Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/11 kr. 7
  • Tete Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asɛmpakafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asɛmpakafo
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Awofo—Montete Mo Mma Mfi Mmofraase
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Botae Bɛn na Wode Asisi Wo Mma Ani So?
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 1/11 kr. 7

Tete Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asɛmpakafo

1. Dɛn na Dwom 148:12, 13 hyɛ awofo a wɔyɛ Kristofo sɛ wɔnyɛ?

1 Yehowa to nsa frɛ mmofra sɛ wommeyi no ayɛ. (Dw. 148:12, 13) Ɛno nti, ɛnyɛ Bible mu nokware ne Onyankopɔn abrabɔ pa ho mmara nkutoo na Kristofo a wɔyɛ awofo de kyerɛkyerɛ wɔn mma, na mmom wɔtete wɔn ma wɔbɛyɛ asɛmpakafo nso. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ma wɔayɛ eyi nkakrankakra?

2. Ɔkwan bɛn so na ɔwofo bi nhwɛso pa betumi anya ne mma so nkɛntɛnso?

2 Nhwɛso Pa: Ɔtemmufo Gideon ka kyerɛɛ ne mmarima 300 no sɛ: “Monhwɛ nea mɛyɛ biara na monyɛ bi.” (Atem. 7:17) Mmofra taa hwɛ wɔn awofo sua wɔn. Agya bi yɛ adwuma anadwo, na ɔbɛpɔn aba fie Memeneda anɔpa no na wabrɛ, nanso sɛ́ anka ɔbɛda agye n’ahome no, ɔne ne mma kɔ asɛnka. Ɔde ne nhwɛso no boa wɔn ma wohu sɛ asɛnka adwuma no ne ade a ɛho hia paa. (Mat. 6:33) So wo mma hu wo sɛ wufi anigye mu de wo ho hyɛ yɛn som no afã ahorow mu te sɛ mpaebɔ, Bible akenkan, mmuaema, ne asɛnka mu? Nokwarem no, worentumi nyɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ mma wɔn. Nanso sɛ wo mma hu sɛ wode nsi resom Yehowa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wobegye ntetee a wode rema wɔn wɔ Yehowa som mu no atom.—Deut. 6:6, 7; Rom. 2:21, 22.

3. Honhom fam botae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔde sisi wɔn ani so na wodu ho?

3 Botae a Wɔde Besisi Wɔn Ani So: Awofo bɔ mmɔden kyerɛ wɔn mma sɛnea wɔnantew, sɛnea wɔkasa, sɛnea wosiesie wɔn ho, ne nea ɛkeka ho a wɔmmrɛ. Bere a mmofra anyin adu mpɛnpɛnso bi no, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wɔde botae foforo sisi wɔn ani so. Sɛ awofo no yɛ Kristofo a, wɔboa wɔn mma ma wɔde honhom fam botae a wobetumi adu ho nso sisi wɔn ani so sɛnea wɔn mfe ne wɔn ahoɔden te. (1 Kor. 9:26) So worekyerɛ wo mma sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma mmuae na wɔasiesie Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi a wɔde ma wɔn no? (Dw. 35:18) So woretete wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu? So woreboa wɔn ma wɔde asubɔ ne bere nyinaa som adwuma no asisi wɔn ani so? So woreboa wɔn ma wɔne asɛmpakafo a wɔwɔ anigye na wɔyɛ nsi a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran abɔ?—Mmeb. 13:20.

4. Sɛ awofo tete wɔn mma wɔ ɔsom adwuma no mu fi wɔn mmofraase a, mfaso bɛn na mmofra no nya?

4 Odwontofo no kae sɛ: “O Onyankopɔn, wufi me mmofraase na akyerɛkyerɛ me, maka w’anwonwadwuma ho asɛm de abesi nnɛ.” (Dw. 71:17) Fi ase kyerɛkyerɛ wo mma fi wɔn mmofraase ma wɔmmɛyɛ asɛmpakafo. Sɛ woboa wɔn ma wonya honhom fam nnyinaso a ɛte saa a, akyinnye biara nni ho sɛ wobenya so mfaso bere a wɔanyin no!—Mmeb. 22:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena