Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Korintofo 11
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Korintofo Mu Nsɛntitiriw

      • Paul ne asomafo ahotefo no (1-15)

      • Amanehunu a Paul faa mu sɛ ɔsomafo (16-33)

2 Korintofo 11:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “Onyankopɔn nnamyɛ.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 2:19; Efe 5:23; Adi 21:2, 9

2 Korintofo 11:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ahotew.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 3:4, 5; Yoh 8:44
  • +1Ti 6:3-5; Heb 13:9; 2Pe 3:17

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    “Onyankopɔn Dɔ,” kr. 192

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2002, kr. 8

    1/1/1987, kr. 20-21

    8/1/1983, kr. 12

    1/1/1980, kr. 16-17

2 Korintofo 11:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:7, 8

2 Korintofo 11:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 11:23

2 Korintofo 11:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 10:10

2 Korintofo 11:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:3; 1Ko 9:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    4/2019, kr. 4

    Di Adanse, kr. 148-150

2 Korintofo 11:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “miwiae.”

  • *

    Anaa “mmoa.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 4:10

2 Korintofo 11:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 4:15, 16
  • +1Te 2:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Di Adanse, kr. 151

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1990, kr. 9

2 Korintofo 11:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:14, 15

2 Korintofo 11:12

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “dibea.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:11, 12

2 Korintofo 11:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:17, 18; 2Pe 2:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    10/8/1984, kr. 31

2 Korintofo 11:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:8; 2Te 2:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/15/2004, kr. 4-5

    3/1/2002, kr. 11

    1/1/1987, kr. 20

    1/1/1980, kr. 16-17

    Nyan!,

    2/8/1985, kr. 8

2 Korintofo 11:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 16:27; Flp 3:18, 19; 2Ti 4:14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Nyan!,

    2/8/1985, kr. 8

2 Korintofo 11:18

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, nnipa fam.

2 Korintofo 11:22

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “aba.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:3
  • +Ro 11:1; Flp 3:4, 5

2 Korintofo 11:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 11:13; 1Ko 15:10
  • +Aso 16:23, 24
  • +Aso 9:15, 16; 2Ko 6:4, 5; 1Pe 2:20, 21

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    10/2021, kr. 25-26

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2000, kr. 26-27

2 Korintofo 11:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 25:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2000, kr. 26-27

2 Korintofo 11:25

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔaka me mpire.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:22
  • +Aso 14:19
  • +Aso 27:41

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2000, kr. 26-27

    6/15/1990, kr. 4, 7-8

2 Korintofo 11:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:3; 23:10
  • +Aso 14:5, 6
  • +Aso 13:50

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2000, kr. 26-27

    9/1/1992, kr. 12

    6/15/1990, kr. 2-3, 15-16

2 Korintofo 11:27

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “medaa adagyaw.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:31
  • +1Ko 4:11
  • +2Ko 6:4, 5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    7/15/2000, kr. 26-27

2 Korintofo 11:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 2:4; Kol 2:1

2 Korintofo 11:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:24, 25

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Kor. 11:2Mr 2:19; Efe 5:23; Adi 21:2, 9
2 Kor. 11:3Ge 3:4, 5; Yoh 8:44
2 Kor. 11:31Ti 6:3-5; Heb 13:9; 2Pe 3:17
2 Kor. 11:4Ga 1:7, 8
2 Kor. 11:52Ko 11:23
2 Kor. 11:62Ko 10:10
2 Kor. 11:7Aso 18:3; 1Ko 9:18
2 Kor. 11:8Flp 4:10
2 Kor. 11:9Flp 4:15, 16
2 Kor. 11:91Te 2:9
2 Kor. 11:101Ko 9:14, 15
2 Kor. 11:121Ko 9:11, 12
2 Kor. 11:13Ro 16:17, 18; 2Pe 2:1
2 Kor. 11:14Ga 1:8; 2Te 2:9
2 Kor. 11:15Mt 16:27; Flp 3:18, 19; 2Ti 4:14
2 Kor. 11:22Aso 22:3
2 Kor. 11:22Ro 11:1; Flp 3:4, 5
2 Kor. 11:23Ro 11:13; 1Ko 15:10
2 Kor. 11:23Aso 16:23, 24
2 Kor. 11:23Aso 9:15, 16; 2Ko 6:4, 5; 1Pe 2:20, 21
2 Kor. 11:24De 25:3
2 Kor. 11:25Aso 16:22
2 Kor. 11:25Aso 14:19
2 Kor. 11:25Aso 27:41
2 Kor. 11:26Aso 20:3; 23:10
2 Kor. 11:26Aso 14:5, 6
2 Kor. 11:26Aso 13:50
2 Kor. 11:27Aso 20:31
2 Kor. 11:271Ko 4:11
2 Kor. 11:272Ko 6:4, 5
2 Kor. 11:282Ko 2:4; Kol 2:1
2 Kor. 11:33Aso 9:24, 25
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Korintofo 11:1-33

Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo

11 Mereyɛ m’ade te sɛ obi a onni adwene, nanso mepɛ sɛ mote me ase. Na ampa ara nso, moate me ase! 2 Na metwe mo ho ninkunu te sɛ Onyankopɔn,* efisɛ mahyɛ bɔ sɛ mede mo bɛma ɔbarima baako aware, na mede mo bɛma Kristo sɛ ɔbaabun a efĩ nkaa no.+ 3 Nanso misuro sɛ ɔkwan bi so no, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew daadaa Hawa no,+ saa ara na mo nso, wɔbɛsɛe mo adwene afi nokwaredi ne kronkronyɛ* a ɛfata Kristo no ho.+ 4 Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforo bi ho asɛm wɔ nea yɛkaa ne ho asɛm no akyi, anaasɛ munya honhom foforo bi wɔ nea munyae no akyi, anaa asɛmpa foforo wɔ nea mugyei no akyi+ a, mugye saa onipa no tom ntɛm so. 5 Na mahu sɛ wɔn a mokyerɛ sɛ wɔyɛ asomafo ahotefo no, biribiara nni hɔ a wɔde kyɛn me.+ 6 Na sɛ m’ano ntewee wɔ ɔkasa mu+ mpo a, nimdeɛ de, mewɔ bi. Nokwasɛm ne sɛ, yɛma muhuu eyi wɔ akwan nyinaa mu ne biribiara mu.

