Yɛn Som Adwuma Sohwɛfo No Ho Mfaso A Yebenya
1 So yɛn ani nsɔ ‘akyɛde wɔ nnipa mu’ a wofi ayamye mu de ama Onyankopɔn nkurɔfo asafo horow a ɛwɔ asase so nyinaa wɔ nna a edi akyiri yi amu no anaa? (Efe. 4:8) Nea ɛka akyɛde horow yi ho ne mpanyimfo a honhom kronkron paw wɔn ma wɔhwɛ Onyankopɔn asafo no so no. Wɔpaw mpanyimfo a wɔwɔ asafo biara mu no mu biako sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo. Te sɛ afeha a edi kan no mu no, ‘nnipa a wɔde wɔn ma sɛ akyɛde’ yi hwɛ asafo no dwumadi afã horow so. “Wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw [anaasɛ wɔatete] ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no.”—Efe. 4:11, 12.
2 Yɛn ani betumi agye sɛ wɔahyɛ da apaw anuanom yi mu biako ma wahwɛ asɛnka adwuma no so wɔ asafo no mu. Wɔde ɔsom adwuma ahyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ nyinaa nsa sɛ wɔnyɛ. Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔde ahyɛde ama yɛn sɛ yɛnka “ahenni no ho asɛmpa yi.” (Mat. 24:14) Enti te sɛ afeha a edi kan no mu no, yɛwɔ onua a ne ho akokwaw a wɔahyɛ da de dwumadi ahyɛ ne nsa sɛ ɔmmoa yɛn wɔ “ɔsom adwuma” no mu.
3 Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ eyi? Akwan horow wɔ hɔ? (1) Ɔma yɛn nyinaa kae hia a asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ho hia. (2) Ɔhwɛ sɛ wɔde akwankyerɛ pa wɔ asɛnka adwuma no mu rema wɔ nhoma adesua akuw no mu. (3) N’ani gye sɛ obehu sɛ yɛn mu biara nya mmoa a ohia na yɛn mmɔdenbɔ sɛ asomfo no akɔ anim. Te sɛ afeha a edi kan no mu no, saa ‘nnipa a wɔde wɔn ma sɛ akyɛde’ yi ani kũ yɛn mu biara ho, “akodu sɛ yɛn nyinaa bedii mpanyin afe so a Kristo mayɛ bɛyɛ yɛn ma, na yɛannà so anyɛ mmotafowa.”—Efe. 4:13,14.
4 Ɔkwan bɛn so na odi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma? Nea edi kan no, ɔnyɛ kyerɛwtohɔ ahorow pii. Mmom no, ɔde kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ ɔkyerɛwfo no nkyɛn no di; dwuma, na eyi ma otumi de n’adwene kɔ nnipa a ɔbɛboa wɔn so. Ɛwom sɛ wɔtaa yɛ no nhoma adesua sohwɛfo ma ɔde ne bere no fã kɛse no ara di saa kuw no ho dwuma de, nanso ɔde n’adwene kɔ asafo no asɛnka adwuma no nyinaa so. Sɛ ohu biribi a ɛhaw adwene wɔ asɛnka adwuma no mu, wɔ asafo no mu baabiara anaa wɔ asɛnka adwuma no fã bi mu a, ɔde bɛto mpanyimfo kuw a ɔne wɔn yɛ adwuma no anim. Ɔde n’adwene kɔ asɛnka adwuma nhyehyɛe horow a wɔyɛ wɔ nhoma adesua akuw no mu no so na n’ani ku sɛnea anuanom de wɔn ho hyem no ho. Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo nso, na enti anigye kwan a ɔfa so di nsɛm a ɛfa asɛnka adwuma ho dwuma wɔ ɔsom nhyiam horow ase bere ne bere mu no boa ma asafo no mufo nyinaa nya adwene a ɛfata.
5 Pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu no obefi kuw a ɔno ankasa wɔ mu no mu ne nhoma adesua akuw afoforo no biako akɔyɛ adwuma saa dapɛn no. Saa bere yi mu no ne boafo no bɛhwɛ ne kuw no so na watumi de n’adwene nyinaa akɔ kuw a wakɔsra wɔn no nneɛma a ɛho hia so. Eyi yɛ bere pa a yebetumi anya ne mmoa, sɛ yɛrehyia nsɛm bi a ɛhaw adwene wɔ ɔsom adwuma no mu a. Ɔwɔ hɔ sɛ ɔbɛboa, efisɛ onim sɛ yɛn nyinaa yɛ asomfo te sɛ ɔno ara. Ade a ɛbɛyɛ titiriw wɔ ne nsrahwɛ no mu ne nhoma mu adesua a wɔbɛyɛ no saa dapɛn no mu no. Wobetwa so ayɛ no simma 45 ma ɔsom adwuma sohwɛfo no anya kwan ama ɔkasa a ɛhyɛ nkuran. Saa ɔkasa a egyina Kyerɛwsɛm so yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn.
6 Ɔsom adwuma sohwɛfo no ne nhoma adesua sohwɛfo a ɔwɔ hɔ no renhyɛ da nyɛ nhyiam. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no bisa ɔsom adwuma nhyehyɛe a wɔde redi dwuma no ho asɛm. N’ani begye sɛ obehu sɛnea nhyehyɛe no rekɔ so, na adesua sohwɛfo no ani begye nyansahyɛ biara a ɔde bɛma ho.
7 Wɔ asafo akɛse a wɔwɔ nhoma adesua akuw pii no, ɛbɛkyerɛ sɛ ebia ɔbɛkɔ akɔsra kuw biara pɛnkoro anaa mpɛn abien wɔ afe mu. Baabi a nhoma adesua akuw no nnɔɔso mpo no, ebia asram bi bɛda nsrahwɛ ahorow no ntam. Eyi kyerɛ sɛ yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yenya ne nsrahwɛ no ho mfaso kɛse denam asɛnka adwuma no mu yiye a yɛde yɛn ho bɛhyɛ na yɛanya dapɛn no mu nhoma adesua no mu kyɛfa yiye no so. Ɛdenam asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yɛne no benya, mmuae a yɛbɛma wɔ adesua no mu ne asõ a yɛbɛyɛ atie bere a ɔkasa kyerɛ kuw no so no. yɛn nyinaa bɛma Yehowa ne ne Ba no ahu sɛ yɛn ani sɔ ahwɛfo a wɔde ma yɛn ma wɔadi yɛn anim no. Ɛno bɛma atirimpɔw a enti wɔde ‘nnipa ma sɛ akyɛde’ no ayɛ hɔ, sɛnea Efesofo 4:15 ka no: “Momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.”