Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Jan. 15
“Nnipa pii de ahoni di dwuma wɔ wɔn som mu. So wususuw sɛ saa ahoni no wɔ tumi a egye nkwa? [Ma ommua.] Mesrɛ sɛ hyɛ nea nokware Nyankopɔn no bɛyɛ ama yɛn no nsow. [Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ paa nkutoo na obetumi ayɛ saa. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ onii ko a ɔyɛ ne sɛnea yebetumi anya yɛn ho a yɛde to no so no so mfaso.”
Nyan! Feb. 8
“Ebia yɛremmu wɔ a yɛwɔ baabi a yɛfrɛ no yɛn fie ade titiriw biara. Nanso wiase no mu aguanfo ɔpepem pii nenam kwa a wonnya ahobammɔ a wɔhwehwɛ no da. Nyan! hwehwɛ nea enti a ɔhaw yi wɔ hɔ ne Bible bɔhyɛ a ɛka sɛ da bi bɛba a obiara benya ofie a ɔbɛfrɛ no n’ankasa de no mu.”
Ɔwɛn-Aban Feb. 1
“Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔma ɛyɛ fĩ no ho asɛm haw nnipa pii. Nanso so woasusuw adwene a wɔma efĩ bam no nso ho pɛn? [Ma ommua.] Bible no si hia a ɛho hia sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ ɔhonam ne honhom fam so dua. [Kenkan 2 Korintofo 7:1.] Migye di sɛ wubehu sɛ mfaso wɔ asɛm yi so na wubetumi de adi dwuma.”
Nyan! Feb. 8
“Akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ ɛwom sɛ aware mfiase taa yɛ anigye de, nanso emu pii gu. Mepɛ sɛ migyaw Nyan! yi ma wo efisɛ ɛka nea Bible ka wɔ sɛnea yɛbɛma aware atra hɔ na ayɛ anigye ho ho asɛm.”