Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/92 kr. 8
  • Nya Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Nnipa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Nnipa
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmpa No Adi A Wɔda
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 11/92 kr. 8

Nya Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Nnipa

1 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa so wɔ mfaso wɔ nokware aba a wodua wɔ akenkanfo koma ne wɔn adwene mu no mu. Enti, yɛpɛ sɛ yenya akwan a etu mpɔn a yɛbɛfa so de nsɛmma nhoma ahorow yi akɔ nnipa a wobetumi anya emu honhom mu aboɔden abo no mu mfaso no afie mu.

2 Yɛbɛyɛ dɛn atumi akanyan afiewuranom ma wɔagye yɛn nsɛmma nhoma ahorow no akenkan? Pii gyina sɛnea yɛda no adi no so. Nyansahyɛ ahorow a eye kyɛn so a wɔde siesie nnianim nsɛm a etu mpɔn wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15.

3 Sɛ wode October 1 Ɔwɛn-Aban no rema a, wubetumi abɔ mmɔden de nyansahyɛ a ɛto so abiɛsa wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 10-11 asɛmti a ɛne “Current Events” ase no adi dwuma.

Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ:

◼ “Sɛ wubetumi apaw a, anka ɔhaw pii a wiase no rehyia mprempren no mu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ wodi ho dwuma kan?” Tie mmuae a ofiewura no de bɛma no, na gye nea ɛhaw no no tom. Afei wubetumi atoa so aka biribi te sɛ: “Susuw nea Bible no de ma sɛ saa ɔhaw ahorow no ano aduru no ho. [Kenkan Yesaia 9:​6, 7.] Enti adesamma haw ahorow nyinaa ano aduru ankasa gyina Mesia a ɔne Yesu Kristo no nniso a ɛteɛ no so.” Afei bue kratafa 8 na twe adwene si asɛm a eti ne “Mesia No​—Anidaso Ankasa?” no nkyekyem abiɛsa a etwa to no so.

4 Nnianim nsɛm afoforo abien a wubetumi de ɛne October 1 Ɔwɛn-Aban no adi dwuma no wɔ Reasoning nhoma no kratafa 11, wɔ asɛmti “Employment/​Housing” no ase. Wubetumi de w’ankasa nsɛm ada nsɛm ne nsemmisa yi adi, anaa wubetumi atĩ nea wɔaka wɔ Reasoning nhoma no mu kɛkɛ. Bere a woagye onipa no mmuae atom awie no, ka anigyesɛm a wɔaka wɔ kratafa 4 no nkyekyem a edi kan wɔ asɛmti ketewaa “So Ano Aduru Biara Nni Hɔ?” ase no fa toa so. Afei kenkan Yesaia 65:​21-23, na da nhyira horow a Mesia no nniso de bɛba no adi.

5 Sɛ wode October 8 Awake! mu asɛm “You Can Overcome Negative Emotions” redi dwuma a, wubetumi abɔ mmɔden de nnianim asɛm a ɛto so abiɛsa wɔ Reasoning nhoma no kratafa 13 asɛmti “Life/Happiness” ase no adi dwuma. Bere a wode Dwom 1:​1,2 atoa so akyi no, wubetumi atwe adwene asi Awake! no mu asɛm bi a ɛfata so. Sɛ wunni October nsɛmma nhoma ahorow no bi a, wubetumi de September de adi dwuma.

6 Ebia wubehyia afiewuranom a wɔka sɛ wɔwɔ wɔn ankasa nyamesom nhoma. Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ yɛn nso yɛwɔ nhoma ahorow a yɛn ankasa de di dwuma (te sɛ Yɛn Ahenni Som sɛɛ); nanso nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo kenkan yɛn nsɛmma nhoma no. Ɛno akyi no, ka ne kra ho asɛm. Sɛ wankra a, nsɛmma nhoma anaa kratawa bi a wode bɛma no ye.

7 Paulo kae wɔ 1 Korintofo 3:6 sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii.” Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa ma nokware aba no nyin wɔ anigyefo komam a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku aba yi a yebedua no ɔkwan a etu mpɔn so no ho denam nnianim nsɛm a ɛkanyan nnipa a yɛde bedi dwuma no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena