Kyerɛkyerɛ Wo Mma ma Wonyi Yehowa Ayɛ
1. So mmofra nkumaa betumi ayi Yehowa ayɛ?
1 Dwom 148:12, 13 hyɛ mmarimaa ne mmeawa nkuran sɛ “wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ.” Mmofra pii a wɔyɛɛ saa no ho nhwɛso wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, “Samuel de, ɔsomee [Yehowa, NW] anim; [na] ɔyɛ abofra.” (1 Sam. 2:18) “Abaawa kumaa” bi na ɔka kyerɛɛ Naaman yere sɛ Yehowa diyifo a ɔwɔ Israel no betumi asa Naaman kwata no ama no. (2 Ahe. 5:1-3) Bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ na ɔyɛɛ anwonwade no, “mmarimaa” na wɔteɛteɛm sɛ: “Gye no, yɛsrɛ wo, Dawid Ba!” (Mat. 21:15) Dɛn na awofo betumi ayɛ de akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔayi Yehowa ayɛ?
2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ awofo yɛ nhwɛso pa ma wɔn mma?
2 Nhwɛso: Wɔka kyerɛɛ Israelfo agyanom sɛ wonni kan nnɔ Yehowa na wɔmma ne mmara nsɛm ntra wɔn ankasa komam ansa na wɔde nokware no ahyɛ wɔn mma komam. (Deut. 6:5-9) Sɛ moka ɔsom adwuma no ho asɛmpa, na mode ka mo dapɛn biara nhyehyɛe ho a, ɛbɛma mo mma abu ɔsom adwuma no sɛ ɛho hia na ɛma akomatɔyam.
3. Ɔkwan bɛn so na onuawa bi nyaa nhwɛso a n’awofo yɛe no so mfaso?
3 Onuawa bi de anigye ka sɛ: “Bere a meyɛ abofra no, na asɛnka a yɛkɔ dapɛn awiei biara no ka yɛn abusua nhyehyɛe ho. Ná mitumi hu sɛ m’awofo ani gye asɛnkakɔ ho ankasa. Yenyinii no na yebu asɛnka sɛ biribi a ɛyɛ anigye.” Onuawa yi bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu bere a na wadi mfe ason, na wayɛ bere nyinaa som adwuma no bɛboro mfe 32 ni.
4. Dɛn na mo mma a mobɛkɔ so atete wɔn no hwehwɛ sɛ moyɛ?
4 Monkɔ So Ntete Wɔn: Momfa mo mma nka mo ho nkɔ asɛnka. Ebia wobetumi abɔ ɔpon ano dɔn, de kratawa ama ofiewura no anaasɛ wɔakenkan kyerɛwsɛm bi. Eyi bɛma wɔn anigye ayɛ kɛse na aboa wɔn ma wɔanya ahotoso sɛ wobetumi aka Ahenni asɛm no akyerɛ afoforo. Bere a wɔrenyin no, ɛsɛ sɛ wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse. Enti, mommoa wɔn mma wonnya nkɔso na wonsusuw botae ahorow a wɔde besisi wɔn anim wɔ Onyankopɔn som mu ho.
5. Dɛn na ehia na ama abofra afata sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu?
5 Sɛ mote nka sɛ mo mma no fata sɛ wɔyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu na wɔka sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa pɛ a, monka ho asɛm nkyerɛ mpanyimfo no. Adawurubɔfo a wɔbɛyɛ no bɛma wɔahu asɛyɛde a wɔn ankasa wɔ sɛ woyi Yehowa ayɛ no yiye. Momma ɛntra mo adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ abofra nya nimdeɛ pii te sɛ mpanyimfo a wɔabɔ asu ansa na wɔatumi afata sɛ adawurubɔfo. So wo ba te Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ase? So odi Bible mu abrabɔ pa ho gyinapɛn so? So ɔpɛ sɛ ɔkɔ asɛnka na wohu no sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo? Sɛ saa a, afei mpanyimfo no betumi asi gyinae sɛ ɔfata sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu.—Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, kr. 79-82.
6. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ awofo tete wɔn mma?
6 Mmofra a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔafi wɔn komam ayi Yehowa ayɛ no gye mmɔdenbɔ. Nanso, sɛ awofo hu sɛ wɔn mma renya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛma wonya anigye kɛse. Nea ɛho hia kɛse no, Yehowa ani gye bere a mmofra ka ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ho asɛm no.