Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/88 kr. 4
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BERE A MMOFRA BA ƆPON ANO
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 12/88 kr. 4

Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Mmofra

1 Sɛ wohwɛ wo ho hyia wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ahorow ase a, adanse pii abu so sɛ ‘mmerante ne mmabaa, ne mmarimaa’ dɔm kɛse​—yiw, mmofra​—reyi Yehowa ayɛ. (Dw. 148:12) Ɛsɛ sɛ eyi kae yɛn mu biara sɛ yɛbɛma mmofra a yehyia wɔn asɛnka mu no anya hokwan biara de asua Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow ho ade. Yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ na yɛasiesie yɛn ho adi mmofra adanse no betumi ama wɔanya saa hokwan yi. Nokwasɛm ahorow pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho.

2 Yehia mmofra ne sɛnea wobetumi anya ɔdɔ ama Yehowa no ho adwempa. Bible mu nhwɛso ahorow, te sɛ nea ɛfa Samuel, Dawid, ne Timoteo ho no ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔn a wonnyinii betumi ahyira wɔn ho so ama Yehowa a wonnhinhim. (1 Sam. 2:18; Dw. 71:17; 2 Tim. 3:14, 15) Nnɛyi nhwɛso ahorow nso wɔ hɔ.

BERE A MMOFRA BA ƆPON ANO

3 Sɛ abofra ba ɔpon ano a, so wubisa sɛ wo ne awofo no bɛkasa sɛnea ɛte amanne kwan so no? Sɛ awofo no nni fie a, so wokɔ ɔpon a edi hɔ no ano? Saa abofra no nso nkwa som bo. Dɛn nti na wonsakra w’asɛm no na wo ne no nkyɛ asɛmpa no? Wubetumi de asɛntiaa bi a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Paradise bɛyɛ mu anaasɛ nea ɛfa nea ɛbɛba daakye ho no adi dwuma de akanyan anigye. Sɛ nhwɛso no, mmofra pii nim Awurade Mpaebɔ no na wobetumi ate nea saa mpaebɔ no ho mmuaema bɛkyerɛ wɔ wiase tebea horow a asakra ho no ase ntɛm.

4 Sɛ wuredi mmofra adanse a, ɛho hia sɛ wokyerɛ obu ma awofo tumi a wɔwɔ no. Ɛsɛ sɛ woyɛ anifere wɔ nhoma a wode ma mmofra no mu. Ɛde gyina wɔn mfe so no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wubebisa sɛ wɔn awofo ma wɔn kwan ma wɔn ankasa paw nhoma a ɛsɛ sɛ wɔkenkan anaa. Sɛ wɔnne wɔn ho sɛ wobegye nhoma nanso wɔkyerɛ anigye a, di wɔn adanse na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔ hɔ bere a wɔn awofo wɔ fie. Eyi betumi ayɛ nea wubegyina so aboa awofo no nso.

5 Nea ɛka fakaa a yɛbɛyɛ na yɛama yɛn ani ada hɔ no ho ne nea mmofra hia no a yebehu. Yehowa ahyehyɛde no asiesie nhoma ahorow a ɛkanyan akɔnnɔ a nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de wom a wɔayɛ ama mmofra a wɔadi mfe ahorow nyinaa. Mmofra nkumaa ani gye Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse ne Bible Mu Nsɛm nhoma no ho titiriw. Youth ne Abusua nhoma no nyinaa kura nsɛm a ɛho hia a ɛbɛboa wɔn a wɔanyinyin kakra. Na ademude bɛn ara na wobenya wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ahorow no mu sɛɛ yi! Nyan! mu asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . .” ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a edidi so “Yesu Asetra ne ne Som Adwuma” no bɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔde ma mmofra. Mfonini ahorow a wɔde nnuru a ɛyɛ fɛ ayeyɛ a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu nyinaa no betumi akanyan mmofra nsusuwii na ama wɔanya akɔnnɔ sɛ wobehu Onyankopɔn a ɔyɛɛ adebɔ mu anwonwade ahorow no nyinaa no. Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne nhomawa ahorow te sɛ Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase So Daa! no. Enti sɛ wuresiesie wo ho ama asɛnka a, susuw nea sɛ wode kɔ a mmofra ani begye ho no ho.

6 Yehowa atemmu a ɔde bɛba no bɛka obiara a “mmerante ne mmabaa ne mmofra” ka ho. (Hes. 9:6) Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebinom a wɔasom Yehowa mfe pii no gyee nokware no bere a na wonnyinii no boa yɛn ma yehu hia a ɛho hia sɛ yedi mmofra a yehyia wɔn wɔ ɔsom adwuma no mu no adanse no. Yebetumi afi ɔdɔ mu asusuw wɔn ho sɛnea Yesu yɛe no na yɛnam asɛmpa no a yɛne wɔn bɛkyɛ so de nhyira abrɛ wɔn. (Mat. 19:14, 15) Nya adwempa na di mmofra adanse sɛnea ɛfata a anidaso no ne sɛ ebia wɔbɛba abɛyɛ Yehowa ayeyifo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena