Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/91 kr. 8
  • Ɔfã 5: Ɔsom Adwuma Sohwɛfo Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 5: Ɔsom Adwuma Sohwɛfo Nsrahwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa Wɔ Bere A Ɛsɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Yɛn Som Adwuma Sohwɛfo No Ho Mfaso A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 12/91 kr. 8

Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe

Ɔfã 5: Ɔsom Adwuma Sohwɛfo Nsrahwɛ

1 Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ ɔsɛmpakafo ne ɔkyerɛkyerɛfo. Ɔyɛ adwuma titiriw de boa asafo no ma wodi wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnkyerɛkyerɛ wɔ asasesin a wɔde ama wɔn no mu ho dwuma. (Marko 13:10) Sɛ obu n’asɛyɛde aniberesɛm na obiara ne no yɛ biako a, adawurubɔfo no ho bɛkokwaw kɛse wɔ asɛmpa no a wɔbɛka akyerɛ no mu na wɔbɛyɛ wɔn asasesin no mu adwuma fefeefe kɛse.

2 Ɔsom adwuma sohwɛfo no de n’adwene si asɛnka adwuma no a ɔbɛma wɔayɛ no kɛse no so. Ɔnam Asafo Nhoma Adesua no so titiriw na otumi yɛ saa. Wɔtaa ma ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ nhoma adesua so, nanso pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu no, ebia ne boafo no besi n’ananmu bere a ɔkɔsra kuw foforo no.​—kmTW 2/82 nkr. 1, 2.

3 Ahosiesie ma Nsrahwɛ No: Ansa na nsrahwɛ dapɛn yi bedu no, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ kuw no mufo Asafo Mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin no mu. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe na ɔne adesua sohwɛfo no hyia na wɔhwehwɛ kuw no mu adawurubɔfo no dwumadi mu. Adesua sohwɛfo no betumi aka ɔhaw biara a wohyia wɔ asɛnka mu anaasɛ ahiade ahorow a ebia kyerɛwtohɔ nkratasin no nna no adi no ho asɛm akyerɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no. Ɛsɛ sɛ ɔma adesua sohwɛfo no kae sɛ ɔde simma 45 pɛ na ɛbɛyɛ adesua no, na ɔsom adwuma sohwɛfo no anya bere de ama simma 15 ɔsom ɔkasa. Sɛ woyi nsa fi yɛn dwumadi so a, ɛnde yɛde atifi hɔ nhyehyɛe no bedi dwuma yiye. Nanso, sɛ wɔanyi nsa amfi yɛn dwumadi so, na mo asafo no de simma 30 pɛ na ɛyɛ Nhoma Adesua no a, ɛnde bere a mode simma 30 ayɛ adesua no awie no, ɛsɛ sɛ moma ɔsom adwuma sohwɛfo no simma 15 bio na ɔde ma ne kasa no, na ne nyinaa ayɛ simma 45.

4 Ɔkasa a ɔbɛma yi atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma wɔanya ɔsom adwuma no ho anisɔ kɛse. Sɛ adawurubɔfo no hia mmoa wɔ ɔsom adwuma no afa bi mu a, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no de nyansahyɛ pa a ɛbɛma wɔanya nkɔso ma. Ɛsɛ sɛ nsɛm a ɔbɛka no yɛ nea aba wom na ɛma nkuranhyɛ, na wanka nsɛm a ɛmfata anhyɛ obi aniwu anaa ammu n’aba mu. Eyi bɛsɛe atirimpɔw a ɛwɔ ne nsrahwɛ no mu no. Ɛsɛ sɛ ɔkasa a ɔbɛma no hyɛ obiara nkuran ma onya nkɔso.

5 Ɔsom adwuma sohwɛfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa anuanom pii sɛnea ne nhyehyɛe no bɛma kwan. Obetumi adi kan ne kuw no mufo pii ayɛ nhyehyɛe na ɔne wɔn akɔ asɛnka. Sɛ ɔne adawurubɔfo no reyɛ adwuma wɔ afie afie a, obetumi de akwan a wɔbɛfa so ama wɔn nsɛm a wɔka no atu mpɔn ho nyansahyɛ biako anaa abien a ɛbɛboa wɔn ama. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ eyi sɛ ɔkasatia, na mmom ɔpɛ pa a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa wɔn nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa. Obetumi ne adawurubɔfo akɔyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua nso. Sɛ kuw no muni bi hia mmoa a, obetumi akɔsra no wɔ saa dapɛn no mu na waboa no. Ɛno akyi no, obetumi aka nyansahyɛ ahorow a ɔde mae no ho asɛm akyerɛ adesua sohwɛfo no. Obi ho a wodwen anigye so saa no akanyan ebinom a wɔabrɛ wɔn asɛnka adwuma no ase no. Esiane eyi ne nneɛma afoforo a ɛho hia nti, yɛhyɛ ɔsom adwuma so ahwɛfo a esiane nsa a ɛda yɛn dwumadi so nti, ɛte sɛ nea wɔabu wɔn ani agu wɔn asɛyɛde fã yi so no nkuran sɛ womfi ase ntɛm ara.

6 Asɛnka Nhyiam Horow: Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔyɛ saa dapɛn no asɛnka nhyiam. Sɛ nnipa kakraa bi mpo na aba a, ɛsɛ sɛ ofi ase wɔ bere ano. Ɛnsɛ sɛ nhyiam no di boro simma 10 kosi 15. Ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wosusuw daa Asɛm no ho. Ansa na wobefi hɔ akɔ no, ɛsɛ sɛ obiara hu faako a ɔrekɔ ne onii ko a ɔne no bɛyɛ adwuma. (1 Kor.14:33, 40) Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnhyɛ asɛnka no ase ntɛm ara.

7 Nhoma adesua akuw a ɔsom adwuma so hwɛfo no kɔsra wɔn daa no betumi de nhyira ankasa abrɛ asafo no. Sɛ yɛn mu biara boa no bere a wabɛsra yɛn no a, yɛn som adwuma no bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ na atu mpɔn. Afei nso, obenya anigye afi n’adwuma no mu. (Heb. 13:17) Yɛbɛboaboa nnipa a wɔte sɛ nguan ano, na yebenya anigye a ɛne hu a yebehu sɛ yɛadi yɛn ahyɛde sɛ yɛnka asɛm no nkyerɛ wɔn a wobetie nyinaa no ho dwuma.​—Yes. 61:1, 2; Hes. 9:11; Yoh. 17:26.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena