Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
1 So woasiesie wo ho sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ mmofra wɔ wo asasesin no mu? Anaasɛ wotwentwɛn wo nan ase wɔ ɔkwan bi so na ebia wutwa w’asɛm no tiaa bere a abofra na ɔwɔ fie no? Onyankopɔn asɛmpa no wɔ hɔ ma nnipa nyinaa, sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔpanyin.
ADWEMPA
2 Mfa no sɛ esiane sɛ onipa a wuhyia no no nyinii nti, ɔyɛ obi a nyamesom ho nsɛm mfa ne ho anaasɛ onnim wiase nsɛm tebea horow no ho hwee. Mmom no, fa hokwan no di dwuma na ka Yehowa bɔhyɛ horow a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm wɔ anigye so. Bu onipa no sɛ obi a obetumi abɛyɛ osuani sɛnea woyɛ bere a obi a wanyin na ɔwɔ fie no. Ampa, adannandi nkyerɛkyerɛ no anya adesuafo nkumaa pii so tumi, na ebia obu kakraa bi na ebinom wɔ ma abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow. Nanso, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ kɔlege adesuafo ho daa no adi sɛ wɔn mu dodow a wɔboro ɔha biara mu 80 gye toom sɛ nyamesom ho hia, na nhwehwɛmu foforo daa no adi sɛ mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii “gye Onyankopɔn anaa amansan nyinaa honhom bi di,” saa na nhwehwɛmu no kae.
3 Mmofra pii dwen daakye ne nea daakye wɔ ma wɔn no ho. Mpɛn pii mmofra wɔ ɔpɛ sɛ wobetie na afei wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ saa asɛm yi ho. Enti sɛ abofra na ɔwɔ fie a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubefi Kyerɛwsɛm mu nkɔmmɔbɔ ase. Nya adwempa na bɔ mmɔden sɛ wubedu ne koma mu. Yɛmpɛ sɛ yebebu yɛn ani agu mmofra pii a wɔwɔ yɛn asasesin mu no honhom mu ahiade so.
4 Yɛn mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a ɛne “So Wɔbɛsɛe Asase wo Nuklea Ɔko Mu?” no ma yenya hokwan fɛfɛ a ɛbɛma mmerante ne mmabaa atie yɛn. Nuklea ɔko ho hu no yɛ paara nnɛ, na mmofra nim nea ɛbɛba, sɛ ɔko a ɛte sɛɛ ba a, no yiye. So yebetumi ahu wɔn adwene wɔ asɛm no ho na yɛafi nkɔmmɔbɔ ase? Ɛbɛyɛ wɔn mu pii nwonwa sɛ wobehu sɛ Bible no de asemmisa a ɛhaw adwene yi ho mmuae a awerɛkyekye pii wom ma.
SIESIE WO HO
5 Siesie wo ho sɛ wubehyia mmofra na siesie asɛm a wɔn ani begye ho. Wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛba mu no, wubenya asɛm biako anaa nea ɛboro saa a mmofra ani begye ho titiriw. Sɛ nhwɛso no, October 22, 1984 Awake! no anim hɔ asɛm ne sɛ, So Bere Resa Ama Wiase Yi? Asɛm bi a ɛne, Mmofra—Daakye Bɛn? no wɔ kratafa 4. November 15, 1984 Watchtower no kratafa 28 kura asɛm bi a ɛne, Mmofra, ‘Nea Mugu No Na Mutwa.’ Mmofra ani gye ho bere nyinaa sɛ wobehu ɔkwan bi a wɔbɛfa so afi yɛn mmere yi mu ɔhaw ahorow no mu, ma enti akyinnye biara nni ho sɛ November 1, 1984 Watchtower no mu nsɛm a ɛfa yɛn mmere a emu yɛ den yi ho no yɛ nea wɔn ani begye ho. Saa ara na wɔn ani begye asɛm a ɛne, So Nyamesom Betumi Agyina Ɔhaw Ahorow No Ano? a ɛwɔ October 16, 1984 de no mu no ho, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye nsɛm ahorow a ɛfa adwemmɔne ho a ɛwɔ November 8, 1984 Awake! mu no ho yiye. Kenkan nsɛm a ɛte sɛɛ a epue bere nyinaa wɔ nsɛmma nhoma no mu no, ɛbɛboa wo ma woasiesie wo ho aka asɛmpa no akyerɛ mmofra a wuhyia wɔn no.
6 Sɛ ɛyɛ nea ebia wubehyia sukuupɔn mu adesuafo wɔ asasesin no mu a, wobɛpɛ sɛ wofa Evolution nhoma anaa Is the Bible Really the Word of God? no. Na Abusua Asetra nhoma no a wobɛfa na wode ama awarefo nkumaa nso ɛ? Mpɛn pii no, ɛrenyɛ nea ɛyɛ den sɛ wobɛfa nhoma nketewa yi bi aka nhoma a yɛde rema mprempren no ho.
7 Ɛdenam adwempa a yebenya, nsɛm a wɔahyɛ da atintim ama mmofra no a yebehu na yɛafa nhoma afoforo a wɔasiesie ma adi wɔn ahiade pɔtee bi ho dwuma no so no, yɛbɛyɛ nnipa a wɔasiesie wɔn ho. Mmofra ɔpepem pii rehwehwɛ ɔhaw ahorow a wohyia no ano aduru ahorow wɔ nokware mu. Pii retie Ahenni ho asɛmpa no. Adesamma nyinaa yiyedi ho asɛm hia yɛn a mfe a wɔadi mfa ho. Enti momma wɔn ho a yedwen wɔ nokware mu no nka yɛn na yensiesie yɛn ho yiye na yɛnka asɛmpa no ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so nkyerɛ mmofra a yehyia wɔn wɔ yɛn asasesin mu no. Ebia yebetumi aboa mmofra binom ma ‘wɔaguan mmeranteberem akɔnnɔ’ a ɛwɔ nhyehyɛe dedaw yi mu no na ‘wɔadi trenee . . . akyi’ esiane daa nkwa nti.—2 Tim. 2:22.