Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/1 kr. 3-4
  • Dɛn na Ɛreyɛ Mmofra?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛreyɛ Mmofra?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyɛ Soronko Dɛn?
  • Henanom na Ɛsɛ sɛ Yɛde Ɛho Asodi To Wɔn So?
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Mmabunbere a Wobɛma Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/1 kr. 3-4

Dɛn na Ɛreyɛ Mmofra?

ASƐMPA ne asɛmmɔne—nea ɛwɔ he na wopɛ sɛ wutie kan? Sɛ wobisa saa asɛm yi a, nnipa pii kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wotie asɛmmɔne kan, a wɔwɔ anidaso sɛ asɛmpa no bɛka wɔn adwene mu.

Sɛ yɛhwehwɛ nea ɛreyɛ mmofra mu a, ɛsɛ sɛ yedi kan susuw wɔn tebea a wɔwom mprempren no ho. Mpanyimfo taa ka sɛ ɛnnɛyi mmofra nte sɛ kan mmerante ne mmabaa. Mmofra nso ani nnye ka a wɔka sɛ wɔn asetra gyinapɛn nte sɛ wɔn a wɔtraa ase wɔ mmere a atwam no ho. Nanso, wɔn a wɔhwɛ nnipa asetra mu nsɛm yiye no gye tom sɛ ɛnnɛyi mmofra yɛ soronko.

Wɔyɛ Soronko Dɛn?

Ɛwom sɛ nnipa dodow no ara te nka sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nya su pa, wogye asɛyɛde tom, na wobu afoforo de, nanso wonnu saa nsusuwii yi ho koraa. Sɛnea nhwehwɛmu bi a atesɛm krataa The Independent a wɔyɛ wɔ London tintimii kyerɛ no, mmofra “renya ‘atuatew honhom foforo’ bi wɔ wiase a wobu no sɛ adi wɔn huammɔ no ho.” Wohuu saa “atuatew honhom foforo” yi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe a wohui sɛ nnɛyi mmofra kakra bi a na wɔpɛ sɛ wobu wɔn ho “anyansafo ne wɔn a wogye asɛyɛde tom” no mu. Yebebu wɔn sɛ “nnipa a wɔn ani yɛ den na wontumi nhu wɔn adwene.”

Sɛ nhwɛso no, wɔ Britain no, nsɛmmɔnedi a wɔbɔɔ ho amanneɛ—a mmofra na wɔyɛɛ emu dodow no ara—bu bɔɔ ho mpɛn du wɔ 1950 ne 1993 ntam. Nnubɔnenom ne asabow nso nyaa nkɔanim saa ara. The Times a wɔyɛ wɔ London ka sɛ, bere koro no ara no, ɛkame ayɛ sɛ “efi Wiase Ko a Ɛto so Abien so” no, wɔahu sɛ “asetram nsɛm ho haw anya nkɔanim kɛse wɔ mmofra mu” wɔ aman a wodi yiye nyinaa mu. Sɛnea David J. Smith, nsɛmmɔnedi ho nimdeɛ ho ɔbenfo kyerɛ no, ɛnyɛ “ohia anaa yiyedi pii na ɛde ɔhaw ahorow yi ba.” Nhwehwɛmu da no adi sɛ nsonsonoe kɛse wɔ mmofra ne mpanyimfo ntam nnɛ.

Ɛnnɛ mmofra ne wɔn a wɔadu mpanyin afe so rehyia ɔhaw ahorow a emu kɔ so yɛ den. Ahokum, nea ɛnyɛ yiye ne nea ɛyɛ yiye ho nsɛm abɛyɛ ade a abu so. Herald a wɔyɛ wɔ Glasgow, Scotland no, bɔ amanneɛ sɛ mmofra a wonnii mfe 12 a wɔyɛ sɛ wobekum wɔn ho no abu abɔ ho abien wɔ nea ennu mfe du mu. Abasamtu ma mmofra a wɔadu mpanyin afe so yɛ saa ara. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Ɛno na ɛde adwenemyare a ɛrenya nkɔanim kɛse wɔ mmofra mu a ɛreyɛ abunkam mmoa biara a wɔde ma wɔn so no ba.”

Henanom na Ɛsɛ sɛ Yɛde Ɛho Asodi To Wɔn So?

Ɛnyɛ den sɛ mpanyimfo de abofra “atuatew” adwene a okura ho asodi bɛto mmerante ne mmabaa so. Nanso, nokwarem no, so nea ɛrekɔ so wɔ mmofra mu nnɛ no ho asodi fã kɛse no ara nna mpanyimfo so? Nsisi, awofo ani a enku wɔn mma ho, nhwɛsofo a mmerante ne mmabaa betumi de wɔn ho ato wɔn so a ebi nni hɔ, yɛ nneɛma a wɔtaa twe adwene si so. Ɔbenfo Sir Michael Rutter, a ɔyɛ Britain Mmofra Adwenemyare Ho Nnuruyɛ Nhwehwɛmu Bagua no panyin ka sɛ: “Adwenemhaw a ɛwɔ ɔmamfo mu no te sɛ nea na ɛwɔ hɔ mfe 30 a abɛsen kɔ no.” Ɔde ka ho sɛ: “Nanso, sɛnea ɛte wɔ mmofra a wɔadu mpanyin afe so ne mmerante ne mmabaa mu no anya nkɔanim kɛse. . . . Akyinnye biara nni ho sɛ abusua mu mpaapaemu ka ho bi; ɛnyɛ awaregyae nko, na mmom ntõtõ ne ntawntawdi a ɛkɔ so wɔ mpanyimfo mu nyinaa ka ho.”

Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ, mmofra “repo amammerɛ.” Dɛn ntia? “Efisɛ wonhu amammerɛ ahorow no so mfaso.” Sɛ nhwɛso no, susuw bɔbeasu ho adwene a ɛresesa no ho hwɛ. Mmabaa pii suasua mmarima su horow a ɛyɛ ntua ne basabasayɛ, na mmerante yɛ wɔn ho sɛ mmea. Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ kan gyinapɛn ahorow ho!

Nanso, dɛn nti na yehu nsakrae atitiriw a ɛte saa nnɛ? Na ɛnnɛyi mmofra ho asɛmpa bɛn na ɛwɔ hɔ? Wɔbɛyɛ dɛn anya daakye a ahotɔ wom? Yɛn asɛm a edi hɔ no ma nsɛmmisa yi ho mmuae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena