Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/93 kr. 2
  • Afe Nhoma No—Nkuranhyɛ Akorae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afe Nhoma No—Nkuranhyɛ Akorae
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Baa Dwumadibea Address Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—1992
Yɛn Ahenni Som—1993
km 12/93 kr. 2

Afe Nhoma No—Nkuranhyɛ Akorae

1 Yehowa nnwuma a ɛyɛ nwonwa ho amanneɛbɔ ne suahu ahorow ayɛ nkuranhyɛ ama Onyankopɔn asomfo bere nyinaa. (Hiob 38:4, 7; Mmeb. 25:25; Luka 7:22; Asomafo no Nnwuma 15:31) Ɛno nti na Yearbook of Jehovah’s Witnesses (Afe Nhoma) no yɛ nkuranhyɛ akorae no.

2 Afe Nhoma biara kura Yehowa Adansefo dwumadi ne wɔn nkɔso ho amanneɛbɔ ahorow a ɛma denhyɛ fi wiase nyinaa. Osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den si Yehowa akwankyerɛ, n’ahobammɔ, ne hyira a ohyira ne nkurɔfo so dua. Afe Nhoma no ka mudi mu kurafo mmarima ne mmea a wogyaw mmusua, nnamfo, ne wɔn man de Bible mu nokware kɔmaa nnipa a wɔwɔ asasepɔn nyinaa ne nsupɔw pii so no ho nsɛm.

3 Afe Nhoma no aka akenkanfo pii ma wɔatrɛw ɔsom a wɔde ma Nyankopɔn no mu. Ɔkenkanfo biako kyerɛwee sɛ: “Mintumi nkenkan no ntɛm sɛnea ɛsɛ. Nea makenkan besi saa bere yi no hyɛ nkuran yiye. Bere a mihu nea afoforo a wɔwɔ ɔhyɛ ase yɛ no, ɛma mete nka sɛ metumi ayɛ pii wɔ asɛmpaka adwuma no mu.”

4 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no fi 1927 ayɛ amanneɛbɔ ne osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran akorae ankasa. So worenya nkuranhyɛ fibea a ɛyɛ nwonwa no so mfaso kɛse? Sɛnea ɛbɛyɛ na woayɛ saa no, hwɛ hu sɛ wo nsa ka Afe Nhoma no ara pɛ a, wobɛkenkan. Afei wɔ afe no nyinaa mu no, hwehwɛ afã pɔtee bi a ɛbɛma wo ne w’abusua nkuranhyɛ a muhia no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena