Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/90 kr. 3
  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUSUW ADWENE A WOKURA NO HO
  • REASONING NHOMA NO MU NNIANIM NSƐM A WODE BEDI DWUMA
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Asɛmpa No Adi A Wɔda
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wode Reasoning Nhoma no Reyɛ Adwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Asasesin a Wɔtaa Yɛ mu Adwuma mu Adwumayɛ
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 2/90 kr. 3

Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn

1 Sɛ yɛreyɛ afie afie adwuma a, yɛtaa hyia asemmisa a ɛne sɛ. “Dɛn na medi kan aka?” Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wonya nnepa wɔ asɛnka mu no de nyansahyɛ ahorow a ɛboa ma. Eyinom mu bi ne dɛn?

2 Nea edi kan no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛ nnipa a yɛne wɔn kasa no ho anigye nokwarem. Wɔn ho anigye a ɛte saa no da adi wɔ nsɛm ne nneyɛe nyinaa mu. Ɛho hia sɛ wususuw ofiewura no adwene a okura ho. Bisa nsɛm a ɛfata na afei tie ne mmuae no yiye. Ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa ofiewura no ma wahu sɛnea n’ankasa betumi anya mfaso afi asɛmti a yɛrebɔ ho nkɔmmɔ no mu no.

SUSUW ADWENE A WOKURA NO HO

3 Bere a Yesu redi Samariani ɔbea no adanse wɔ asubura bi a ɛbɛn Sikar no ho no, na ne nsɛm no bi yɛ no foforo. Na ɛne ne nsusuwii anaasɛ ɔkwan a ɔfa so som no nhyia. Yesu tiee no yiye, na bere a ɔrema no mmuae no, osusuw nea ɔkae no ho. Na ɔpɛ sɛ ɔboa no. (Yoh. 4:13, 14. 19-26) So yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Yesu nhwɛso no akyi wɔ eyi mu bere a yɛyɛ adansedi adwuma no?

4 Sɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no bua wo nsɛm a edi kan no sɛ. “Mewɔ m’ankasa me som” a, dɛn na wubetumi ayɛ? Bible kyerɛwfo no kae sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho.” (Mmeb. 15:28) So woyɛ eyi? So woasusuw nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 18-19 no ho a na kyerɛw nsɛm mu nnyinasosɛm yi wɔ w’adwene mu? Wubetumi ne adawurubɔfo a wotu mpɔn wɔ asɛnka mu nso ayɛ adwuma na woasua sɛnea wobɛma wo nnianim nsɛm atu mpɔn.

5 Wɔ mmeae a nkurɔfo ka sɛ wɔwɔ wɔn ankasa som de yi wɔn ho ano no, ebia wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wode w’ani bebu nea wɔbɛka no na woadi kan aka asɛmti no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, bere a woadi kan akyia wɔn no, wubetumi aka sɛ: “So wowɔ w’ankasa wo som? [Tie wɔn mmuae no.] Misusuwii sɛ ebia wowɔ bi efisɛ nnipa a wɔwɔ mpɔtam ha no mu dodow no ara wɔ bi. Nanso, nea enti a mebae anɔpa yi no ne sɛ . . .” Afei fa asɛmti a wopɛ sɛ mususuw ho no toa so.

6 Sɛ afiewuranom pii ka sɛ. “Minni adagyew” a, wubetumi apaw adwene horow a wɔada no adi wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 19-20 no mu biako anaa nea ɛboro saa na woadan no ma ɛne w’asasesin no mu ahiade ahorow ahyia. Wubetumi de saa nsɛm yi ahorow ahorow adi dwuma na ama wode w’ani abu nsɛm a wɔde yi wɔn ho ano a wɔtaa te no.

REASONING NHOMA NO MU NNIANIM NSƐM A WODE BEDI DWUMA

7 Pii renya nnepa afi nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 no a wɔde di dwuma no mu. Wubehu sɛ eyinom susuw nsɛmti a ɛtaa fa nkurɔfo ho, te sɛ nsɛm a asisi foforo, obi ankasa ahobammɔ, adwuma, adan, abusua asetra, ne daakye no ho. Nanso, sɛnea wɔaka nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no to nsa frɛ ofiewura no ma ɔkasa. Ɛboa no ma ohu hia a asɛmti a wɔreka ho asɛm no ho hia ne sɛ ɛka n’ankasa no. Nnianim nsɛm yi a wode bedi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no betumi asiw afiewuranom kwan na amma wɔammfa nsɛm a wɔtaa de yi wɔn ho ano no anni dwuma.

8 Susuw nnianim nsɛm a wugye di sɛ ebetu mpɔn asen biara wɔ w’asasesin mu no ho yiye. Sua sɛ wode Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm bedi dwuma. Nya adawurubɔfo afoforo osuahu mu mfaso. Bɔ mpae srɛ Yehowa mmoa sɛ onhyira wo mmɔdenbɔ no so. Ɛdenam mmɔdenbɔ pa ne Yehowa nhyira so no, ebetumi aba sɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no pii bɛyɛ wɔn ade ɔkwampa so wɔ nkwagye asɛmpa no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena