15 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ! efisɛ ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔayi ama me+ sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman+ ne ahemfo+ ne Israel mma nkyɛn. 16 Na mɛkyerɛ no amanehunu bebree a me din nti ɛsɛ sɛ ɛto no no pefee.”+
4 na mmom ade nyinaa mu, yedi yɛn ho adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo:+ Yemia yɛn ani fa nneɛma pii mu, amanehunu mu, ohia mu, ahokyere mu,+5 ɔhwe mu, afiasenna+ mu, basabasayɛ mu, adwumaden mu, yɛda a yɛnna, ɛtɔ da a yennya aduan nni;+
20 Na sɛ moyɛ bɔne ma wɔboro mo na mode animia gyina mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ Mmom sɛ adepa nti muhu amane na mode animia gyina mu a, ɛno na ɛsɔ Onyankopɔn ani.+
21 Ɛno ara nso ne asetena a wɔfrɛɛ mo baa mu, efisɛ Kristo mpo huu amane maa mo,+ na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.+