7 Adɛn, meyɛɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma mo so? Anaa meyɛɛ bɔne sɛ mede anigye kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa?+ 8 Asafo afoforo nneɛma na mefomee,* kyerɛ sɛ, migyee nneɛma* fii wɔn hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi asom mo.+ 9 Na bere a mewɔ mo nkyɛn a ehiaa me no, manyɛ obiara so adesoa, efisɛ anuanom a wofi Makedonia bae no maa me nea mihia ma ɛboroo so.+ Yiw, mehwɛe sɛ merenyɛ mo so adesoa wɔ biribiara mu, na mɛkɔ so ayɛ saa ara.+ 10 Bere tenten a Kristo nokware no wɔ me mu de, merennyae m’ahohoahoa yi+ wɔ Akaia nsaase so da. 11 Adɛn ntia? Mennɔ mo nti anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.

12 Na nea mereyɛ no, mɛkɔ so ayɛ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔrepɛ biribi agyina so ne yɛn ayɛ pɛ no rennya nea wobegyina so ahoahoa wɔn ho wɔ nneɛma* a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. 13 Na saa nnipa no yɛ asomafo atorofo, adwumayɛfo nkontompofo a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo asomafo.+ 14 Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Satan mpo kɔ so ara yɛ ne ho sɛ hann bɔfo.+ 15 Enti sɛ n’asomfo nso yɛ wɔn ho sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa. Nanso ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.+

16 Meka bio sɛ: Mma obiara nnsusuw sɛ minni adwene. Sɛ mususuw saa mpo a, mo de, momfa me sɛ obi a onni adwene, sɛnea ɛbɛyɛ a me nso mɛhoahoa me ho kakra. 17 Nea meka no seesei no, ɛnyɛ Awurade na meresuasua no aka, na mmom mereka no te sɛ obi a ogye ne ho di a ɔhoahoa ne ho a onni adwene. 18 Esiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho wɔ ɔhonam mu* nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. 19 Esiane sɛ “munim nyansa” nti, mode anigye gye wɔn a wonni adwene. 20 Nokwasɛm ne sɛ, obiara a ɔde mo yɛ nkoa, obiara a odidi mo ho, obiara a ohwim mo nneɛma, obiara a ɔma ne ho so wɔ mo so, ne obiara a ɔbɔ mo ani so no, mugye no tom.

21 Meka eyi de hyɛ yɛn aniwu, efisɛ ɛte sɛ nea yɛyɛ mmerɛw.

Nanso sɛ ebinom de akokoduru yɛ biribi a, ɛnde mekasa sɛ obi a onni adwene: Me nso meyɛ m’ade akokoduru so. 22 Wɔyɛ Hebrifo anaa? Me nso meyɛ bi.+ Wɔyɛ Israelfo anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo* anaa? Me nso meyɛ bi.+ 23 Wɔyɛ Kristo asomfo anaa? Miyi ano te sɛ ɔbɔdamfo. Meyɛ Kristo somfo kyɛn so: Mayɛ adwumaden pii sen wɔn,+ mada afiase mpɛn pii sen wɔn,+ wɔahwe me mpɛn pii, na me ne owu abɔ mpunimpu mpɛn pii.+ 24 Mpɛn anum na Yudafo bɔɔ me mmaa. Emu biara, ɛkaa baako maa anka wɔbɔɔ me 40,+ 25 wɔde mmaa aboro me*+ mprɛnsa, wɔasiw me abo+ pɛnkoro, matena po so hyɛn mu ama abɔ+ mprɛnsa, madi ɛpo mfinimfini anadwo ne awia; 26 akwantu pii mu, nsubɔnten so asiane mu, akorɔmfo-werɛmfo mu asiane mu, me ara me manfo mu asiane mu,+ amanaman mu asiane mu,+ kurow mu asiane mu,+ wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofo mu asiane mu, 27 adwuma ne ɔbrɛ mu. Mpɛn pii, meda a menna,+ ɔkɔm ne sukɔm dee me,+ mannya aduan anni mpɛn pii,+ awɔw dee me, na mannya ataade anhyɛ.*

28 Nneɛma a ɛbaa me so no da nkyɛn a, nea ɛhyɛ me so da biara da nso wɔ hɔ. Ɛno ne asafo no nyinaa ho adwinnwen.+ 29 Hena na ɔyɛ mmerɛw a menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua a ɛnhyɛ me abufuw?

30 Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, nneɛma a ɛma me mmerɛwyɛ da adi na mede bɛhoahoa me ho. 31 Awurade Yesu Agya ne ne Nyankopɔn, Nea ɔfata ayeyi daa no, onim sɛ ɛnyɛ atoro na meredi. 32 Bere a mewɔ Damasko no, na amrado a ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no rewɛn Damaskofo kurow no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya me akyere me, 33 nanso wɔde me sii kɛntɛn mu faa mfɛnsere bi mu wɔ kurow no fasu ho, na wogyaagyaa me ma misii fam+ guanee, na ne nsa anka me.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena