Dɛn na Wobɛtumi Asua Afi Adawurubɔfo a Wɔn Ho Akokwa Hɔ?
Adawurubɔfo a wɔn ho akokwa boa asafo no paa, enti yɛnni wɔn ho agorɔ. Ebinom de mfe pii na asom Yehowa. Afoforo nso anya ntetee nnansa yi, na wei aboa ma wɔn ho akokwa wɔ asɛnka mu. Adawurubɔfo yi ahu sɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no renya nkɔso na wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu na ɔrekyerɛ Kristofo asafo no kwan wɔ awiei bere yi mu. (Mat. 28:19, 20) Bio nso, asɛnka adwuma no ama wɔanya ‘tumi a ɛboro onipa deɛ so,’ enti sɛ wɔhyia sɔhwɛ anaa ɔhaw bi a, wɔtumi gyina ano. (2 Kor. 4:7) Ampa, adawurubɔfo yi ho akokwa, na wɔayɛ krado sɛ wɔde wɔn suahu bɛboa afoforo. (Dw. 71:18) Enti mommma yɛnnsuro sɛ yɛbɛbɛn wɔn asua nneɛma pii afi wɔn hɔ. Ɛnneɛ dɛn na yɛbɛtumi ayɛ na wɔde wɔn suahu aboa yɛn?
Asɛnka Mu: Yɛwɔ adawurubɔfo pii a wɔfii asɛnka ase nkyɛe, na ebinom nso nni suahu kɛse. Enti ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔhu asɛnka adwuma no ani so yie. Ade baako a ɛbɛtumi aboa wɔn paa ne sɛ wɔbɛhwɛ anuanom a wɔn ho akokwa asuasua wɔn. (Wohwɛ February 15, 2015, Ɔwɛn-Aban no a, wobɛhu asɛm a wɔato din “Kɔ So Fa Nsi Yɛ Asɛnka Adwuma No.” Afei kɔ asɛmti ketewaa “Boa Wɔn a Wɔafi Asɛnka Ase Foforɔ No” na hwɛ nkyekyɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa.) Wo ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwa yi bi ayɛ asɛnka adwuma pɛn? Ɛnneɛ, dɛn na wosua fii wɔn hɔ?
Wobɛtumi ama anuanom a wɔn ho akokwa yi bi aka wo ho akɔ asɛnka. Sɛ ɔnni apɔmuden a, ɛnneɛ ɛwom wom a wobɛtumi akɔyɛ wo Bible adesua wɔ ne fie. Sɛ mowie adesua no a, bisa no na sɛ ɔwɔ nyansahyɛ bi a ɔde ama wo.
Bɛn Wɔn: Ka kɔ anuanom a wɔn ho akokwa yi ho na hu wɔn yie. Moreyɛ abusua som a, mobɛtumi ama wɔn mu bi abɛka mo ho na mode hokwan no abisabisa no nsɛm. Sɛ ɔnni ahoɔden papa a, adɛn na monkɔ ne fie nkɔyɛ abusua som no? Mobɛtumi abisa no nsɛm te sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wobɛhuu nokware no? Nhyira bɛn na woanya? Nkɔso bɛn na asafo no anya a wode w’ani ahu? Anigye bɛn na woanya wɔ Yehowa som mu?
Kae sɛ ɛnyɛ biribiara na anuanom yi bɛtumi ayɛ. Wɔn mu biara ne ne dom akyɛde. (Rom. 12:6-8) Onyin nti, ebia wɔn mu binom renya bere pii mma yɛn. Nanso esiane sɛ wɔasom Yehowa mfe pii na wɔwɔ suahu nti, nneɛma bebree wɔ hɔ a yɛbɛtumi asua afi wɔn hɔ.