Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/86 kr. 4
  • Asɛmpa No Adi A Wɔda

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa No Adi A Wɔda
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asasesin a Wɔtaa Yɛ mu Adwuma mu Adwumayɛ
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 4/86 kr. 4

Asɛmpa No Adi A Wɔda

1 So wuhu sɛ asɛm a edi kan a wobɛka wɔ afi mu no taa yɛ asɛmpa a woka no fã a ɛyɛ den ɛse? anso hwɛ yɛn ho a ɛpere yɛn sɛ yɛbɛma nkurɔfo ate Bible mu asɛm a ɛma nkwa no! (Yoh. 17:3; 1 Tim. 4:16) Sɛ yɛbɛyɛ eyi a, ɛho hia sɛ yenya nnianim nsɛm a ɛbɛkanyan anigye wɔ yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho.

2 Sɛnea wɔkae wɔ December Yɛn Ahenni Som mu no, amansin so ahwɛfo kɔsra asafo ahorow no a, wɔne wɔn susuw nsɛm ahorow a efi Reasoning From the Scriptures nhoma foforo no mu ho wɔ asɛnka nhyiam no ase. Wosusuw nnianim nsɛm a ɛbɛyɛ nea ɛfata wɔ asafo no asasesin mu ho Wukuda ne Yawda anɔpa. Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 da nnianim nsɛm bɛyɛ 40 adi a ebetumi ayɛ nea ɛfa nkɔmmɔbɔ nsɛm pii ho. So wode nsɛm a ɛsom bo yi redi dwuma?

3 Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wode nnianim asɛm a ɛto so abiɛsa wɔ kratafa 10 wɔ “BIBLE/GOD” ase no bedi dwuma. Wubetumi aka sɛ: “Ɛyɛ m’anigye sɛ mabɛto wo wɔ fie. Me ne nkurɔfo resusuw nkuranhyɛsɛm bi ho wɔ Bible mu. So woasusuw nea ɛwɔ hɔ ma wo daakye no ho pɛn?” Bere a woatie nea ofiewura bɛka akyi no, ɛnyɛ den sɛ wobɛkɔ so ne no asusuw Adiyisɛm 1:1 ne Adiyisɛm 21:3, 4 ho. Anaasɛ, sɛ tebea no ma ɛyɛ te sɛ nea eye te sɛ woremmɔ Bible no din wɔ w’asɛm no mfiase a, ebia wobɛpɛ sɛ wode nyansahyɛ a edi kan wɔ “FUTURE/SECURITY” ase wɔ kratafa 11 no di dwuma na wokõa no besi Adiyisɛm kyerɛw nsɛm abien no so. Nnianim nsɛm afoforo a ɛwɔ hɔ no a wobɛhwɛ betumi ama woanya nsɛm afoforo a ɛbɛyɛ nea eye wɔ w’asasesin no mu.

4 Reasoning nhoma no fã yi a wode bedi​—dwuma yiye no remma ɛnyɛ den sɛ wubenya nnianim nsɛm a ɛho hia titiriw no. Ɛsɛ sɛ eyi ma yetumi bɔ nkɔmmɔ ahorow pii a yebetumi asi Ahenni a ɛyɛ yɛn som adwuma no ti no so dua wom. Momma yɛn nyinaa nkyerɛ afoforo daakye ho anigye ankasa denam nnianim nsɛm a ɛyɛ dɛ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena