Yɛntɔn Onyankopɔn Asɛm
“NA YƐTƆN yɛn asɔre a yɛyɛ no de gye sika.” Saa na obi a anka ɔyɛ “telefon so mpaebɔ sɔfo” a wobisabisaa no nsɛm wɔ America TV so asɛnkafo ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1991 awiei mu no kae.
Saa dwumadi yi twee adwene sii United States TV so asɔre ahorow abiɛsa so. Ɛdaa no adi sɛ saa nsɔre abiɛsa yi nkutoo didi nkurɔfo ho sika dɔla ɔpepem pii afe biara. Wɔkaa “asɔre” biako ho asɛm sɛ “nnɛyi akwan a wɔfa so gyigye ntoboa adwumayɛbea.” Ná wɔn nyinaa ho wɔ amimdi ho nsɛm pii mu. So eyi ma wo ho dwiriw wo?
Wɔrehwehwɛ Nyamesom Mu
Ɛnyɛ TV so asɛnka adwuma no nkutoo na aban ahorow, akuw ahorow a wɔhwɛ ma wɔyɛ nea ɛfata, ne nnipa nyinaa rehwehwɛ wɔn dwumadi mu yiye, na mmom ɔsom ahorow a wɔakyɛ na wɔnyɛ katee mmoroso no nso. Wɔ nsɛm no bi mu no, asɔre agyapade ho nsɛm, amammui mu nsɛm a wɔde asɔre sika di ho dwuma, ne asɔfo a wogye akatua a ɛsõ taamudi asetra no ama nea ɛfata sɛ wɔyɛ ho nsemmisa asɔre.
Kristofo som adwuma ho nkyerɛkyerɛmu a edi mũ a Ɔsomafo Paulo de mae bɛyɛ nea ɛreyɛ adu mfe 2,000 ni no fata nyamesom akannifo binom dɛn? Ɔkyerɛwee sɛ: “Na yɛnte sɛ pii a [wɔtɔn Onyakopɔn asɛm no], na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam [kasa], Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.” (2 Korintofo 2:17) Henanom na nkyerɛkyerɛmu yi fata wɔn nnɛ?
Nea ɛbɛboa wo ma woasusuw nsɛm ho no, ma yɛnhwehwɛ sɛnea Paulo ne n’ahokafo no nyaa sika de yɛɛ wɔn Kristofo ɔsom adwuma no mu yiye. Ɔkwan bɛn so na na ɛyɛ soronko wɔ afoforo a na wɔwɔ hɔ wɔ ne bere so no ho?
Asɛnkafo Akwantufo wɔ Afeha a Edi Kan no Mu
Ná ɛnyɛ Paulo nkutoo na ɔyɛ ɔsɛnkafo kwantufo. Saa bere no na pii tu akwan kɔkyerɛkyerɛ wɔn adwenhorow wɔ nyamesom ne nyansapɛ ho. Bible kyerɛwfo Luka ka “Yudafo akɔmfo a wɔnam kyini no mu binom” ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 19:13) Bere a Yesu Kristo kasa tiaa Farisifo no, ɔde kaa ho sɛ: “Mutwa po ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa biako mo fekuni.” (Mateo 23:15) Na Yesu ankasa yɛ ɔsomfo kwantufo. Ɔtetee n’asomafo ne asuafo no na wɔasuasua no denam asɛm no a wɔbɛka “akɔpem asase ano nohɔ,” na ɛnyɛ wɔ Yudea ne Samaria nkutoo no so.—Asomafo no Nnwuma 1:8.
Yesu akyidifo no hyiaa asɛnkafo a wɔnyɛ Yudafo wɔ wɔn akwantu ahorow mu. Paulo ne Epikurofo ne Stoafo anyansapɛfo dii anobaabae wɔ Atene. (Asomafo no Nnwuma 17:18) Wɔ Roma Ahemman mu nyinaa no, anyansapɛfo a wosi ahosodi ne ahofadi so dua de ahomaso kwan so kasa a wɔde dan afoforo adwene dii dwuma. Isis ne Serapis akyidifo de nnipa a wɔde wɔn ho a wɔne wɔn yɛ pɛ wɔ nyamesom fam ne asetra mu ho bɔhyɛ ahorow trɛw nkɛntɛnso a wɔwɔ wɔ mmea ne nkoa so no mu. Apuei Fam abawo ɔsom horow na ɛmaa Hela ne Roma wiase no ahintasɛm ho ɔsom horow pii no bae. Bɔne mpata ho bɔhyɛ ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobehu ɔsoro ahintasɛm ahorow twetwee nnipa pii ma wɔbɛyɛɛ atoro anyame Demeter, Dionysus, ne Cybele akyidifo.
