Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/92 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛkyerɛ Wo Mma ma Wonyi Yehowa Ayɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Boa Afoforofo Ma Wonnya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Afoforo A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔasom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 11/92 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ Kristofo awofo mma nkumaa betumi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa akodu he ansa na wɔagye wɔn atom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu?

Awofo Kristofo pɛ sɛ wɔn mma nyin yɛ Yehowa nkoa a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ ahofama. (1 Sam. 2:18, 26; Luka 2:40) Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua mu mmofra tumi kyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee de wɔn gyidi a egyina Bible so ho anoyi ma wɔ wɔn mmofraberem pɛɛ. Mmofra nyin wɔ honhom mu ntɛmntɛm bere a wɔne wɔn awofo kɔ asɛnka fi wɔn mmofraase. Nanso sɛ mmofra ani begye asɛnka adwuma no ho, anya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu, na wɔakɔ so anya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, ehia sɛ wɔkanyan wɔn fi komam. Ehia sɛ awofo no de ahwɛyiye tete wɔn. (1 Tim. 4:6; 2 Tim. 2:15) Sɛ awofo no pene so a, adawurubɔfo afoforo a wɔfata betumi aboa wɔ mmere ahorow bi mu.​—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, nkratafa 99-100.

Bere a mmofra a wɔnyɛ basabasa ka wɔn awofo Kristofo ho kɔyɛ afie afie adwuma no, wosua sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no bi. Nanso wɔrennye wɔn ntom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu kosi sɛ wɔn ankasa ho bɛkokwaw kakra. Awofo Kristofo betumi asi faako a abofra bi betumi anya adansedi mu kyɛfa akodu bere a wɔbom yɛ adwuma no ho gyinae. Ɛnsɛ sɛ mmofra a wonnya nnyee wɔn ntoom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no ankasa kɔyɛ nsrahwɛ anaa wɔka mmofra afoforo ho kɔ asɛnka. Awofo betumi asiesie wɔn mma ama asɛnka, na wɔama wɔn kwan ma wɔde wɔn ho ahyem wɔ akwan horow te sɛ ebia kyerɛwsɛm bi a wɔkenkan, kratawa anaa nsɛmma nhoma bi a wɔde ma, anaa nhoma ahorow no mu biako mu mfonini bi a wɔde kyerɛ ofiewura no so. Bere a abofra bi renyin no, ebia obetumi anya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa kɛse.

Sɛ wɔtete mmofra yiye a, wosua sɛnea wɔkyerɛ aniberesɛm a ɔsom adwuma no yɛ ho anisɔ bere a wogye wɔn awofo akwankyerɛ tom, na wɔyɛ wɔn biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ awofo gyaw wɔn mma a wonnya nnyee wɔn ntoom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no wɔ faako a wɔyɛ asɛnka nhyiam, a wɔhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhwɛ wɔn. Awofo a wodwen wɔn mma ho hu asɛyɛde a wɔn ankasa wɔ sɛ wɔhwɛ wɔn mma dwumadi so no. Nokwarem no, ebia adawurubɔfo afoforo a wotumi de ho to wɔn so bɛpɛ sɛ wɔboa wɔ asafo no mu mmofra nkumaa a wɔda nokware anigye adi wɔ Yehowa a wɔsom no wɔ ɔsom adwuma no mu no ntetee mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena