Mmoa Wɔ Bere A Ɛsɛ Mu
1 Esiane sɛ Yesu dwen asafo no ho ampa nti, ɔde ‘mmoa bɛma bere a ɛsɛ mu bere nyinaa.’ (Heb. 4:16) Ɔnam ‘nnipa mu akyɛde’ so de mmoa a ehia no mu fã kɛse ara ma sɛnea wɔahyɛ bɔ wɔ Efesofo 4:8, 11, 12 no. Saa akyɛde no biako ne ɔsom adwuma sohwɛfo a ɔwɔ asafo biara mu no.
2 Akwan bɛn so na ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi aboa yɛn? Akwan horow pii wɔ hɔ: (1) Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛn nyinaa ahu hia a asɛnka ne asuayɛfo adwuma no ho hia no. (2) Ɔhwɛ hu sɛ wɔnam Asafo Nhoma Adesua akuw no so de nhyehyɛe ne akanni pa ma wɔ asɛnka mu. (3) N’ani gye ho sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔde mmoa a yɛn mu biara hia na ama mpɔn a yetu sɛ asomfo no anya nkɔanim no ma yɛn.
ƆSOM ADWUMA SOHWƐFO NSRAHWƐ AHOROW
3 Wɔ mmoa pa a wɔnam Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe so de ma daa no akyi no, wɔayɛ nsiesiei atitiriw bi ama yɛn na ama ankorankoro biara anya mmoa. Wɔtaa paw ɔsom adwuma sohwɛfo no ma ɔhwɛ Asafo Nhoma Adesua bi so, nanso pɛnkoro wɔ afe no mu no, ogyaw n’ankasa kuw no hɔ, na ɔne nhoma adesua kuw foforo kɔyɛ adwuma dapɛn biako. Ne boafo no si n’ananmu hwɛ kuw no so bere a ɔkɔ no. Odi kan bɔ adesua sohwɛfo no amanneɛ fa ne nsrahwɛ no ho, na ama kuw no atumi ayɛ nhyehyɛe ahorow a ehia no de anya dapɛn no dwumadi no mu mfaso akosi ase.
4 Dapɛn titiriw yi mu no, wɔde simma 45 yɛ nhoma adesua no sɛnea wɔtaa yɛ no no ara. Eyi ma ɔsom adwuma sohwɛfo no nya simma 15 de ma ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a wɔasiesie no sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ yɛn asɛmpaka adwuma no mu. Ehia sɛ adawurubɔfo nyinaa, ne anigyefo afoforofo nso kɔ bi.
5 Esiane sɛ yɛnkɔ Ahenni Asa so, esiane nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so nti, ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛkɔ kuw no adesua afoforo no wɔ dapɛn no mu. Nanso, nhoma adesua no ase nkutoo na ɔbɛma simma 15 ɔkasa. Faako a wɔyɛ nhoma adesua ne adesua afoforo bom anadwo no ara no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wom na amma adesua no nyinaa a ɔsom adwuma sohwɛfo no ɔkasa no nso ka ho, anni ammoro nnɔnhwerew abien.
6 Ɛsɛ sɛ kuw a wakɔsra no mu adawurubɔfo nyinaa yɛ nhyehyɛe de nya asɛnka mu kyɛfa kosi ase .Wɔ nsrahwɛ titiriw yi mu, titiriw no dapɛn awiei no. Faako a ɛfata no, wobetumi ayɛ anwummere adansedi ho nhyehyɛe saa dapɛn no. Ɔsom adwuma sohwɛfo no botae ahorow no mu biako ne sɛ ɔne adawurubɔfo pii bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu sɛnea obetumi. Ebia obetumi ne yɛn mu binom akɔyɛ yɛn sankɔyɛ ne Bible adesua ahorow. Obiara a ɔte nka sɛ ohia mmoa anaasɛ nkuranhyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no betumi akɔ ne nkyɛn akobisa mmoa. Afei nso, yɛnam kuw no asɛnka nhyiam a ɔyɛ saa dapɛn no ase a yɛbɛkɔ no so benya mfaso horow.
7 Ɔsom adwuma sohwɛfo no gye bere ne adesua sohwɛfo no susuw kuw no dwumadi ho. Wɔsan hwehwɛ nhyehyɛe a wɔyɛ ma asɛnka no mu de hwɛ hu sɛ wɔayɛ nneɛma ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan pa a eye ma obiara so. Sɛ ebinom hia mmoa anaa nkuranhyɛ a ɛbɛma wɔanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa a, obetumi akasa akyerɛ wɔn kokoam, na ɔde nyansahyɛ ahorow a efi ayamye mu a ɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkɔso ama. Ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi ayɛ nhyehyɛe ma ɔne adesua sohwɛfo no akɔsra adawurubɔfo a wɔnkɔ asɛnka daa no. Afei nso, obetumi ne adesua sohwɛfo no asan ahwehwɛ saa kuw no Bible adesua nkontaabu mu. Ebia wobetumi ne adawurubɔfo no mu binom akɔyɛ wɔn Bible adesua ahorow, na wɔde honhom mu nkuranhyɛ ama.
8 Wɔ asafo ahorow a wɔwɔ nhoma mu adesua pii mu no, ɔsom adwuma sohwɛfo no rensrasra wɔn mpɛn pii. Asafo ahorow a wɔwɔ Asafo Nhoma Adesua kakraa bi no mu, ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛbɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no ɔbɛsra kuw biara asram asia biara mu. Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebefi yɛn koma mu aboa bere a ɔbɛsra yɛn Asafo Nhoma Adesua kuw no bɛboa yɛn ma mpɔn a yetu wɔ asuafoyɛ adwuma no mu no anya nkɔanim, na yɛanya anigye kɛse wɔ yɛn som adwuma no mu.