu so. Yehowa ho suro bɛboa wo ma woakwati sɛ wode nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛyɛ anyame. Ɛnnɛ nnipa pii ama nna mu ɔbrasɛe mpo abɛyɛ onyame. Wubetumi atwe wo ho afi adwene a ɛte saa ho denam nguamansɛm nhoma ne nnwom a ɛmfata a wobɛkwati so. Ɛdefa nnwom ho no, April 15, 1993 Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Nnwom yɛ akyɛde a efi soro. Nanso wɔ nnipa pii fam no, ɛbɛyɛ ade a ɛmfata a wɔde wɔn bere nyinaa hyem. . . . Fa yɛ wo botae sɛ wobɛma nnwom atra n’afa, na Yehowa adwuma ayɛ ade titiriw a wususuw ho. Fa ahwɛyiye yiyi nnwom a wopaw no mu. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi de akyɛde a efi soro no adi dwuma—ɔkwampa so na ɛnyɛ ɔkwammɔne so.”

10 Nya nea ɛnteɛ ho ɔtan korakora. (Dw. 97:10) Sɛ wuhyia sɔhwɛ a ɛbɛma woayɛ bɔne a, susuw sɛnea Yehowa hu asɛm no, ne nea ebefi mu aba no ho: nyinsɛn a wonhwɛ kwan, nna mu nyarewa ahorow, nkate fam basaayɛ, animguase, ne hokwan ahorow a wobɛhwere wɔ asafo no mu. Kwati TV so dwumadi, sini, video, nnwom, anaa nkɔmmɔbɔ ahorow a ɛkamfo amumɔyɛ. Kwati sɛ wone wɔn a Bible no frɛ wɔn “nkwasea” bɛbɔ. (Mmeb. 13:19) Yɛ nyiyim; wone asafo no mufo a wɔdɔ Yehowa ne ne trenee gyinapɛn ahorow no mmɔ kɛse.

11 Yiw, mmofra a wɔpɛ sɛ wɔma Yehowa koma tɔ ne yam ankasa no betie afotu a ɛwɔ Efesofo 5:15, 16 no: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” Dɛn na ɛbɛboa wo ma ‘woahwɛ’ wo nkɔso “yiye” nna a edi akyiri yi mu?

12 Honhom mu Ahiade Ahorow a Wubedi ho Dwuma: Yesu kae wɔ Mateo 5:3 (New World Translation) sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” Wo nso w’ani betumi agye denam wo honhom mu nneɛma a wobɛma ahia wo so. Eyi a wubedi ho dwuma no nso hwehwɛ sɛ wode nsi benya asɛmpaka no mu kyɛfa, efisɛ eyi hyɛ nea yɛresua no mu gyidi a yɛwɔ no den.—Rom. 10:17.

13 Wunim fi w’ankasa wo suahu mu sɛ ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa. Ebia ahotoso a wunni titiriw na ɛma ɛba saa. Enti, ɛho hia sɛ wusi wo bo denneennen. Ɛdenam asɛnka adwuma a wubenya mu kyɛfa daa so no, wubenya ahokokwaw de adi adanse na woanya ahotoso kɛse ma woatumi aka asɛm no.

14 Yɛ nhyehyɛe ne asafo no mu adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw te sɛ daa akwampaefo ne mpanyimfo nkɔ asɛnka. Yi w’asom tie akwan a wɔfa so ka asɛm ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade bere a afoforo mpɛ sɛ wotie asɛm no wɔ afie mu no. Fa Reasoning nhoma no ne nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu no di dwuma yiye. Ɛnkyɛ, wubenya anigye kɛse afi asɛnka adwuma no mu esiane sɛ wode w’ahoɔden nyinaa som Yehowa nti.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

15 Ebinom atumi de hokwan ahorow a wonya adi adanse wɔ sukuu ma wɔatumi anya asuafo pii. (Mat. 28:19, 20) Kristoni abofra bi se: “Minyaa hokwan pii de dii adanse wɔ sukuu bere akyi, titiriw sɛ nnapɔnna du so a. Sɛ migyaw nhoma ahorow a wɔde sua Bible to me pon so sɛnea afoforo behu a, sukuufo pii a wɔn ani gye ho ba me nkyɛn.” Awiei koraa no, sukuufo no pii ne ɔkyerɛkyerɛfo no mpo fii ase baa Kristofo nhyiam horow. Nokwarem no, ɔkyerɛkyerɛfo no anya nkɔso araa ma wahyira ne ho so sɛ Ɔdansefo. Yehowa koma tɔ ne yam kɛse bere a asomfo mmofra te sɛ mo de ayeyi brɛ ne din no.

16 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so adi wo honhom mu ahiade ho dwuma ne kokoam adesua. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛama Yehowa koma atɔ ne yam no, ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ a ɛfa ne ho, n’atirimpɔw ahorow, ne nneɛma a ɔhwehwɛ wɔ yɛn ho ho. So wugye bere de yɛ kokoam adesua. So wusua ade daa sɛnea wunya bere didi daa no? (Yohane 17:3) So w’ankasa wowɔ Bible akenkan ho nhyehyɛe, na afei wobɔ mmɔden sɛ wubedi Bible akenkan ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama Teokrase Ɔsom Sukuu no akyi? So wusiesie wo ho yiye ma nhyiam horow no nyinaa? So wokenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no daa? Nea ehia kɛse no, so wugye bere kenkan ɔfã a wɔato din “Mmofra Bisa Sɛ . . .” no nsɛm a edidi so ba no biara, na wotɔ wo bo ase kenkan kyerɛwsɛm biara? Na mma wo werɛ mfi nhoma a Asafo ti no ahyɛ da ayɛ ama mo honhom mu ahiade ahorow no, Questions Young People Ask—Answers That Work. Kristofo mmofra ne wɔn awofo pii akyerɛw afi wiase afanan nyinaa abɛka sɛnea nhoma no aboa wɔn ma wɔabɛn Yehowa no ho asɛm.

17 Sɛ wokenkan Bible no ne teokrase nhoma ahorow a wɔde sua Bible no a, ɛka Yehowa ankasa, ne nsusuwii ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ wo. Susuw sɛnea saa asɛm no betumi aboa wo no ho. Fa nea wokenkan no toto nea woakenkan dedaw ho. Eyi hwehwɛ sɛ wudwen ho kɔ akyiri. Asɛm no a wubedwennwen ho no bɛma adu wo komam na akanyan wo.—Dw. 77:12.

18 Yɛn ani gye sɛ yebehu sɛ mmofra a wɔn honhom mu nneɛma hia wɔn ba asafo nhyiam horow. Mo a moyɛ Kristofo mmofra no betumi ahyɛ afoforo nkuran denam mmuae a ɛfata a mobɛma wɔ adesua horow ase daa no so. Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no, wobɛma mmuae biako wɔ adesua biara ase. Wone asafo no mu mmofra ne mpanyin nyinaa nnya abusuabɔ pa denam nkɔmmɔ a wone wɔn bɛbɔ ansa na adesua no afi ase anaa wɔ adesua no akyi no so. (Heb. 10:24, 25) Onua kumaa bi kae sɛ n’awofo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔkɔ adesua biara a, anyɛ yiye koraa no ɔne onua anaa onuawa biako a wanyin sen no mmɔ nkɔmmɔ. Mprempren, osuahu a wanya afi bɔ a ɔne asafo no mufo a wɔanyinyin sen no bɔe mu no som bo ma no.

19 Di Honhom Fam Botae Ahorow Akyi: Ɛyɛ awerɛhow sɛ atirimpɔw ne akwankyerɛ nni mmofra pii asetra mu. Nanso, so enye sɛ wubenya nkate a efi teokrase botae ahorow a wɔde si hɔ na wotumi du ho mu ba no? Sɛ wode nimdeɛ a wunya fi ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu no di botae horow yi akyi a, w’ankasa wubenya so mfaso nnɛ na awiei koraa no ɛde wo bɛkɔ daa ogye mu.—Ɔsɛnk. 12:1, 13.

20 Sɛ wode botae bi si w’ani so a, bɔ ho mpae. Wone w’awofo ne mpanyimfo no nsusuw ho. Hwehwɛ wo ho mu hu nea wubetumi ayɛ, na fa botae a ɛfata si hɔ sɛnea ɛne w’ahoɔden behyia na ɛnyɛ sɛ wode wo ho bɛto ɔfoforo ho. Ɛsono sɛnea obiara te—honam, adwene, nkate, ne honhom fam. Enti, nhwɛ kwan sɛ wubetumi ayɛ biribiara a ɔfoforo tumi yɛ.

21 Dɛn ne botae horow bi a wubetumi apere adu ho? Sɛ wunnya mmɛyɛɛ ɔdawurubɔfo anaa wonnya mmɔɔ wo asu a, dɛn nti na womfa eyinom nyɛ wo botae? Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a, wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wode nnɔnhwerew dodow bi bɛyɛ asɛnka adwuma dapɛn biara. Hwɛ ma wo nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn wɔ sankɔhwɛ yɛ mu, na fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ Bible adesua. Sɛ woyɛ sukuuni abofra a woagye asubɔ a, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo ɔboafo wɔ akwamma bere mu? ‘Pii wɔ Awurade adwuma no mu’ a wubetumi ayɛ.—1 Kor. 15:58.

22 Awofo Mmoa ho Hia: Ɛnsɛ sɛ asafo no mu mmofra te nka sɛ wɔyɛ ankonam wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya nkwa no mu da. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de afotu a ɛbɛboa saa mmofra yi ma wɔasisi asetram gyinae ahorow na wɔadi akwanside ahorow so wɔ asetram ma. Nokwarem no, awofo a wɔahyira wɔn ho so wɔ asɛyɛde titiriw sɛ wɔboa wɔn mma ma wosisi gyinae a ɛfata. Wɔ 1 Korintofo 11:3 no, Bible no ka okunu ho asɛm sɛ ofie no ti. Enti, wɔ Kristofo fie no, bere a ɔyere de mmoa a ɛfata ma no, agya no di anim wɔ Onyankopɔn ahyɛde ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ mmofra no mu. (Efe. 6:4) Wɔnam ntetee pa a wɔde ma fi bere a abofra no yɛ akokoaa koraa no so na ɛyɛ eyi. Esiane sɛ abofra amemene kɛseyɛ bu bɔ ho abiɛsa wɔ ne nkwa afe a edi kan mu nti, ɛnsɛ sɛ awofo bu nea wɔn nkokoaa betumi asua no adewa. (2 Tim. 3:15) Bere a mmofra nyin no, ehia sɛ awofo de nkakrankakra kyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa na wɔne no anya abusuabɔ pa.

23 Wɔn a wɔakɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no dedaw no tee ɔkasa a wɔato din sɛ “Yɛ Wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen.” Wɔkaa nsɛm ahorow a ɛboaa awofo ma wohuu akwan a mfaso wɔ so a wobetumi aboa wɔn mma. Nea eye sen biara a ɛsɛ sɛ awofo di kan yɛ ne nhwɛso pa. Eyi bɛboa wo mma no kɛse wɔ honhom fam asen bere pii a wode bɛka nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛ wɔn no. Nea ɛka nhwɛso pa a wobɛyɛ sɛ ɔwofo ho ne sɛ wobɛda honhom aba no adi wɔ fie akyerɛ wo hokafo ne wo mma. (Gal. 5:22, 23) Nnipa pii ahu afi suahu mu sɛ Onyankopɔn honhom tumi nya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa. Ebetumi aboa wo ma woayɛn wo mma adwene ne wɔn koma.

24 Nea wɔkaa ho asɛm bio wɔ nhyiam no ase ne hia a ehia sɛ awofo yɛ nhwɛso pa wɔ kokoam adesuayɛ, nhyiamkɔ, ne asɛnka adwuma a wonya mu kyɛfa daa mu. Sɛ wode anigye ka nokware no ho asɛm wɔ fie, wode nsi di asɛnka adwuma no anim, na woantoto kokoam adesua ase a, ɛbɛhyɛ wo mma nkuran ma wɔanya honhom mu nneɛma ho nokware anigye.

25 Sɛ wosiesie abusua Bible adesua no ɔkwan a ɛho bɛba obiara mfaso so na wɔyɛ no daa a, ebetumi ayɛ anigye bere a abusua hyehyɛ wɔn ho nkuran. Tɔ wo bo ase du wo mma koma mu. (Mmeb. 23:15) Ɛwom sɛ mmusua pii de saa bere no siesie wɔn ho ma dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no de, nanso wɔ bere ne bere mu no, ɛbɛyɛ nkuranhyɛ sɛ wobesusuw abusua no ahiade pɔtee bi ho. Nsemmisa a ɛma obi kyerɛ n’adwene a mubebisabisa ne abusua muni biara mmuae a mubetie no bɛma wɔasua pii na wɔanya ahomeka. Adesua a abusua ti no bɛyɛ ma aba abusua muni biara mfaso no yɛ asɛnnennen ankasa. Nanso hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ obiara benyin wɔ honhom mu! Ɛdenam obiara a mobɛma wanya mu kyɛfa so no, anigye honhom bɛtra mo mu.

26 Ntetee soronko a efi ɔdɔ mu a mode bɛma mo mma no ho hia na agye wɔn nkwa. (Mmeb. 22:6) Sɛ eyi wɔ mo adwene mu a, ɛyɛ mmerɛw sɛ mobɛte ase sɛ eyi betumi ayɛ nkyerɛkyerɛ a ɛho hia sen biara a wobɛyɛ. Ɛnsɛ sɛ wususuw sɛ aka wo nko wɔ adwuma soronko a ɛho hia yi mu da. Sua sɛnea wode wo ho bɛto Yehowa so yiye na wama wo akwankyerɛ ma wode adi w’abusua asɛyɛde ahorow ho dwuma. Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Afoforo nso wɔ hɔ a wobetumi de mmoa pii ama.

27 Nea Afoforo Betumi Ayɛ De Aboa: Mpanyimfo betumi ama mmofra ne wɔn awofo abom anya Ahenni Asa so siesie mu kyɛfa. Monhyɛ mmofra nkuran wɔ asafo adesua horow ase. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔma wɔn Ɔsom Nhyiam dwumadi no hwehwɛ mmofra a wɔama wɔn nsa so wɔ afã a atiefo nya mu kyɛfa no mu. Monhwehwɛ hokwan mma mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa ne wɔn awofo nyɛ ɔyɛkyerɛ. Mubetumi abisabisa ebinom nsɛm ma wɔaka nsɛm ntiantia.

28 Mummu wɔn mmɔdenbɔ no abomfiaa. Mmofra ada wɔn ho adi sɛ wɔsom bo ma asafo no. Wɔn mu pii nam wɔn abrabɔ pa so “ahyehyɛ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ.” (Tito 2:6-10) Monhwɛ nhu sɛ mobɛkamfo mmofra a wonya kyɛfa ketewaa bi mpo no. Eyi hyɛ wɔn nkuran ma wosiesie wɔn ho na wonya ɔpɛ sɛ akyiri yi wɔbɛsan ayɛ saa bio. Anigye a wɔkyerɛ wɔ mmofra ho saa no so mfaso nni ano; ɛsom bo yiye. Mpɛn ahe na wo sɛ́ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo no, woakɔ asafo no mu mmofra bi hɔ akɔkamfo wɔn wɔ ɔkasa a wɔmae anaa ɔyɛkyerɛ bi a wɔyɛe wɔ adesua no ase ho?

29 Akwampaefo, dɛn na mubetumi ayɛ de aboa? Dɛn nti na monhwehwɛ mo bere nhyehyɛe mu nhwɛ ɔkwan a mubetumi afa so de sukuu mmofra aka mo nhyehyɛe a moyɛ ma anwummere ne adapɛn awiei no ho? So woka bere nyinaa ɔsom adwuma a woapaw no ho asɛmpa? So wonam animtew a woda no adi so rekyerɛ sɛ wunya anigye wɔ wo som adwuma no mu? So wotaa kamfo kyerɛ afoforo, titiriw mmofra? Bere a moreyɛ afie afie adwuma no, so woka nsɛm a ɛfata na ɛma denhyɛ? Sɛ ɛte saa a, ɛnde sɛ́ ɔkwampaefo no, wo nso worenya ntetee a ɛho hia sen biara a wɔde ma no mu kyɛfa.

30 Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa ani ba saa adwuma a mfaso wɔ so a wɔnam so tete mmofra yi so kɛse. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe pɔtee bi ne wɔn ayɛ asɛnka adwuma? So wubetumi ne wɔn ayɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ afie afie adwuma no ho ɔyɛkyerɛ? Bere a wone wɔn yɛ asɛnka adwuma no, so wohwehwɛ hokwan de kamfo honhom mu dwumadi a wobenya mu kyɛfa daakye kyerɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara hu sɛ, asɛm tiawa bi mpo betumi akanyan abofra ma wasusuw nneɛma pa a ebetumi ama wanya honhom mu botae horow na ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa abrɛ no ho.

31 Mmofra Betumi Aboa Wɔn Ho: Mmofra, yɛhyɛ mo mu biara nkuran sɛ ɔnkɔ so ntie Yehowa nkyerɛkyerɛ na ɔmpow nea wiase de ma no. Kɔ so sɔ wo ho hwɛ denam w’abrabɔ ne w’ankasa wo nkate a wobɛhwehwɛ mu no so. Esu bɛn na woda no adi wɔ Yehowa ho ne nea ɔhwehwɛ fi wo hɔ wɔ da biara da asetra mu no ho? So woreyɛ nea wubetumi biara de ako atia Satan nsusuwii a ebenya wo so nkɛntɛnso no? (1 Tim. 6:12) Esiane sɛ nnipa nyinaa, titiriw mmofra, fi awosu mu pɛ sɛ wɔn atipɛnfo ani gye wɔn ho nti, so ɛyɛ a eyi ma wudi nnipa dodow akyi kɔyɛ bɔne? (Ex. 23:2) Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ nhyɛso kɛse wɔ hɔ a ebetumi ama obi adi wiase akwan akyi.—Rom. 7:21-23.

32 Egye akokoduru na obi atumi apow wiase nkɛntɛnso, ayɛ ade a ɛne wiasefo atipɛnfo de nhyia, na watie Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ. Tetefo bi tumi yɛɛ saa. Susuw Noa akokoduru ho. Ɔnam ne gyidi ne twe a ɔtwee ne ho fii ne bere so amumɔyɛfo ho no so buu wiase mũ fɔ. (Heb. 11:7) Yere wo ho ko tia nkɛntɛnso bɔne efisɛ mfaso kɛse wɔ saayɛ so. Ɛnsɛ sɛ wusuasua ahufo a wɔyɛ mmerɛw a wodi Satan dɔm akyi no. Sɛ́ anka wobɛyɛ saa mmom no, hwehwɛ wɔn a Yehowa ani sɔ wɔn no fekubɔ. (Fil. 3:17) Wone nnamfo a wone wɔn nyinaa bɛbom atwa akɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu mmɔ. (Fil. 1:27) Ma ɛntra w’adwene mu sɛ ɔkwan biako pɛ na ɛkɔ daa nkwa mu.—Mat. 7:13, 14.

33 Sɛ yɛn ani gye ho sɛ yebehu sɛ mmofra de ayeyi ne nidi brɛ Onyankopɔn a, ɛnde eyi bɛma n’ani agye dɛn ara! Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani gye, bere a ohu sɛ mmofra renya n’atirimpɔw a ɛde anigye pii bɛba a wɔka kyerɛ no mu kyɛfa kɛse no. Wɔyɛ ‘agyapade a efi’ ne hɔ, na nea eye sen biara nkutoo na ɔpɛ sɛ wonya. (Dw. 127:3-5; 128:3-6) Bere a na Kristo Yesu reda n’Agya anigye no bi adi no, onyaa anigye kɛse wɔ mmofra a ɔne wɔn bɔe no mu, na onyaa bere de hyɛɛ wɔn nkuran wɔ Yehowa a na wɔsom no no mu. Ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn. (Marko 9:36, 37; 10:13-16) So yebu yɛn mmofra no sɛnea Yehowa ne Kristo Yesu bu wɔn no ara pɛ? So yɛn mmofra no nim sɛnea Yehowa ne abɔfo no hu wɔn nokwaredi ne nhwɛso pa no? Ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmma Yehowa ani nnye denam honhom mu botae horow a wɔbɛpere adu ho no so. Mmofra, munni botae horow a ɛde nhyira bɛbrɛ mo nnɛ ne daakye akyi!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena