Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/92 kr. 1
  • Tumi a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tumi a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Adesua a Wubefi Ase wɔ Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Boa Afoforo ma Wonsua Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sɛnea Yɛbɛboa Wɔn a Wɔn Ani Nnye Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Ho
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 12/92 kr. 1

Tumi a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu

1 Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. (Heb. 4:12) Ɛnnɛ, wobetumi ahu eyi ho adanse wɔ nnipa ɔpepem pii asetra a asakra ayɛ papa bere a nkurɔfo de nneɛma a wosua fi Bible mu di dwuma no mu. Na ɛte saa ara wɔ afeha a edi kan no mu, bere a Yesu asuafo kaa Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ ho asɛm kyerɛɛ afoforo no.​—Rom. 12:2.

2 Sɛ nkurɔfo benya Bible nkyerɛkyerɛ mu mfaso a, ehia sɛ wogye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm. (1 Tes. 2:13) Wɔ December mu no, yɛbɛma nkurɔfo anya hokwan asua Bible no so mfaso ho ade pii bere a yɛde New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible​—God’s Word or Man’s? nhoma no ma yɛn asasesin no mu anigyefo nyinaa no.

3 Dɛn nti na wonhwɛ God’s Word nhoma no mu nneɛma a ɛyɛ anigye no bi? Faako a wɔahyehyɛ emu nsɛm no bɛma woahu atiri a ɛka anwonwade ahorow, abirabɔ a wose ɛwom, sɛnea ɛne nyansahu hyia, nkɔmhyɛ ahorow, ne nsɛm afoforo. Mfonini pii wom. Wɔakyerɛw nhoma ahorow a animdefo na wɔkyerɛwee no din wɔ nhoma no nkratafa a etwa to. Nneɛma a ɛwom no bɛma yɛatumi de nhoma no ama wɔ anigye ankasa so, a yegye di pintinn sɛ ehia sɛ yɛn asasesin no mu nnipa te asɛmpa a ɛwom no.

4 Sɛ yehyia ofiewura bi a ogye di dedaw sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a, yɛbɛyɛ dɛn atumi de nhoma yi adi dwuma? Wubetumi asi ti 2 a ɛka ako a Bible no dii na atra hɔ, anaa ti 14 a ɛhyɛ nea ɔkenkan no nkuran sɛ onnye mmoa ntom na ama wate nea Bible no kyerɛ ma yɛn nnɛ no ase yiye so dua de akanyan n’anigye. Ti 14 no mu kyerɛw nsɛm a mobɛkenkan no bɛma ofiewura no anya awerɛhyem sɛ mo nkɔmmɔbɔ no gyina Bible no so.

5 Esiane Kristoman nneyɛe nti, nnipa pii nnye Bible no ntom sɛ Onyankopɔn asɛm. Wubetumi de ti 3 a ɛne “The Bible’s False Friend” no adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ eyi mu.

6 Sɛ yɛkenkan asɛm no fi yɛn Bible no mu a, ebia ofiewura no bɛka sɛnea kasa a wɔde kyerɛw New World Translation no mu da hɔ no ho asɛm. Anaasɛ ebia yebehu sɛ ofiewura no kyerɛ yɛn nkrasɛm no ho anigye nanso onni Bible. Wɔ tebea horow yi mu no, yebetumi aka Bible no mu nneɛma a ɛda nsow a yɛde di dwuma ne nea enti a yɛpɛ ɛno sen afoforo no ho asɛm. Nneɛma no bi ne sɛ yebetumi atwe adwene asi asɛm a wɔahyehyɛ a ɛne “Bible Words Indexed” a ɛboa ma yehu kyerɛw nsɛm a yenim no so. Afei nso, “Bible Topics for Discussion” a ɛwɔ Bible no nkratafa a etwa no betumi aboa anigyefo ma wɔanya nsɛm pii a wɔtaa bisa no ho mmuae.

7 Yehowa nam Bible so ama wɔahu sɛnea ɔne adesamma di, na ɔnam saayɛ so ama wɔahu ne nipasu a ɛyɛ nwonwa no. Ɛmmra sɛ yɛde New World Translation ne God’s Word nhoma no bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de aboa afoforo ma wɔasua Yehowa ne tumi a ɛwɔ n’Asɛm mu no ho ade!​—2 Kor. 10:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena