Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/97 kr. 7
  • Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Kyerɛkyerɛ Wo Mma ma Wonyi Yehowa Ayɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Tete Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asɛmpakafo
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 6/97 kr. 7

Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No

1 Yɛwɔ mmofra pii a wofi komam pɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn wɔ yɛn asafo ahorow mu. (Ɔsɛnk. 12:1) Wɔka wɔn a Yehowa ato nsa afrɛ wɔn sɛ wommeyi no ayɛ no ho. (Dw. 148:12-14) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ awofo de sɛnea wɔn mma bɛka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ Ahenni asɛnka adwuma mu no ho nkyerɛkyerɛ ka wɔn da biara da ntetee ho.—Deut. 6:6, 7.

2 Tete Mmofra Nkakrankakra: Ɛfata sɛ wɔtete mmofra bere a wosusua koraa no ma wɔka wɔn awofo ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Ansa na mobɛkɔ asɛnka no, siesie wo mma ma wonnya mu kyɛfa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Di kan ma wonhu nea wopɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔpon ano. Mmofra nkumaa koraa betumi de nkratawa ne nsaano nkrataa ama de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Ahenni Asa so. Wobetumi ama mmofra a wonim akenkan yiye akenkan kyerɛw nsɛm wɔ ɔpon ano. Wobetumi aka nsɛm ntiatia de nsɛmma nhoma ama. Bere a wɔn ho kokwaw no, tete wɔn ma wɔmfa Bible nni dwuma wɔ asɛm a wɔka kyerɛ no mu. Mmofra a wɔyɛ adawurubɔfo pii wɔ wɔn nkurɔfo a wɔde nsɛmma nhoma ma wɔn ɔsram biara, na wɔyɛ sankɔhwɛ daa. Ɛyɛ papa sɛ abofra ne ɔpanyin bɛyɛ adwuma sen sɛ ɔne abofra foforo bɛyɛ. Ɔpanyin no betumi akyerɛkyerɛ ofiewura no mu sɛ wɔretete abofra no wɔ ɔsom adwuma no mu.

3 Abeawa kumaa bi srɛɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa no na ama watumi afata sɛ Ahenni dawurubɔfo. Ɛwom sɛ na wadi mfe anum pɛ saa bere no na na onnim akenkan de, nanso na otumi ka Ahenni asɛm no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ apon ano. Ná ɔkyere faako a kyerɛw nsɛm wɔ no gu ne tirim bue, srɛ ofiewura no sɛ ɔnkenkan, na afei wakyerɛkyerɛ mu.

4 Abarimaa bi a wadi mfe anum de nsi yɛɛ asɛnka adwuma no. Ɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfo sukuufo ne n’akyerɛkyerɛfo, na ɛkaa n’adesuakuw no kyerɛkyerɛfo ma ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma no Tra Ase Daa nhoma no bi. Bere a ɔmansin sohwɛfo kɔsraa asafo no nnansa yi ara no, Onyankopɔn Ahenni ho dawurubɔfo kumaa yi too nsa frɛɛ ne Bible asuafo ne ne mfɛfo sukuufo sɛ wommetie baguam ɔkasa no bi. Wɔn mu du bae.

5 Afei nso ɛsɛ sɛ awofo yɛ nhwɛso de kyerɛ mmofra mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe pa anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa. Ehia sɛ awofo yɛ dapɛn dapɛn nhyehyɛe ma ɔsom adwuma no na wodi so, sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no behu dapɛn no mu bere a wɔayi asi hɔ ama asɛnka adwuma no.

6 Sɛ wɔtete mmofra wɔ wɔn mmofraberem ma wonya ɔsom adwuma no ho anigye a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔapere adu ɔsom hokwan akɛse ho daakye, a ebia akwampae adwuma ka ho. (1 Kor. 15:58) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hyɛ mmofra a wɔwɔ yɛn mu no nkuran ma wonya nkɔso pa sɛ Yehowa ayeyifo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena