Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako
1 Asafo Nhoma Adesua no di dwuma titiriw wɔ nneɛma a yetumi yɛ sɛ asɛmpa no ho asomfo a enya nkɔso no mu. Wɔahyɛ da ama akuw no ayɛ nketewa na ahyɛ anigye ne abusua tebea a yebesua Bible ne Asafo ti no nhoma ahorow no biako wom ho nkuran. Akuw nketewa yi nso ma yenya tebea pa a wɔbɛtete yɛn wom ma yɛatu mpɔn kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Ankorankoro nya nkuranhyɛ na ani ku wɔn ho ntɛmntɛm denam nhoma adesua nhyehyɛe no so. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne adesua sohwɛfo no ayɛ biako akosi ase na yɛanya saa nsiesiei pa yi mu mfaso?
2 Nnamyɛ a Yɛde Benya Asɛnka mu Kyɛfa: Nhoma adesua sohwɛfo no asɛyɛde atitiriw a ɛsen biara no mu biako ne sɛ ɔbɛboa kuw no muni biara ma ɔde nnamyɛ anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa. Yɛn Som Adwuma nhoma no kae yɛn wɔ eyi ho wɔ kratafa 44 sɛ “nnamyɛ ne anigye a ɔde yɛ asɛnka adwuma no daa no bɛda adi wɔ adawurubɔfo no mu.” Ɛtɔ mmere bi a, adesua sohwɛfo no ne n’ankasa abusuafo bɛkɔ asɛnka, nanso n’ani begye nso sɛ ɔne afoforo bɛyɛ ɔsom adwuma no afã horow sɛnea ne nsɛm tebea ma kwan. So wubetumi aboa asɛnka nhyiam horow no daa? Mo nhoma adesua sohwɛfo no ne adawurubɔfo afoforo ani bɛsɔ saa a wobɛyɛ no yiye.
3 Wɔyɛ asɛnka nhyiam horow wɔ mmeae a eye sɛnea ɛbɛyɛ na obiara atumi de nnamyɛ anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Bere a wosusuw hɔnom tebea horow ho no, kuw biara bɛpɛ sɛ wofi ɔsom adwuma no ase ntɛm. Adawurubɔfo ne akwampaefo pii sow aba pa bere a wɔkɔ so yɛ adwuma wɔ bere a awia dumien abɔ akyi wɔ dapɛn no awiei no.
4 So wobɛpɛ sɛ wɔboa wo wɔ ɔsom adwuma no fã bi mu? Ebia mo nhoma adesua sohwɛfo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma kuw no mu ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw ne wo ayɛ adwuma. Wɔ ɔsram no awiei no, hwɛ hu sɛ wode w’asɛnka akontaabu bɛma ntɛm. Nhoma adesua sohwɛfo no ne ɔkyerɛwfo no ani bɛsɔ biako a wo ne wɔn bɛyɛ wɔ ade a ɛho hia yi mu nso.—Fa toto Luka 16:10 ho.
5 Bere a Ɔsom Adwuma Sohwɛfo Bɛsra Kuw No: Ɔsom adwuma sohwɛfo no taa sra nhoma adesua kuw biako ɔsram biara na ama wahyɛ asɛnka adwuma kɛse a ɛsow aba ho nkuran. Tie simma 15 ɔkasa a ɔma wɔ nhoma adesua no awiei no yiye, efisɛ ɛde afotu pɔtee bi a ɛbɛboa kuw no ma wɔanya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no afã horow mu bɛma. Ɔsom adwuma sohwɛfo no wɔ ɔpɛ nso sɛ ɔne nhoma adesua kuw no muni biara bɛyɛ adwuma wɔ dapɛn no awiei. Hwɛ hu sɛ wubenya nsiesiei soronko yi mu kyɛfa, na ama woatumi anya ne suahu ne nea otumi yɛ wɔ asɛnka mu no mu mfaso.
6 Biako a yɛne no bɛyɛ ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔn ho nkokwaw kɛse no ho nhwɛso a yɛbɛyɛ no bɛboa ma anigye ne adamfofa su aba Asafo Nhoma Adesua no mu bere a ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no.’—Gal. 6:10.