Ɔsom Nhyiam Ma May
Dapɛn a Efi Ase May 3
Dwom 129
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm, na si emu nsɛm a ebia ani begye ho titiriw wɔ mo asasesin mu so dua. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo baanu, ɔpanyin biako ne abofra biako, nyɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛm tiawa bi a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Ɔwɛn-Aban—Honhom Fam Aduan wɔ Ɛbere a Ɛsɛ Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa sɛnea ehia sɛ wohu ofiewura no anigye na ama wɔasan akɔsra no ho nsɛm ka ho. Nokware anigye ho adanse bi ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ na wakyerɛ n’adwene, ne ho a ɔde hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu, ayamye su, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛkenkan Bible kyerɛw nsɛm no adi w’akyi, ne nsa a ɔbɛto afrɛ wo sɛ san brɛ na monsan mmɔ nkɔmmɔ no.—Hwɛ kmTW 6/90 kr. 4.
20 min: “Fa Nhoma Afoforo Toa Nkratawa no So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa nsɛm a wɔka kyerɛ tiawa a egyina nkyekyem 2-6 mu nyansahyɛ ahorow so ka ho. Ka adaka “Kae sɛ Wode Brochure Ahorow Bedi Dwuma” no mu nsɛm.
Dwom 14 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 10
Dwom 15
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Nkaedi no ho osuahu atitiriw biara kyerɛ. Fa “Mpɔtam Hɔ Hann Kurafo” mu asɛm ka ho sɛ ɔkasa tiawa.
15 min: “Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ma wɔnyɛ sɛnea wofi nkɔmmɔbɔ ase wɔ sankɔhwɛ mu ho ɔyɛkyerɛ biako.
15 min: Asemmisa Afã. Nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo a wasom sɛ akwampaefo boafo ne atiefo bɔ. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ bere ne bere mu nsɛm.
Dwom 39 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 17
Dwom 194
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Kenkan sika akontaabu ne ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm. Kenkan Luka 6:38, na kamfo asafo no wɔ ayamye mu a wofi boa wiase nyinaa adwuma no ne asafo no ahiade ahorow no ho.
20 min: “Boa Afoforofo Ma Wonnya Nkɔso.” Nhoma adesua so ahwɛfo baanu anaa baasa ntam nkɔmmɔbɔ. Bere a moasusuw mu nsɛntitiriw ho awie no, monkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a wɔayɛ na wɔde nyansahyɛ ahorow no adi dwuma wɔ mo hɔnom mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa anigyefo afoforo a wɔbaa Nkaedi no? Sɛ afoforofo pɛ sɛ wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, ahwehwɛde ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wodu ho? Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa ankorankoro a wɔntaa nkɔ asɛnka daa wɔ bere a atwam no mu no? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ yɛn nyinaa nkuran ma yɛanya mu kyɛfa akosi ase wɔ ɔsram biara mu? Ɔkwan bɛn so na adawurubɔfo a wɔyɛ den betumi aboa afoforo?—Rom. 15:1, 2.
15 min: “So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no nkyekyem 1-10 ho.
Dwom 28 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 24
Dwom 180
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Ka kyerɛ ankorankoro ma wɔnka wɔn asɛnka adwuma a wɔtrɛw mu wɔ ɔsram no mu, akwampaefo aboafo a wɔyɛe, Bible adesua afoforo a wofii ase, anaa anigyefo a wɔbaa Nkaedi no a wɔboaa wɔn ho osuahu nkyerɛ.
15 min: “Wɔawo Wɔn Foforo.” Reasoning nhoma, nkratafa 76-80. Adawurubɔfo baanu a wohyia obi wɔ afie afie ɔsom adwuma no mu a obisa sɛ “So wɔawo mo foforo?” ho ɔyɛkyerɛ. Adawurubɔfo fa akwan a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkratafa 79-80 no biako so bua. Akyiri yi, adawurubɔfo de kratafa 78 no nkyekyem 1-3 mu kyerɛw nsɛm mu nsɛm bɔ sankɔhwɛ a wɔbɛyɛ ho nkɔmmɔ.
20 min: “So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no nkyekyem 11-22 ho. Yɛ nhyehyɛe ma ɔkenkanfo pa nkenkan nkyekyem no bi sɛnea ɛfata wɔ nnianim asɛm a ɛkanyan afoforo akyi. Hyɛ wɔn nkuran fa wie.
Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.