Wɔyɛɛ Dɛn Tuaa Wɔn ho Aka
Nanso na akwantu gye sika pii. Nnesoa soa, tow ahorow, ne hyɛn mu tra ho ka ahorow akyi no, na akwantufo hia aduan, dabere, nnyina, ntade, ne ayarehwɛ. Asɛnkafo, akyerɛkyerɛfo, anyansapɛfo, ne ahonhonsɛmdifo dii ahiade ahorow yi ho dwuma wɔ akwan atitiriw anum so. (1) Wɔkyerɛɛ ade gyee akatua; (2) wɔyɛɛ fam-fam nnwuma ne nsaanodwuma ahorow; (3) wogyee ahɔhoyɛ ne akyɛde ahorow a wofi ɔpɛ mu de ma; (4) wɔde wɔn ho bɔɔ akyigyinafo adefo ho, mpɛn pii no sɛ akyerɛkyerɛfo; na (5) wɔsrɛɛ ade. Nyansapɛfo ɔsrɛsrɛfo a wagye din yiye Diogenes srɛɛ ade fii ahoni a nkwa nni wɔn mu mpo nkyɛn de siesiee ne ho maa po a ebinom bɛpow no.
Ná Paulo nim asɛnkafo binom a wose wɔyɛ Kristofo asomfo nanso, te sɛ Helafo anyansapɛfo binom no, wɔfaa adefo nnamfo na wogyee ahiafo hɔ ade. Ɔkaa Korinto asafo no anim sɛ: ‘Munya wɔn a wodidi mo ho na wohwim nea mowɔ no ho koma.’ (2 Korintofo 11:20) Yesu Kristo anhwim biribiara, na Paulo ne ne mfɛfo adwumayɛfo no nso anyɛ saa. Nanso na Korinto asɛnkafo adifudepɛfo no yɛ “atoro asomafo, nnaadaa adwumayɛfo,” ne Satan asomfo—2 Korintofo 11:13-15.
Ná kyerɛ a wɔbɛkyerɛ ade agye sika no nka Yesu ahyɛde ahorow a ɔde maa n’asuafo no ho. Ɔde afotu mae sɛ, “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Ɛwom sɛ na asrɛsrɛ abu so saa bere no de, nanso na wobu no animtiaa. Wɔ ne bɛ ahorow no biako mu no, Yesu se ofiehwɛfo bi kae sɛ: “[Adesrɛ] nso yɛ me aniwu.” (Luka 16:3) Enti yenhu wɔ Bible mu nsɛm no biara mu sɛ Yesu nokware akyidifo no resrɛsrɛ sika anaa nneɛma. Wɔde nnyinasosɛm yi dii dwuma: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.”—2 Tesalonikafo 3:10.
Yesu hyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ wɔmfa akwan abien so nni wɔn ahiade ahorow ho dwuma. Nea edi kan no, na wobetumi ‘adidi asɛmpa no ho,’ sɛnea Paulo kaa no no. Ɔkwan bɛn so? Denam ahɔhoyɛ a wofi ɔpɛ mu de ma a wobɛgye so. (1 Korintofo 9:14; Luka 10:7) Nea etia abien no, na wɔn ankasa betumi ahwɛ wɔn ho wɔ honam fam.—Luka 22:36.
Nnyinasosɛm Ahorow a Paulo de Dii Dwuma
Ɔkwan bɛn so na Paulo de nnyinasosɛm ahorow a yɛaka ho asɛm yi dii dwuma? Wiɛ, Luka kyerɛw ɔsomafo no asɛmpatrɛw akwantu a etia abien no ho asɛm sɛ: “Ɛnna yesii hyɛn mu tu fii Troa de mmirika tee baa Samotrake. Na ade kyee no, yɛbaa Neapoli. Na yefi hɔ kɔɔ Filipi a ɛne Makedonia fa hɔ tubrafo kurow titiriw mu. Na yedii kurow yi mu nna kakra.” Wɔn ankasa na wotuaa wɔn akwantu, aduan, ne dabere ho aka horow.—Asomafo no Nnwuma 16:11, 12.
Akyiri yi ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia tiee “nea Paulo ka no. Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtra me fi; na ɔhyɛɛ yɛn.” (Asomafo no Nnwuma 16:13-15) Ebia anyɛ yiye koraa no, na Lidia ahɔhoyɛ ka ho nti na Paulo tumi kyerɛw mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Filipi no sɛ: “Meda me Nyankopɔn ase, nkae a mede mekae mo no nyinaa mu. Nso daa, m’adesrɛ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa, mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti.”—Filipifo 1:3-5.
Luka de nnipa a wogyee Kristofo akwantufo adwumayɛfo yi baa wɔn afie ho nhwɛso ahorow pii ma. (Asomafo no Nnwuma 16:33, 34; 17:7; 21:7, 8, 16; 28:2, 7, 10, 14) Wɔ ne nkrataa a efi honhom mu no mu no, Paulo kaa ahɔhoyɛ ne akyɛde ahorow a ne nsa kae no ho asɛm, na ɔde ho aseda mae. (Romafo 16:23; 2 Korintofo 11:9; Galatifo 4:13, 14; Filipifo 4:15-18) Nanso ɔno anaa n’ahokafo no mu biara anka anaa wɔanyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn akyɛde anaa sika fam mmoa. Yehowa Adansefo betumi aka sɛ wɔda so ara hu saa su pa yi wɔ wɔn ahwɛfo akwantufo mu.
Wɔmmfa Wɔn Ho Nnto Ahɔhoyɛ So
Paulo amfa ne ho anto ahɔhoyɛ so. Ná wasua nsaanodwuma bi a egye ahoɔden ne nnɔnhwerew pii nanso emu akatua ba fam. Bere a ɔsomafo no baa Korinto sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no, “ohuu Yudani bi a ne din de Akwila . . . ne ne yere Priskila. . . na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. Na sɛ ɔne no adwuma yɛ biako nti, ɔtraa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; efisɛ wɔyɛ ntamadanyɛfo.”—Asomafo no Nnwuma 18:1-3.
Akyiri yi wɔ Efeso no, na Paulo da so ara yɛ adwuma denneennen. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:34; 1 Korintofo 4:11, 12 ho.) Ebia ade a na w’aben wɔ ɛho adwumayɛ mu ne Cilicium, ntamadan ntama dennen a wɔde abirekyi nhwi ayɛ a efi ne kurom mpɔtam hɔ no. Yebetumi ayɛ Paulo ho mfonini sɛ ɔte agua so abɔ ne mu ase wɔ n’adwuma pon ho, na otwitwa ntama pam kosi ɔdasum. Esiane sɛ ebetumi aba sɛ ná dede nni adwinnan no mu kɛse ma enti ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkasa bere a wɔreyɛ adwuma nti, ebia Paulo nyaa hokwan dii adwinnan wura no, n’adwumayɛfo, nkoa, adetɔfo, ne nnamfonom adanse.—Fa toto 1 Tesalonikafo 2:9 ho.
Ɔsɛmpatrɛwfo Paulo kwatii sɛ ɔde ne som adwuma no bɛyɛ aguade anaa ɔbɛyɛ biribi akyerɛ sɛ ɔde Onyankopɔn Asɛm no repɛ honam fam nneɛma. Ɔka kyerɛɛ Tesalonikafo no sɛ: “Mo ankasa munim sɛ ɛsɛ sɛ musua yɛn, efisɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu, nanso yɛanni obiara aduan kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdenbɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara: ɛnyɛ sɛ yenni ho kwan, na mmom yɛyɛe sɛ yɛde yɛn ho reyɛ sɛnnahɔ ama mo na moasua yɛn.”—2 Tesalonikafo 3:7-9.
Afeha Aduonu mu Asuafo
Yehowa Adansefo di Paulo nhwɛso fɛfɛ no akyi de besi nnɛ. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo nnye akatua anaa sika pɔtee bi a wɔatwa a wɔde ma wɔn mpo mfi asafo ahorow a wɔsom wɔn no hɔ. Mmom no, wɔhwɛ wɔn mmusua ahorow sɛnea obiara yɛ no ara pɛ, na wɔn mu dodow no ara nam nnwuma a wɔyɛ so yɛ saa. Bere nyinaa asomfo akwampaefo nso ankasa na wɔhwɛ wɔn ho, na pii yɛ nnwuma a ɛbɛma wɔanya nea wohia de adi ahiade atitiriw bi ho dwuma ara pɛ. Afe biara Adansefo binom tu kwan kɔ akyirikyiri mmeae horow a asɛmpa no ntaa nnu hɔ kɔka asɛmpa no a wɔn ankasa na wotua ho ka. Sɛ mmusua a wɔwɔ hɔ no to nsa frɛ wɔn ma wobedidi anaa wɔbɛtra wɔn nkyɛn a, wɔn ani sɔ nanso wɔmfa saa ahɔhoyɛ yi nni dwuma ɔkwammɔne so.
Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ a Yehowa Adansefo yɛ no nyinaa yɛ nea wofi wɔn pɛ mu yɛ, na wonnye wɔn som no ho akatua. Nanso wogye ntoboa kakra a wɔde boa wiase nyinaa asɛnka adwuma no na wɔde mana Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔde di saa atirimpɔw no ho dwuma. (Mateo 24:14) Adansefo no som adwuma no yɛ nea wɔmfa mpɛ sika wɔ ɔkwan biara so. Te sɛ Paulo no, wɔn mu biara betumi aka no nokwarem sɛ: “Mekaa mo Onyankopɔn asɛmpa no kwa.” (2 Korintofo 11:7) Yehowa Adansefo ‘ntɔn Onyankopɔn asɛm no’.
[Adaka wɔ kratafa 27]
SƐNEA EBINOM YI NTOBOA MA AHENNI ASƐNKA ADWUMA NO YƐ
◻ NTOBOA MA ADWUMA NO YƐ WƆ WIASE NYINAA: Pii yi sika bi to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho sɛ: “Ntoboa ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14,” no mu. Ɔsram biara no, asafo ahorow de sika yi mana wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa baa dwumadibea a ɛbɛn wɔn sen biara no.
◻ AKYƐDE AHOROW: Wobetumi de sika ntoboa a wofi ɔpɛ mu de ma no amana Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Colombia Heights, Brooklyn, New York 11201 tee anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ obi aman mu. Wobetumi de agude anaa nneɛma afoforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wɔde krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.
◻ NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE: Wobetumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔahwɛ so akosi sɛ nea ɔde mae no bewu, a wɔyɛ nhyehyɛe wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no.
◻ INSURANCE: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.
◻ SIKA A WƆASIE WƆ SIKAKORABEA: Obi betumi de sika a wɔasie wɔ krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ma Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a, wɔatua ama Asafo ti no, sɛnea ɛne ɛhɔ sikakorabea ahwehwɛde ahorow hyia. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no ammanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.
◻ ADWUMA MU KYƐFA NE SIKA A WƆDE BƆ BOSEA: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaa wɔayɛ ho nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakɔ so atua mfaso a efi mu ba no nkutoo ama nea ɔde mae no.
◻ ADAN ANAA NSASE: Obi betumi de adan anaa nsase ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte nkwa mu no. Ɛsɛ sɛ obi bisa Asafo ti no ansa na ɔde adan ne nsase ama Asafo ti no.
◻ NSAMANSEW NE SIKA A WƆDE SIE MA WƆHWƐ SO: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so samansew so, anaa ɔbɛyɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Wɔtaa tew tow a wotua wɔ sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so. Ɛsɛ sɛ wɔde samansew no anaa sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so no ho krataa no biako mana Asafo ti no.
Sɛ wopɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho nsɛm pii a, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ faako a wowɔ no.
[Adaka wɔ kratafa 29]
NA ƆPƐ SƐ ƆBOA
TIFFANY a wadi mfe dubiako yɛ abeawa a ɔkɔ sukuu wɔ Baton Rouge, Louisiana, U.S.A. Nnansa yi ara, Yehowa Ɔdansefo kumaa yi kyerɛw asɛm bi a eti asɛm ne “Nhomasua wɔ America.” Nea efii mu bae ne sɛ n’awofo a wɔyɛ Adansefo no nsa kaa krataa yi fii sukuu no panyin nkyɛn:
“Sɛ wɔredi America Nhomasua nnawɔtwe no a, wɔkenkan klass biara asɛm a wɔakyerɛw a ɛda nsow biako wɔ akasam afiri no so. Minyaa hokwan de Tiffany asɛm a ɔkyerɛw no dii dwuma anɔpa yi. Nokwarem no, ɔyɛ abeawa a ɔda nsow yiye. N’ani so da fam, ɔwɔ ne ho mu ahotoso, ɔwɔ ɔdom akyɛde ahorow, na wapɔw. Mentaa nhu obi a ɔwɔ klass a ɛto so asia a ɔwɔ su horow yi pii saa. Tiffany yɛ agyapade kɛse ma yɛn sukuu no.”
Tiffany na odii kan wɔ nsɛnkyerɛw akansi no mu. Ɛno akyi no ɔkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no na ɔkae sɛ: “Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work no na ɛma midii kan wɔ akansi no mu. . . . Mede atiri a ɛfa nhomasua ho no dii dwuma . . . Meda mo ase pii sɛ motintimii nhoma a ɛho wɔ mfaso na ɛma denhyɛ yi. Minyaa sika dɔla ason esiane m’asɛm a na eye sen obiara de no nti. Mede dɔla 7 yi a 13 nso ka ho ma ɛyɛ dɔla 20 reyi ntoboa ama wiase nyinaa asɛnka adwuma no. . . . M’anidaso ne sɛ sɛ minyin a, me nso metu me ho ama Betel ɔsom adwuma.”
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Ná ɛtɔ mmere bi a, Paulo yɛ ntamadan de hwɛ ne ho