Dwen Anigyefo Ho
1 Yehowa fi ayamye mu adwen nnipa ho asen afoforo nyinaa. Ɛnyɛ honam fam nneɛma bebree nko na ɔde ama, na mmom ɔde honhom fam nneɛma a yehia na yenya mu anigye nso ama yɛn. Odwen yɛn ho araa ma ɔhwehwɛ nea ɛwɔ yɛn komam mu mpo.—Dw. 139:23.
2 Bere a Yesu wɔ asase so no, odii n’Agya nhwɛso akyi pɛpɛɛpɛ wɔ afoforo a odwen wɔn ho no mu. Kae ɔbarima a ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ “Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi” no? Yesu buae sɛ, “Mepɛ!” (Mat. 8:1-3) Bere a Yesu huu okunafo bi a na ne werɛ ahow no, dɛn na ɔyɛe? Ogyina boaa no. (Luka 7:11-15) So wubetumi ama w’ani ada hɔ kɛse na woadwen anigyefo ho?
3 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛ afoforo ho anigye de suasua yɛn Agya Yehowa ne ne Ba Kristo Yesu. Yɛyɛ eyi denam afie afie kyerɛwtohɔ a edi mũ so. Nea eyi a yɛbɛyɛ kyerɛ ne sɛ yɛbɛkyerɛw onigyefo no din ne wɔn address sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ ne asɛmti a yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no ato hɔ. Afei, siesie wo ho yiye ansa na woakɔyɛ sankɔhwɛ no. Sɛ yɛde nsɛmma nhoma ahorow mae wɔ nsrahwɛ a atwam no mu a, ebia yebetumi de yɛn sankɔhwɛ no agyina asɛm pɔtee bi a wɔaka wɔ nsɛm no mu biako mu no so. Hyɛ sɛnea wobetumi ayɛ eyi no nsow.
4 Sɛ wode October 1, 1992 Ɔwɛn-Aban na ɛmae, na wotwee adwene sii asɛm “So Adesamma Hia Mesia Bi Ampa?” no so a, wubetumi asiesie wo ho asi Adiyisɛm 21:4 ne Yohane 17:3 so dua wɔ wo sankɔhwɛ no mu.
Sɛ nhwɛso no, bere a woakenkan Adiyisɛm 21:4 awie no, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ wiase a ɛte saa no mufo? [Ma ommua.] Tie nea Mesia no kae sɛ ehia na yɛanya daa nkwa wɔ wiase a ɛte sɛ eyi no mu.” Afei kenkan Yohane 17:3, na si so dua sɛ yɛnam Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ a yebenya so na yebetumi anya daa nkwa wɔ wiase foforo bi a asomdwoe wom mu. Sɛ ɔda anigye bi adi a, bɔ mmɔden sɛ wubefi adesua ase wɔ Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no mu.
5 Ebia wobetie wo yiye denam October 8, 1992, Awake! a ɛka “You Can Overcome Negative Emotions” ho asɛm no mu asɛm bi a woapaw a mubesusuw ho no so. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi de wo nkɔmmɔbɔ no agyina Filipifo 4:6, 7 so.
Wubetumi abisa sɛ:
◼ “Wugye di sɛ dɛn ne nkate horow a ɛmfata sodi ano aduru nnɛ? Gye mmuae no tom na afei ka sɛ: “Anigyesɛm ne sɛ Bible no ka nnyinasosɛm ahorow a sɛ wɔde di dwuma a, ɛboa ma wonya adwene ne koma mu asomdwoe ho asɛm. [Twe adwene si Filipifo 4:6, 7 mu nsɛm a ɛfata so.] Bible no ka bere bi a obiara de Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɛtra ase, a tebea horow a ɛma wonya nkate horow a ɛmfata biara rentra hɔ bio ho asɛm.” Afei si daakye nhyira horow afoforo so dua denam Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no a mubesusuw ho no so, na dan no adesua. Sɛ wunni October nsɛmma nhoma ahorow no bi a, wubetumi de September de adi dwuma.
6 Na sɛ ofiewura no wɔ yɛn nhoma ahorow no biako dedaw nso ɛ? Dɛn nti na womfa mfi adesua ase? Sɛ ɛyɛ Tra Ase Daa nhoma no a, bue faako a wɔahyehyɛ emu nsɛm no, na ka kyerɛ ofiewura no sɛ ɔmpaw asɛmti bi a ɔbɛpɛ sɛ mususuw ho. Afei mubetumi asusuw nkyekyem biako anaa abien ho de afi adesua ase.
7 Anigyefo ho a yedwen denam yɛn ho a yesiesie yiye ne sankɔhwɛ a etu mpɔn a yɛyɛ so no kyerɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn ne Kristo, na yɛpɛ sɛ wogye nnipa pii nkwa.—2 Pet. 3:9.