Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/08 kr. 8
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nya Reasoning Nhoma no mu mfaso Horow no Bi
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmpa No Adi A Wɔda
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 12/08 kr. 8

Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?

1. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo ne Yesu kyerɛkyerɛɛ afoforo?

1 Ɔsomafo Paulo bɔɔ mmɔden “susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu.” (Aso. 17:2, 3; 18:19) Ɔnam saayɛ so suasuaa Yesu a na ɔtaa fa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm ka na ɔde mfatoho ahorow di dwuma de boa n’atiefo ma wɔte Onyankopɔn apɛde ase no. (Mat. 12:1-12) Wɔayɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no sɛ ɛmmoa yɛn mma yɛnyɛ saa ara.

2. Yɛbɛyɛ dɛn de Reasoning nhoma no asiesie nnianim nsɛm a etu mpɔn?

2 Siesie Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn: Nnianim nsɛm a ebetumi aboa obi ma wanya Bible mu nimdeɛ pii wɔ Reasoning From the Scriptures nhoma no kratafa 9-15. Sɛ wusua sɛnea wode nnianim nsɛm ahorow bedi dwuma, titiriw sɛ wotaa yɛ asasesin no mu adwuma a, ɛbɛma wadannan wo nsɛm mu wɔ asɛnka mu na aboa wo ma woayɛ fakaa na woatu mpɔn wɔ sɛnea wufi nkɔmmɔbɔ ase mu. Sɛ wuredi adanse wɔ telefon so anaa wode telefon a ɛbɔ ɔdan a wɔabɔ ho ban anim redi obi adanse a, wubetumi akenkan nnianim nsɛm no afi nhoma no mu tẽẽ.

3. Nsɛm bɛn na ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 16-24 a ɛbɛboa yɛn wɔ asɛnka mu?

3 Sɛnea Yebebua Wɔn a Wɔmpɛ sɛ Wotie Asɛm No: Hwɛ kwan sɛ ebia ebinom rempɛ sɛ wotie asɛm no wɔ w’asasesin mu, na gye bere kakra fa hwɛ kratafa 16-21 na hu sɛnea wubetumi abua nnipa a wɔte saa no ansa na woakɔ asɛnka. So ebetumi aba sɛ afiewuranom binom yɛ Buddhafo, Hindufo, Yudafo, ne Nkramofo? Sɛ ɛte saa a, nsɛm a ɛwɔ kratafa 21-24 no bɛboa wo.

4. Sɛ obi bisa asɛm anaa ɔkɔfa asɛm bi a ebetumi de akyinnyegye aba ba a, yɛbɛyɛ dɛn de Reasoning nhoma no adi dwuma?

4 Sɛnea Wubebua Nsɛmmisa: Sɛ obi bisa asɛm anaa ɔkɔfa asɛm bi a ebetumi de akyinnyegye aba ba a, Reasoning nhoma no betumi aboa yɛn wɔ eyi nso mu. Wubetumi aka akyerɛ onii no sɛ wopɛ sɛ wode biribi a ɛyɛ anigye kyerɛ no wɔ asɛm a wabisa no ho, na afei yi wo Reasoning nhoma no. Esiane sɛ wɔahyehyɛ nsɛm no nnidiso nnidiso nti, bue kɔ asɛmti a wususuw sɛ ɛka n’asɛmmisa no ho asɛm. Afei, fa w’ani fa nsɛmmisa a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw no mu. Sɛ woanhu nea worehwehwɛ no ntɛm a, dan kɔ nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ nhoma no akyi no so. Sɛ wunya hu nea worehwehwɛ a, kenkan fi nhoma no mu tẽẽ. Sɛ moresusuw kyerɛwsɛm pɔtee bi ho a, ebia wubehu nea worehwehwɛ no wɔ kratafa 445 wɔ asɛmti “Scriptures Often Misapplied” ase.

5. Mfaso afoforo bɛn na ɛwɔ Reasoning nhoma no so?

5 Dwuma Afoforo a Edi: Ebinom de Reasoning nhoma no bi akɔto adwuma mu anaa sukuu mu na aboa wɔn ma wɔabua nsɛmmisa te sɛ: ‘Dɛn nti na munni afahyɛ ahorow?’ Nsɛm a ɛwɔ nsɛmti “Creation” ne “Evolution” ase no aboa mmabun pii ma wɔasiesie wɔn sukuu dwumadi ahorow. So worekɔsra obi a ɔyare anaa obi a ne dɔfo awu? Nsɛm a ɔwɔ “Encouragement” ase no betumi aboa wo ma wode Kyerɛwnsɛm no akyekye onii no werɛ. Nsɛm afoforo nso wɔ Reasoning nhoma no mu a ebetumi aboa wɔn a wɔresiesie ɔkasa ne wɔn a wɔrekɔyɛ asɛnka nhyiam.

6. Botae bɛn na yɛde ka asɛm no?

6 Sɛ yɛreka asɛm no a, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛne afoforo begye akyinnye ma wɔahu sɛ yɛn asɛm na ɛyɛ nokware; saa ara nso na ɛnyɛ sɛ yɛreka asɛm akyerɛ wɔn ara kwa. Mmom no, yɛpɛ sɛ yɛde ahokokwaw ne wɔn susuw nsɛm ho fi Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ yɛde Reasoning nhoma no di dwuma yiye a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛrema yɛn ani aba yɛn nkyerɛkyerɛ so.—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena