Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
1 Wɔ Yehowa nkurɔfo asafo horow a ɛwɔ wiase no fã kɛse no ara mu no, yɛwɔ mmofra pii. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ yehu mmofra a wɔn ani da hɔ wɔ wɔn honhom fam ahiade ho na wɔn ani gye sɛ wɔbɛkɔ asafo nhyiam horow. (Mat. 5:3, 6.) Ɛsɛ sɛ yɛkamfo mmofra a wɔte sɛɛ awofo wɔ ntetee pa a ɛte saa a wɔde rema wɔn mma sɛnea Deuteronomium 6:6, 7 kyerɛ no ho.
2 Nanso, so ɛsɛ sɛ ntetee ne nteɛso a ɛte saa yɛ Bible adesua ne nhyiam horow mu kyɛfa a wonya nkutoo? Anaa so ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ntetee wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu ka ho? Yɛn mu dodow no ara begye atom sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nso nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Ebia wobɛkae Bible mu nhwɛso pa ahorow a ɛfa mmofra a wonyaa ɔsom kronn mu kyɛfa bere a wosusua koraa. Sɛ nhwɛso no, na aberantewa Samuel a ne nã twaa no nufu ara pɛ na ofii asɔrefi som adwuma ase no wɔ hɔ. Yiw, ofii ne kyɛfa wɔ ɔsom kronn mu ase bere a na osua koraa, te sɛ obi a afei na ɔrekofi sukuu ase nnɛ. Mfiase no na n’asɛyɛde ahorow no sua, nanso ɛkɔɔ anim bere a onyinii no. (1 Sam. 3:1, 15) Afei Yefta babea a odii n’agya bɔhyɛ so na ofii ɔsom kronn ase wɔ ntamadan mu hɔ bere a osua no nso wɔ hɔ. (Atem. 11:36-40) Aberantewa Timoteo nyaa din pa sɛ Kristoni aberantewa mmɔdenbɔfo. (Aso. 16:2) Afei nso, Kristoni ɔsɛmpakafo Filipo mmabea baanan no wɔ hɔ, na wɔn nyinaa ‘hyɛɛ nkɔm.’ (Aso. 21:8, 9) Yiw, nhwɛso pa pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛfa mmofra a wɔyɛɛ nsi maa Yehowa na wɔn ani gyei sɛ wobedi ɔsom kronn a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma.
3 Saa na nnɛ nso yehu yɛn mmofra no pii a wɔde nnamyɛ reka asɛmpa no akyerɛ wɔ afie afie. Nokwarem no ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ fɛfɛ no ho. Na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ mpanyimfo nyinaa, titiriw awofo no, ma yɛn ani ku ho sɛ yɛbɛhyɛ yɛn mmofra no nkuran na yɛaboa wɔn ma wɔanya Yehowa som adwuma mu kyɛfa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Tim. 3:1) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
4 Ɛsɛ sɛ wɔtete mmofra fi mmofraase pɛɛ ma wɔka wɔn awofo ho wɔ asɛnka mu. Ɛte sɛ nea awofo binom gyaw wɔn mma wɔ fie bere a wɔkɔ asɛnka. Ebia ebegye bere ne mmɔdenbɔ kakra na wɔde asiesie wɔn mma ne wɔn akɔ de, nanso awofo behu sɛ saa mmɔdenbɔ no fata. Na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ awofo no fã. Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ awofo yɛ na wodi anim wɔ asɛnka adwuma mu no yɛ nea yɛrentumi nsi so dua mma ɛmmoro so. Mmofra no a yɛde wɔn bɛkɔ daa no bɛma wɔanya ntetee a ɛho hia no na ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn ma wonya suban pa na wohu hia a asɛnka adwuma no ho hia bere a wɔrenyin no.
5 Dɛn na ɔwofo, anaa ɔsomfo a wanyin, betumi ayɛ de aboa mmofra a wɔka ne ho? Ade biako ne sɛ, nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran betumi anya nkɛntɛnso pa wɔ mmofra so. Nyansahyɛ pa a wɔde ma wɔ nneyɛe a ɛfata bere a obi wɔ asɛnka mu ho wɔ mfaso, sɛ wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so a. Afei nso, boa adawurubɔfo nkumaa ma wonhu hia a asɛnka adwuma no ho hia na kyerɛ wɔn ɔkwan a wobetumi afa so anya mu kyɛfa. (Mat. 28:19, 20) Wɔn a wosusua koraa no betumi de nsaano kratawa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo kɔ nhyiam bi ase anaa kratawa foforo bi ama. Wobetumi afrɛ nkurɔfo aba Ahenni Asa so, ma ebia wɔakyerɛ beae a yehyiam ne mmere horow a yɛde hyia, na ebia wɔama wɔahu sɛ wobegye wɔn fɛw so.
6 Mmofra pii ani gye nsɛmma nhoma so a wɔnam di adanse ho titiriw. Ɛwom sɛ wosusua, nanso wosua asɛnka tiaa bi a ɛfa nsɛmma nhoma foforo a aba no ho na wɔde ma de gye ntoboa sidi abien. Na wotumi yɛ adwuma pa. Wɔn a wɔanyinyin kakra no fa nsɛm bi a wɔakenkan ma wɔn ani agye ho na wɔka eyinom ho asɛm bere a wɔde nsɛmma nhoma rema no. Saa kwan yi so no, adawurubɔfo nkumaa pii atumi anya wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa.
7 Sɛ adawurubɔfo nkumaa a wotumi kenkan yiye ne mpanyimfo reyɛ adwuma a, momma wɔnkenkan kyerɛw nsɛm ahorow wɔ afie afie. Adawurubɔfo binom a wɔn ani afi ma mmofra no kenkan kɛkɛ, anaasɛ ɛto da bi a, wɔka sɛ abofra no ani gye sɛ obenya adwuma no mu kyɛfa anaasɛ yɛretete no wɔ asɛnka adwuma no mu. Obetumi mpo aka biribi wɔ Bible nkyekyem a ɛwɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a wɔde redi dwuma no mu no ho. Sɛ ɔdawurubɔfo kumaa no anyin sɛnea ɛsɛ ma obetumi afi Kyerɛwsɛm mu atoa nkɔmmɔbɔ no so a, ɛnde na ɛfata sɛ ɔdawurubɔfo a wanyin no kyia ofiewura no, kyerɛ nea enti a wɔaba, na ɔde ɔdawurubɔfo kumaa no kyerɛ, na abofra no de n’asɛnka no ama.
8 Eyinom ne akwan horow a yebetumi afa so aboa yɛn mmofra ma wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Sɛ ɛbɛyɛ wɔn suban sɛ wobenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa a, wɔn ani begye ho kɛse. Eyi yɛ nkɔso a ɛsɛ sɛ wonya de siesie wɔn ho ma ahosohyira ne asubɔ no fã. Mpanyimfo a wɔkyerɛ mmofra a wɔwɔ asafo no mu nyinaa ho anigye no hu sɛ, sɛ wɔde mmoa ma a, mmofra no bɔ mmɔden. Mommoa adawurubɔfo nkumaa no mma wontu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Wohia afotu pa a wɔde maa Timoteo no: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Tim. 2:15.