Ɔsom Nhyiam Ma March
Dapɛn a Efi Ase March 1
Dwom 171
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow. Ka nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔde bɛma ne asɛnka nhyehyɛe titiriw biara a wɔayɛ ama March 6 dapɔnna no ho asɛm.
20 min: “Agyede no ho Anisɔ a Wobɛkyerɛ.” Ɔkasa a ɔpanyin ma.
15 min: “Nsɛm Tiawa a Etu Mpɔn a Wɔka Kyerɛ.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ho a, yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo kanyan ofiewura bi anigye wɔ Tra Ase Daa nhoma no ho. Ɛsɛ sɛ ofiewura no da anigye adi pefee. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo de kratawa toa nkɔmmɔ a ɔne ofiewura no bɔ no so ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 215 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 8
Dwom 126
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a wobetumi aka ho asɛm akyerɛ ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn yi awiei.
20 min: “Yɛ Bible Adesua Ahorow wɔ Tra Ase Daa Nhoma no Mu.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wiei a, yɛ sɛnea abofra betumi de Tra Ase Daa nhoma no ama na wafi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Ka mo hɔnom osuahu bi a ɛfa mmofra a wɔatumi afi adesua ahorow ase ho asɛm.
15 min: “Yɛntɔn Onyankopɔn Asɛm.” Ɔkasa a ɔhwɛfo guamtrani anaa ɔpanyin foforo ma a egyina December 1, 1992, Ɔwɛn-Aban nkratafa 26-9 so. Kamfo anuanom anigye so wɔ mmoa a wɔde ma Asafo ti no wiase nyinaa adwuma ne mo asafo mu nso de a wonya mu kyɛfa no ho. Wubetumi aka nea asafo no reyɛ de boa Asafo Ahenni Asa Foto no ne adansi nnwuma biara a ebia moreyɛ wɔ mo hɔ mprempren no nso ho asɛm.
Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 15
Dwom 143
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Ka anisɔ a Asafo ti akyerɛ wɔ ntoboa a mode manae ho asɛm, na kamfo asafo no wɔ nokwaredi mu a wofi boa ma mudi mo asafo no ahiade ahorow ho dwuma no ho. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wonnya dapɛn no awiei asɛnka adwuma mu kyɛfa.
20 min: “Monkyerɛkyerɛ . . . Nea Mahyɛ Mo.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔne atiefo de susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ne 5 ho a, fa kyerɛw nsɛm ne nhoma ahorow a ɛfata mo hɔnom tebea horow ho nhwɛso afoforo ma. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi adan nkɔmmɔbɔ a wɔde fi ase no akɔ nkratawa no mu biako so. Munsusuw kratawa no nkyekyem biako anaa abien ho sɛnea bere ma kwan. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wommia wɔn ani mmɔ mmɔden sɛ wobefi Bible adesua afoforo ase
15 min: “Blood,” Reasoning nhoma no nkratafa 72-4. Yɛ sankɔhwɛ a ofiewura bisa nsɛm a wɔakyerɛw no tuntum akɛse no ho ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no de ne mmuae no gyina Reasoning nhoma no mu nsɛm so.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 22
Dwom 150
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako.” Nsemmisa ne mmuae.
20 min: Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm “Nea Nkaedi no Kyerɛ” no ho. Monkenkan kyerɛw nsɛm sɛnea bere ma kwan. Fa April 1984 Yɛn Ahenni Som mu asɛm a wɔato din “Ogye Nsiesiei no ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ” no nkyekyem 3 kosi 5 ka nkɔmmɔbɔ no ho. Afei nso, hwɛ sɛ wode saa asɛm no nkyekyem 8 kosi 10 a ɛka hyia a wohyiam gye wɔn ani wɔ Nkaedi no akyi ho asɛm no bɛka ho.
Dwom 87 ne mpaebɔ a wɔde wie.