Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
1 Wɔ 1987 “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam no ase no, woyii nkratawa afoforo anan adi. Ɛne Nea Enti a Wubetumi de Wo ho Ato Bible no So, Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?, Asetra wɔ Wiase Foforo bi a Asomdwoe Wom Mu, ne Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? So wode saa nkratawa yi redi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asɛnka mu?
2 Adawurubɔfo pii de nkratawa hyɛ apon ase bere a obiara nni fie no. Na wɔde ma wɔn a wonni adagyew koraa sɛ wobetie bere a wɔakɔsra wɔn no. Ebinom ahu sɛ sɛ wɔde nkratawa ma de yɛ wɔn nnianim wɔ apon ano a, ɛboa kanyan ofiewura no anigye. Afoforo pɛ no sɛ wɔde bɛma kwa wɔ nsrahwɛ a wɔannye nhoma biara nanso wɔkyerɛɛ anigye no mu.
BERE A ƐSƐ SƐ WƆDE DI DWUMA NE ƆKWAN A ƐSƐ SƐ WƆFA SO
3 Sɛ woyɛ fakaa na woma w’ani da hɔ wɔ hokwan ahorow ho a, wubetumi anya mmere pii a wode bɛma nkratawa. Sɛ nhwɛso no, nkratawa betumi aboa bere a wudi abusuafo adanse no. Wubetumi de nkratawa adi dwuma bere a wowɔ akwamma mu, bere a wudi gua ne bere a wutu kwan, wɔ sukuu, anaasɛ w’adwumam. So wode nkratawa hyɛ baabi a wo nsa betumi aka no ntɛm, te sɛ ebia w’atade kotoku, sika kotoku, anaasɛ wo bag mu? Nkratawa a wubenya bi wɔ wo ho bere nyinaa no betumi ahyɛ wo nkuran ma woadi adanse bɔnnɔ so. Dɛn nti na wonhwehwɛ mmere a wode bɛma nkratawa no?
4 Ɛmfa ho sɛ ɛyɛ bere bɛn no, wubetumi de nkratawa no adi dwuma de adi adanse wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so. Ɛwom sɛ nkrasɛm a ɛwom no yɛ tiawa de, nanso ntease wɔ nea ɛka no mu yiye na wɔde Kyerɛwnsɛm a emu da hɔ gyina akyi. Wɔayeyɛ nkratawa no mu mfonini fɛfɛ na ebetumi ayɛ nnwinnade a mfaso wɔ so a wobetumi de ayɛ nnepa pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Ma w’ani nna hɔ sɛ wode bɛma nkurɔfo wɔ baabiara.
WƆ ASƐNKA MU
5 So wode nkratawa no nsɛmti a ɛkanyan adwene no adi dwuma de akanyan Ahenni nkrasɛm no mu anigye? Adawurubɔfo binom si kratawa no asɛmti no so dua ntɛm ara wɔ wɔn nnianim asɛm mu. Dɛn nti na w’ankasa wonsɔ saa kwan yi nhwɛ? Wubetumi aka sɛ: “Hello. M’ani agye sɛ mato wo wɔ fie. Matu me ho ama sɛ mɛboa ma wɔaka nkrasɛm bi a ɛho hia yiye. Ɛwɔ saa kratawa Asetra wɔ Wiase Foforo bi a Asomdwoe Wom Mu, yi mu. Wo de ni. Yɛde ma kwa. [Fa ma ofiewura no, na twe n’adwene kɔ akyi no so.] So worempɛ sɛ wobɛtra ase wɔ asomdwoe tebea horow a ɛte sɛɛ mu?” Afei sɛ nsɛm tebea ma kwan a, fa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no toa so, na fa nhoma a yɛde ma ɔsram no toam.
6 Ɛde gyina faako a wote so no, ebia ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛkyerɛ sɛ wo nkrasɛm no fi Bible mu. Kratawa Nea Enti a Wubetumi de Wo ho Ato Bible no So no betumi ayɛ nea etu mpɔn wɔ wo mpɔtam hɔ. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ: “Yɛde Bible mu nkrasɛm bi remema yɛn afipamfo kwa nnɛ. Wo de ni. [Fa ma ofiewura no.] Hyɛ no nsow sɛ asɛmti no fa Bible ho. So wugye di sɛ nkurɔfo nni Bible no mu ahotoso nnɛ? [Ma ommua.] Kratawa yi bɛboa wo ma woahu nea enti a yebetumi de yɛn ho ato nea Bible no ka so.” Fa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no toa so na kyerɛ nhyira horow a Onyankopɔn wɔ ma asase yi no.
7 Bible ho nkratawa ahorow kyekyɛ yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so ka “asɛmpa” no a akyɛ yiye. (Mat. 24:14) Edi afã a ɛho hia ho dwuma wɔ yɛn baguam ɔsom adwuma no mu ne bere a yedi adanse bɔnnɔ so no. Momma yɛmfa nkratawa fɛfɛ yi nni dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so mmfa nni adanse na wɔ saayɛ mu no yɛmmoa afoforo mma wonsua Onyankopɔn Ahenni no ho ade.