Boa Afoforofo Ma Wonnya Nkɔso
1 Wɔ April 17, 1992, mu no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 11.5 a wɔwɔ wiase nyinaa hyia hyɛɛ Kristo wu Nkae no ho fã. Na wɔdɔɔso sen Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu adawurubɔfo mmɔho abien ne fã. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nnipadɔm a wɔte sɛɛ resen yuu aba “[Yehowa] bepɔw so”! (Mika 4:2) Mprempren nnipa bɛyɛ ɔpepem ason wɔ hɔ a wɔkyerɛ nokware som ho anigye bi, a wonnya mmɛyɛɛ wɔn a wɔkamfo Yehowa wɔ baguam. Nokwarem no, Yesu nsɛm a ese “otwa adwuma no dɔɔso” no kyerɛ biribi kɛse nnɛ sen bere biara!—Mat. 9:37, 38.
2 Wɔ ɔsram a ɛne May mu no, yɛbɛbɔ mmɔden soronko bi de aboa wɔn a wɔfata sɛ wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa nyinaa. Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo, a ne kuw no mu adawurubɔfo afoforo a wɔfata ne akwampaefo boa no bedi dwuma titiriw wɔ eyi mu. Yɛn botae abiɛsa ne sɛ (1) yɛne afoforofo a afe yi wɔbaa baguam ɔkasa titiriw no ne Nkaedi no ase bɛyɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe; (2) yɛbɛhyɛ wɔn a yɛne wɔn sua ade nkuran ma wɔafata abɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu; ne (3) sɛ yɛbɛma yɛn ankasa ho a yɛde hyɛ asɛnka adwuma no mu no anya nkɔanim.
3 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden soronko bi de ma afoforofo a wɔba yɛn adesua no mu biara akwaaba na yɛahu yɛn ho yɛn ho. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ anigyefo yi nkuran ma yɛne wɔn ayɛ ofie Bible adesua daa?
4 Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛyɛɛ Bible adesua 58,590 wɔ Ghana wɔ 1992 ɔsom afe no ɔsram biara mu. Adawurubɔfo betumi ato nsa afrɛ wɔn nhoma adesua sohwɛfo ma waka wɔn ho akɔyɛ wɔn Bible adesua ahorow sɛnea ɛbɛyɛ na wahu asuafo no. (kmTW 5/81 kr. 1) Ebia mprempren Bible asuafo yi mu binom ba adesua ahorow no, na wɔfata sɛ wonya afie afie adwuma no mu kyɛfa. So afoforofo no di bɔnnɔ so adanse daa? So wodu ahwehwɛde a ɛbɛma wɔayɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu sɛnea wɔada no adi wɔ Yɛn Som Adwuma no nkratafa 97-9 no ho? Sɛ saa a, kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi afi afie afie adwuma no ase bere a wɔapene wɔn so sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no mu kyerɛ wɔn.
5 Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn ho yɛn ho nkuran a yɛbɛhyɛ wɔ yɛn Kristofo fekubɔ mu no so. (Heb. 10:24, 25) Sɛ ebinom som adwuma abrɛ ase a, ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo yɛ nhyehyɛe pɔtee de mmoa ne nkuranhyɛ ma wɔn. Ɛtɔ mmere bi a, anigye a yɛde bɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛka yɛn ho akɔ asɛnka nko ara na wohia.
6 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa boa ma May yɛ asɛnka adwuma ɔsram titiriw. Anigye a nhoma adesua sohwɛfo de bedi anim no betumi de nsakrae aba bere a ɔboa ne kuw muni biara ma onya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kosi ase no. Wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam foforo ho nhyehyɛe aka ho. Wobetumi de wɔn adwene asi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no so titiriw, na wobetumi aboa mmofra wɔ akwan pa so. Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ sɛ abusua mũ no nyinaa benya asɛnka mu kyɛfa wɔ May mu. Sɛ yɛn nyinaa yɛ nea yebetumi nyinaa ma Yehowa wɔ otwa bere yi mu a, obehyira yɛn pii.