Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/02 kr. 8
  • Awofo—Montete Mo Mma Mfi Mmofraase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo—Montete Mo Mma Mfi Mmofraase
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo, Munnya Mo Mma Ho Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Tete Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asɛmpakafo
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 1/02 kr. 8

Awofo—Montete Mo Mma Mfi Mmofraase

1 “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmeb. 22:6) Awofo, sɛ mompɛ sɛ mo mma ‘fi’ nokware kwan no so a, bere bɛn na ɛsɛ sɛ mufi ntetee a ɛte saa ase? Wɔ wɔn mmofraase ase pɛɛ!

2 Bere a Paulo kae sɛ wofii ase kyerɛkyerɛɛ Timoteo wɔ honhom fam fii “mmofraase” no, na ɛda adi sɛ ɔkyerɛ sɛ wofii ase wɔ ne nkokoaa bere mu. (2 Tim. 3:14, 15) Ne saa nti, Timoteo nyin bɛyɛɛ onipa pa wɔ honhom fam. (Fil. 2:19-22) Awofo, ɛsɛ sɛ mo nso mufi ase de ntetee a mo mma hia na ‘wɔanyin Yehowa anim’ no ma wɔn ‘fi wɔn mmofraase.’—1 Sam. 2:21.

3 Momfa Nsu a Wohia na Wɔanyin no Mma Wɔn: Sɛnea ehia sɛ wogugu duforo so nsu bere nyinaa na anyin abɛyɛ nnua akɛse no, saa ara na ehia sɛ wɔde Bible mu nokware mu nsu ma mmofra a ɛsono mfe a wɔadi nyinaa na ama wɔanyin abɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔn ho akokwaw. Ɔkwan titiriw a wɔfa so kyerɛkyerɛ mmofra nokware no na wɔboa wɔn ma wɔne Yehowa nya abusuabɔ ne sɛ wɔne wɔn bɛyɛ abusua Bible adesua daa. Nanso awofo, munsusuw sɛnea abofra biara tumi tie asɛm no ho. Wɔ mmofra nkumaa fam no, ɛda adi sɛ adesua ntiantiaa a wɔtaa ne wɔn yɛ no betu mpɔn kɛse asen kakraa bi a ɛware no.—Deut. 11:18, 19.

4 Mommmu sɛnea mo mma tumi sua ade no adewa da. Monka Bible mu nnipa ho nsɛm nkyerɛ wɔn. Momma wɔnyɛ mmeae anaasɛ nsɛm a esisii a Bible ka ho asɛm no ho mfonini. Momfa yɛn video ne kasɛt ahorow a Bible drama ka ho nni dwuma yiye. Munnyina mfe a mo mma adi ne sɛnea wotumi sua ade no so ne wɔn nyɛ abusua adesua. Ntetee a edi kan no bɛyɛ ntiantiaa; nanso bere a abofra no renyin no, ɛsɛ sɛ ne ntetee no kɔ akyiri yiye na wɔde ma daa. Momma Bible adesua nyɛ anigye a egu ahorow. Mopɛ sɛ mo mma ‘kɔn dɔ’ Asɛm no, enti momma adesua no nyɛ anigye sɛnea mubetumi.

5 Momma Wɔne Asafo no Mmɔ: Momfa botae ahorow nsisi mo mma anim na ama wɔne asafo no abom ayɛ biribiara. Dɛn na wobetumi de ayɛ wɔn botae a edi kan? Mmofra nkumaa baanu awofo kae sɛ: “Yefii ase tetee wɔn baanu nyinaa sɛ wɔntra ase komm wɔ Ahenni Asa so.” Akyiri yi, mommoa mmofra no mma wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, na wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Wɔ asɛnka mu no, botae pa a wobetumi adu ho ne sɛ wɔde kratawa bɛma wɔ ɔpon ano, wɔbɛkenkan kyerɛwsɛm, wɔde nsɛmma nhoma bɛma, na wɔne afiewuranom abɔ nkɔmmɔ a ɛtɔ asom.

6 Monyɛ Nhwɛso a Ɛhyɛ Nkuran: So da biara mo mma te sɛ moka Yehowa ho asɛm bɔ no mpae? So wohu sɛ musua N’asɛm, kɔ asafo nhyiam ne asɛnka, na mo ani gye sɛ moyɛ n’apɛde? (Dw. 40:8) Ɛho hia sɛ wɔte na wohu sɛ moyɛ nneɛma yi bom. Ɔbabea bi a wanyin kaa ne maame a watete mmofra baasia ma wɔabɛyɛ Adansefo anokwafo ho asɛm sɛ: “Nea yɛn ani gyee ho paa ne Maame nhwɛso—ɛkaa pii kyerɛɛ yɛn sen ne kasa.” Ɔwofo bi a ɔwɔ mma baanan kae sɛ: “Na ɛnyɛ nea yɛtaa ka kɛkɛ ne sɛ Yehowa na odi kan wɔ yɛn asetra mu, na mmom saa na yɛbɔɔ yɛn bra.”

7 Awofo, mumfi ase ntete mo mma ntɛm, monkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, momfa botae nsisi wɔn anim, na monyɛ nhwɛso pa a ɛsen biara. Mo ani begye sɛ moyɛɛ saa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena