April—Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Adwumaden’
1 Nkaedi no mu adapɛn no yɛ bere a ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo dwennwen nneɛma ho. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yedwen nea Kristo wu yɛe ne anidaso a Onyankopɔn nam Yesu mogya a ohwie gui no so de ama yɛn no ho. Sɛ wususuw afe a etwaam no April 19 ho a, dɛn na ɛba w’adwenem? So wubetumi akae nnipa a wuhuu wɔn saa anwummere no? honhom fam tebea pa a na ɛwɔ Nkaedi no ase no? Bible mu nsɛm a mususuw ho anibere so ne mpaebɔ a efi komam no? Ebia wusii gyinae pintinn sɛ wobɛda anisɔ kɛse adi wɔ ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi akyerɛ wo no ho. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a wudwennwen ho saa no nya wo so tumi nnɛ?
2 Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yehowa nkurɔfo ano kɛkɛ na wɔde kyerɛ anisɔ. (Kol. 3:15, 17) Titiriw, April a etwaam no, yɛdaa anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nsiesiei ma nkwagye no adi denam sɛnea yɛyeree yɛn ho wɔ Kristofo som adwuma no mu no so. Akwampaefo aboafo dodow duu 7,117, na na ɛdɔɔso sen mfe abien a atwam no dodow nkɔanim a ɛsen biara no ɔha mu nkyem 80. Mmɔden a wɔne Ahenni adawurubɔfo afoforo nyinaa bɔe no ma yenyaa nnɔnhwerew, sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua dodow nkɔanim a ɛsen biara. Hu a yehui sɛ yefii Bible adesua foforo mpempem pii ase na nnipa afoforo pii baa Nkaedi no maa anigye a yɛwɔ no yɛɛ kɛse!
3 Nokwasɛm ni, nokware a yɛn anidaso no yɛ no kanyan yɛn ma yɛyɛ ade. Ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no ara pɛ: “Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.”—1 Tim. 4:10.
4 Ɔkwan bɛn so na wobɛda gyidi a wowɔ wɔ Yehowa nsiesiei ma nkwa no mu no adi wɔ Nkaedi bere yi mu? April a etwaam no, yenyaa Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a yɛanya wɔ Ghana pɛn no mu nea ɛto so anan. So yebetumi anya nea ɛsen saa dodow no wɔ April yi mu? Yebetumi anya. Nanso ebehia sɛ ɔdawurubɔfo biara a wɔabɔ no asu ne nea wɔmmɔɔ no asu de ne ho hyɛ mu. Wɔn a wɔyɛ foforo a ebia wɔbɛfata no mu pii nso betumi de wɔn ho ahyem. Enti, bere a woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyere wo ho ayɛ adwumaden wɔ April yi mu no, susuw akwan a wubetumi afa so akanyan afoforo, a wɔn a wɔyɛ foforo a wonni osuahu pii ka ho no ho.
5 Boa a Wobɛboa Ebinom Ma Wɔasan Afi Wɔn Dwumadi Ase: Sɛ wunim ebinom a ɔsram biako anaa abien atwam a wɔnkɔɔ asɛnka a, ebia wubetumi ahyɛ wɔn nkuran na woato nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛka wo ho ma moakɔ asɛnka. Sɛ asafo no mufo binom ayɛ mmerɛw a, mpanyimfo no bɛbɔ mmɔden kɛse akɔsra wɔn ahyɛ wɔn nkuran ma wɔafi ase bio wɔ April mu.
6 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so srɛ Yehowa honhom ma ɛhyɛ yɛn den wɔ n’adwuma mu. (Luka 11:13) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya saa honhom no? Kenkan Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no. (2 Tim. 3:16, 17) Ɛsɛ sɛ ‘yetie nea honhom no ka kyerɛ asafo no’ nso denam nhyiam ahorow anum no nyinaa a yɛbɛkɔ no dapɛn biara no so. (Adi. 3:6) Ɛnnɛ ne bere a ɛfata sɛ yɛboa wɔn a wɔntaa nkɔ nhyiam ne asɛnka ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wonya su pa wɔ adesua ho na wɔkɔ nhyiam daa. (Dw. 50:23) Yɛyɛ eyi bere a yɛhwɛ yɛn ankasa nso honhom fam yiyedi yiye no. Nanso, biribi foforo nso ho hia.
7 Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron “ma wɔn a wotie no no.” (Aso. 5:32) Nea ɛka osetie a ɛte saa ho ne sɛ yebetie ahyɛde a ese “yɛnka asɛm nkyerɛ nnipa no, na yenni adanse feefee no.” (Aso. 1:8; 10:42, NW) Enti, bere a ɛyɛ nokware sɛ yehia Onyankopɔn honhom na ahyɛ yɛn den ma yɛaka asɛm no, ɛyɛ nokware nso sɛ bere a yefi ase da no adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani no, ɔkɔ so boa yɛn. Mommma yemmmu hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛma yefi yɛn pɛ mu yɛ osetie no adewa da!
8 Mmofra a Yɛbɛboa Wɔn: Awofo, so moahu adanse a ɛkyerɛ sɛ mo mma pɛ sɛ wɔka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo? So wodi mo akyi kɔ asɛnka? So wɔyɛ nhwɛso pa wɔ wɔn abrabɔ mu? Sɛ saa a, dɛn nti na motwentwɛn mo nan ase? Monkɔ Asafo Ɔsom Boayikuw no mufo biako nkyɛn, na monhwɛ sɛ ebia mo ba no fata sɛ wɔkan no sɛ ɔdawurubɔfo wɔ April yi mu anaa. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 99-100.) Munhu sɛ mo mma betumi aboa ma yɛayi Yehowa ayɛ kɛse wɔ Nkaedi bere yi mu.—Mat. 21:15, 16.
9 Ɛna Kristoni bi a ɔwɔ Georgia, U.S.A. hyɛɛ ne babea kumaa bi nkuran bere nyinaa sɛ ɔnka Yehowa ho asɛm nkyerɛ afoforo. Afe a etwaam no, bere a na abeawa no ne ne maame reyɛ asɛnka adwuma no, ɔde Ahwehwɛde nhomawa no maa ɔbarima bi na ɔde bere tiaa bi kyerɛkyerɛ emu nsɛmti a wɔahyehyɛ no mu kyerɛɛ no. Ɔbarima no bisaa no sɛ: “Woadi mfe ahe?” Ɔkae sɛ: “Ason.” Ɔbarima no ho dwiriw no sɛ ɔka asɛm a ntease wom saa kyerɛ. Na wɔde nokware no akyerɛkyerɛ ɔbarima no, nanso wamfa no aniberesɛm sɛ ɔde bɛyɛ n’asetra kwan. Ankyɛ, wɔne ɔbarima no, ne yere, ne ne babea fii Bible adesua ase.
10 Mmofra pii yɛ adawurubɔfo dedaw, na yɛn ani gye wɔn fekubɔ ho bere a wɔne yɛn yɛ asɛnka adwuma no. Saa mmofra yi betumi akanyan afoforo a wɔne wɔn yɛ tipɛn no na wɔahyɛ wɔn nkuran. Nanso, April yɛ bere a ɛfata nso sɛ mmusua hyɛ wɔn ntam abusuabɔ ne wɔn honhom fam yiyedi mu den denam adwuma a wɔbɛyɛ abom wɔ ɔsom kronn mu no so. Ɛsɛ sɛ mmusua ti di eyi anim.—Mmeb. 24:27.
11 Wɔn a Wɔyɛ Foforo a Yɛbɛboa Wɔn: Na wɔn a wɔyɛ foforo a wo ne wɔn resua Bible no nso ɛ? So wobetumi aboa mmɔden titiriw a yɛbɛbɔ wɔ April yi mu no? Ebia wɔdaa no adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɛka nea wɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo bere a na moresua Nimdeɛ nhoma no ti 2, nkyekyem 22, anaa ti 11, nkyekyem 14 no. Sɛ moreyɛ adu nhoma no awiei a, siesie wo ho sɛ wo ne wɔn besusuw asɛm yi ho pefee bere a musua ti 18, nkyekyem 8 a ɛka eyi no: “Ebia wo ho pere wo sɛ wobɛka nea woresua no akyerɛ w’abusuafo, wo nnamfo, ne afoforo. Nokwarem no, ebia woreyɛ eyi dedaw sɛnea Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo wɔ bɔnnɔ so no. (Luka 10:38, 39; Yohane 4:6-15) Ebia seesei wopɛ sɛ woyɛ pii.” So eyi yɛ nokware wɔ wɔn a wo ne wɔn resua ade no fam?
12 So wo suani no gye Onyankopɔn Asɛm di? So ɔde Bible nnyinasosɛm redi dwuma? Wama n’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn hyia? Ɔkɔ asafo nhyiam horow? Ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa Nyankopɔn? Ɛnde dɛn nti na wonhyɛ no nkuran sɛ ɔne mpanyimfo no nkɔkasa na ama wɔatumi ahu sɛ ebia ɔfata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu na wo ne no ayɛ adwuma wɔ April mu? (Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 97-9.) Wɔ saa kwan yi so no, obetumi afi ase ahu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no bɛboa no wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛsom Yehowa no mu.
13 Ɛwom, asuafo bi nya nkɔso ntɛmntɛm sen afoforo. Enti, pii ne nnipa a mfiase no wɔkyerɛɛ anigye nanso wohia mmoa bio na ama wɔne yɛn abɔ nnamyɛ so no resua nhoma a ɛto so abien ma ɛne akwankyerɛ a wɔde mae wɔ June 2000 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 nkyekyem 5-6 no ahyia. Sɛ ebia ebegye “bere tiaa bi anaasɛ bere tenten” ansa na saa akomapafo yi abɛyɛ Kristo nokware asuafo no, yɛmpa abaw da. (Aso. 26:29, NW) Nanso, sɛ wobetumi aka asram dodow a wo ne saa nnipa no sua ade ho asɛm sɛ ɛyɛ “bere tenten” a, so Nkaedi bere yi bɛyɛ hokwan a eye ma wo suani no sɛ obefi ase ada anisɔ a ɔwɔ ma Kristo agyede no adi kɛse?
14 Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Mu Kyɛfa: Yesua pii fa sɛnea yɛbɛboa wɔn a wɔfata no ma wɔafi asɛnka ase no ho denam sɛnea Yesu tetee afoforo a yɛbɛhwehwɛ mu no so. Wanhwehwɛ nnipadɔm bi kɛkɛ anka ankyerɛ n’asomafo no sɛ womfi ase nkasa. Odii kan sii hia a asɛnka adwuma no ho hia so dua, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mpae, na afei ɔmaa wɔn nneɛma atitiriw abiɛsa: asɛnka mu ahokafo, asasesin a wɔbɛyɛ mu adwuma, ne asɛm a wɔbɛka. (Mat. 9:35-38; 10:5-7; Marko 6:7; Luka 9:2, 6) Wubetumi ayɛ saa ara. Sɛ ebia wobɛboa wo ba, osuani foforo, anaasɛ obi a ommuu akontaa bere kakra ni no a, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobɛbɔ mmɔden paa adi botae a edidi so yi akyi.
15 Si Sɛnea Ehia no So Dua: Ma onipa no nhu pefee sɛ asɛnka adwuma no ho hia. Ka ho asɛm a ɛyɛ anigye. Ka osuahu ahorow a ɛkyerɛ nea asafo no reyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu. Da su a Yesu daa no adi wɔ Mateo 9:36-38 no bi adi. Hyɛ nea ɔrebɛyɛ ɔdawurubɔfo no anaa nea wayɛ mmerɛw no nkuran sɛ ɔmmɔ hyɛ a ɔde ne ho bɛhyɛ ɔsom adwuma no mu ne sɛnea adwuma no bɛsow aba wɔ wiase nyinaa no ho mpae.
16 Ma Onipa no Nnwen Hokwan Pii a Ɛwɔ Hɔ a Ɔde Bedi Adanse no Ho: Ka sɛnea obetumi ne nhoma adesua kuw no ahyiam akɔ afie afie adansedi ho asɛm. Ka abusuafo ne amannifo a ɔbɛka asɛm no akyerɛ wɔn, anaasɛ mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo a ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ awiabere ahomegye mu ho asɛm. Sɛ obi te kar mu retu kwan a, obetumi afi nkɔmmɔbɔ ase denam akwantufo no ho anigye a ɔbɛkyerɛ kɛkɛ no so. Sɛ yefi ase a, ɛtaa bue hokwan ma adansedi a ɛfata. Nokwarem no, mmere pii wɔ hɔ a yebetumi aka yɛn anidaso ho asɛm akyerɛ afoforo “da biara da.”—Dw. 96:2, 3.
17 Nanso, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wo ne ɔdawurubɔfo foforo no bɛyɛ adwuma abom wɔ afie afie ntɛm ara. Sɛ wode botae bi asi w’anim sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu wɔ April mu a, bisa asasesin sohwɛfo no sɛ ebia asasesin bi a ɛfata wɔ hɔ anaa. Sɛ ebi wɔ hɔ a, ɛbɛma woanya hokwan de ayɛ mu adwuma fefeefe. Sɛ nhwɛso no, bere a woapɔn asɛnka anaa worekɔ asafo nhyiam anaa mmeae foforo no, ebia wubehu obi wɔ fie a woanhu obiara anaa obiara ankyerɛ ho anigye wom no mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔ no hɔ bere tiaa bi wɔ bere a ɛfata paa mu. Eyi bɛboa ma woate nka sɛ woatumi ayɛ biribi na woanya anigye wɔ ɔsom adwuma no mu.
18 Siesie Asɛm a Ɛkanyan Anigye: Ɛsono sɛ obi pɛ sɛ onya Ahenni asɛnka no mu kyɛfa, na ɛsono koraa nso sɛ obenya ahotoso wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so aka asɛm no akyerɛ no mu, titiriw sɛ ɔyɛ ɔfoforo anaa ɔnkɔɔ asɛnka bere tenten ni a. Mfaso wɔ so paa sɛ wobɛboa wɔn a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔasiesie wɔn ho. Ɔsom Nhyiam ne asɛnka nhyiam horow betumi ama woanya nsɛm a ɛboa, nanso biribiara nni hɔ a wubetumi de asi ahosiesie a w’ankasa wobɛyɛ ananmu.
19 Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔasiesie wɔn ho ama asɛnka? Fa nsɛmma nhoma a wɔde ma fi ase, na ma ɛnyɛ mmerɛw ne tiawa! Ma wonsusuw nsɛm a asisi a wɔka wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu a ɛhaw asasesin no mufo ho, na afei wɔnhwehwɛ nsɛmma nhoma a aba foforo no biako mu asɛm bi a ɛfa ho. Mommom nyɛ asɛm a mobɛka akyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ nhwɛ, na momfa nni dwuma wɔ asɛnka mu ntɛm ara.
20 Boa Wɔn a Wobetumi Abɛyɛ Asuafo na Ama Yɛanya Nkɔso Daakye: Afe a etwaam no, wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi wɔ wiase nyinaa no dodow boroo ɔpepem 14.8. Ná wɔn a wobu akontaa sɛ adawurubɔfo no bɛyɛ ɔpepem asia ne kakra. Eyi kyerɛ sɛ na nnipa bɛyɛ ɔpepem 8.8 ani gye ho yiye ma enti wɔbaa dwumadi titiriw yi ase, baabi a wɔbɛtee sɛ wɔrekyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no biako mu no. Wohuu yɛn mu binom ankasa na ɛda adi sɛ wɔn ani gyee ho. Wɔn mu pii ka yɛn ho asɛmpa, woyi ntoboa de boa yɛn wiase nyinaa adwuma no, na wogyina yɛn akyi wɔ afoforo anim. Saa kuw kɛse yi kyerɛ sɛ yebetumi anya nkɔso daakye. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn ma wɔanya nkɔso bio?
21 Wɔn a wɔba Nkaedi no mu dodow no ara yɛɛ saa efisɛ yɛn mu bi too nsa frɛɛ wɔn. Eyi taa kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no wonim atiefo no mu biako. Sɛ obi bae esiane sɛ ogyee nsa a yɛto frɛɛ no no so nti a, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛma n’ani aka na yɛaboa no ma wanya dwumadi no so mfaso akosi ase. Esiane sɛ nkyereso bɛba asa no so nti, boa no ma onnya baabi ntra. Fa wo Bible ma no, na kyerɛ no sɛ ɔnhwɛ wo dwom nhoma no mu nto bi. Bua nsɛmmisa biara a ebia ɔwɔ no. Ne ho anigye a wobɛkyerɛ no betumi ayɛ ade titiriw a ɛbɛma n’anigye ayɛ kɛse. Nokwarem no, ɛyɛ yɛn nyinaa asɛyɛde—sɛ sɛ yehu obi a yennim no a, yɛbɛma no akwaaba anigye so, ne no abɔ nkɔmmɔ tiawa na ama yɛahu onii ko a ɔyɛ.
22 Nkaedi no ase ba betumi anya obi nsusuwii so nkɛntɛnso ankasa. Nokwasɛm a ɛne sɛ waba nhyiam no betumi akyerɛ sɛ onhuu nea ɔhwehwɛ wɔ mmeae foforo no na yɛde biribi a ɔte nka sɛ ehia sɛ ɔhwehwɛ mu yiye ma. Agyede a ɛyɛ nwonwa no ho nkyerɛkyerɛmu betumi ama obi a onnim Yehowa dɔ a enni ano no ahu biribi a asete yɛ den mu yiye. Obetumi ahu ntɛm ara sɛ yɛyɛ soronko—yɛyɛ anokwafo, yɛwɔ adamfofa su, yɛwɔ ɔdɔ ne obu. Yɛn asa no nte sɛ nea ebia wahu wɔ asɔre ahorow a wɔde ahoni ne amanne a ntease nnim di dwuma wom no. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no behu sɛ atiefo no yɛ nnipa a wɔn asetra gyinabea gu ahorow na yɛnsrɛsrɛ sika. Eyi a obehu no betumi ahyɛ no nkuran yiye ma wasan aba.
23 Nkaedi no akyi no, ɛsɛ sɛ obi hwɛ hu sɛ ɔbɛboa onipa foforo biara a ɔbae. Sɛ wotoo nsa frɛɛ afoforo a, wowɔ asɛyɛde titiriw bi. Ansa na wobefi hɔ akɔ no, hwɛ hu sɛ wɔahu nhyiam afoforo a moyɛ wɔ Ahenni Asa so hɔ no. Ka baguam ɔkasa a edi hɔ no asɛmti kyerɛ wɔn. Ma wonhu beae ne bere a wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua a ɛbɛn wɔn fie no. Akyiri yi fa Abusua Anigye ne Creator nhoma (nea musua biara) no bi kɔma wɔn, na ma wonhu nea yebesusuw ho wɔ April 30 dapɛn no mu no. Kyerɛ nea enti a asafo no mufo nyinaa reyɛ nhyehyɛe akɔ ɔmansin nhyiam a ɛbɛn mo a wɔbɛyɛ akyiri yi no.
24 Yɛ nhyehyɛe kɔsra wɔn anigye so wɔ wɔn fie. Hwɛ hu sɛ wɔwɔ Ahwehwɛde ne Nimdeɛ nhoma a ɛma wohu Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no bi. Sɛ ɛnyɛ nea wɔresua ade dedaw a, kyerɛ sɛ wo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua. Kyerɛ wɔn sɛ wɔnkenkan Yehowa Adansefo nhomawa a ɛma afoforo hu sɛnea yɛyɛ yɛn ade sɛ ahyehyɛde pefee no. To nsa frɛ wɔn ma wɔmmɛhwɛ yɛn video, te sɛ Our Whole Association of Brothers no bi. Yɛ nhyehyɛe ma wonhyia afoforo wɔ asafo no mu. Wɔ asram a edi hɔ mu no, wo ne wɔn a wɔyɛ afoforo no nni nkitaho; to nsa frɛ wɔn ma wɔmmra asafo nhyiam bere a ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo anaa bere a mowɔ ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw no. Ma wonnya hokwan biara a wɔde bɛda wɔn ho adi sɛ ‘wɔpɛ daa nkwa’!—Aso. 13:48.
25 Nea Mpanyimfo Betumi Ayɛ: Aba a mmɔden kɛse a yɛbɛbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ April yi mu bɛsow no fã kɛse gyina mpanyimfo no so. Sɛ woyɛ nhoma adesua sohwɛfo a, kyerɛw nneɛma a wubetumi ayɛ de aboa obiara wɔ wo nhoma adesua kuw mu na ama wanya dwumadi titiriw yi mu kyɛfa no to hɔ. So wo kuw no mufo bi wɔ hɔ a wɔyɛ mmofra, afoforo, wɔntaa nkɔ asɛnka ne nhyiam anaa wɔayɛ mmerɛw? Hwɛ hu sɛ ebia awofo, akwampaefo anaa adawurubɔfo foforo afi wɔn pɛ mu reboa wɔn. Fa mmoa biara a w’ankasa wubetumi de ama no ma. Onuawa bi a na watoto asɛnka mu bɛyɛ mfe abien no de nnɔnhwerew 50 kɔɔ asɛnka wɔ April a etwaam no mu. Dɛn na ɛma otumi yɛɛ nsakrae no? Ɔkae sɛ sra a mpanyimfo bɛsraa no na ɛhyɛɛ no den.
26 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo de biakoyɛ hwɛ hu sɛ wɔwɔ asasesin a ɛso, nsɛmma nhoma ne nhoma a ɛdɔɔso ma ɔsram a ɛreba no. So mubetumi ayɛ asɛnka nhyiam foforo ho nhyehyɛe aka dedaw no ho? Sɛ saa a, momma wonhu nhyehyɛe titiriw yi. Nea ɛsen ne nyinaa no, monsrɛ Yehowa sɛ onhyira ɔsram a yɛbɛyɛ Ahenni adwuma no kɛse no so wɔ mo baguam ne mo kokoam mpaebɔ mu.—Rom. 15:30, 31; 2 Tes. 3:1.
27 Wɔ April a etwaam no, asafo bi a ɛwɔ North Carolina mu mpanyimfo de nkuranhyɛ mae sɛ wɔnyɛ ɔsom adwuma no kɛse. Wɔ dapɛn biara nhyiam ase no, wɔka kyerɛ adawurubɔfo no sɛ wɔmfa mpaebɔ nsusuw ho nhwɛ sɛ ebia wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo a. Mpanyimfo ne asomfo no nyinaa de hokwan biara a wonyae no kasae anigye so sɛ wɔmma April nyɛ ɔsram a ɛsen biara. Eyi nti, adawurubɔfo no mu ɔha biara mu 58, a mpanyimfo ne asafo mu asomfo nyinaa ka ho, yɛɛ akwampae adwuma wɔ saa ɔsram no mu!
28 Anigye a Emu Kyɛfa Kɛse a Wubenya no Bɛma Woanya: Nhyira horow bɛn na ‘yɛn ho a yɛbɛyere ayɛ adwumaden’ wɔ ɔsom adwuma no mu bɛma yɛanya? (1 Tim. 4:10) Mpanyimfo a yɛaka wɔn ho asɛm no kyerɛw faa nnam a wɔn asafo no de yɛɛ adwuma wɔ April a etwaam no mu ho sɛ: “Anuanom no taa ka sɛnea wɔanya ɔdɔ kɛse na wɔbɛn wɔn ho wɔn ho kɛse fi bere a wofii ase yɛɛ asɛnka adwuma no kɛse no ho asɛm.”
29 Onua kumaa bi a ontumi nnantew yiye pɛe sɛ onya April a etwaam no mu dwumadi titiriw no mu kyɛfa. Ɛdenam nhyehyɛe pa a ɔyɛe ne ne maame ne honhom fam anuanom mmoa so no, otumi yɛɛ adwuma a ɛsow aba wɔ ɔsram no mu sɛ ɔkwampaefo boafo. Ɔtee nka dɛn wɔ adeyɛ no ho? Ɔkae sɛ: “Wɔ bere a edi kan wɔ m’asetra mu no, metee nka te sɛ obi a ɔwɔ ahoɔden ankasa.”
30 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyira wɔn a wobu hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛka n’ahenni ho asɛm no akyerɛ kɛse no pii. (Dw. 145:11, 12) Bere a yɛkae yɛn Awurade wu no, yenim sɛ onyamesom pa so nhyira bɛyɛ bebree mpo daakye. Ɔsomafo Paulo nyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenya daa nkwa akatua no. Nanso, na onim sɛ eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɔtra hɔ kwa na ɔhwɛ kwan. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ me mu tumi so no te.” (Kol. 1:29) Yehowa nam Yesu so maa Paulo nyaa ahoɔden a ɔde bewie ne som adwuma a egye nkwa no, na Obetumi ayɛ saa ara ama yɛn. So ɛno bɛyɛ wo osuahu wɔ April yi mu?
[Kratafa 3 adaka]
Henanom na Wubetumi Ahyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔaka Asɛm no wɔ April Mu?
Wo ba? Wo Bible suani?
Obi a wayɛ mmerɛw?