So W’ani Gye Kokoam Adesua Ho?
ONYANKOPƆN somfo nokwafo biara ani begye ho sɛ ɔde bere a ɛfata besi hɔ de ayɛ kokoam Bible adesua. (Dwom 1:1, 2) Nanso, esiane bere ne ahoɔden a wɔn mu pii nnya nti, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobetumi ayɛ kokoram adesua sɛnea wɔpɛ.
Nanso, nea ɛbɛyɛ a obiara betumi akɔ so ayɛ Onyankopɔn somfo a ɔyɛ nsi no, ehia sɛ da biara osua Onyankopɔn Asɛm no mu nokware foforo anaa nea emu dɔ de hyɛ n’anigye ne n’ahoɔden mu den. Ebia Bible mu nokware ahorow a ɛkanyan wo mfe bi a atwam no renkanyan wo kɛse saa nnɛ. Enti, ɛyɛ papa, na ɛho hia mpo, sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho nya nokware no mu nhumu foforo na yɛde akanyan yɛn ho wɔ honhom mu.
Ɔkwan bɛn so na tete gyidifo nam Onyankopɔn Asɛm a wosuaa no kokoam no so hyɛɛ wɔn ho den honhom mu? Ɔkwan bɛn so na Yehowa nnɛyi asomfo binom ma wɔn adesua yɛ anigye kɛse na ɛso ba mfaso nso? Mfaso bɛn na wɔanya afi wɔn mmɔdenbɔ no mu?
Wɔnam Kokoam Adesua so Hyɛɛ Wɔn Ho Den Bio
Yudani Ɔhene Yosia de nsi kɛse ko tiaa abosonsom bere a wɔkenkan “[Yehowa] mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae” kyerɛɛ no no. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛno nyɛ bere a edi kan a ɔkenkanee saa asɛm no wɔ Onyankopɔn Asɛm mu; nanso asɛm a ɔtee no tẽẽ fii nkyerɛwee a edi kan no mu no kanyan no wɔ ɔsom kronn a ogyinaa akyi no mu.—2 Beresosɛm 34:14-19.
Ɛnyɛ Yeremia nhoma no nko na odiyifo Daniel nam so huu ‘mfirihyia dodow a Yerusalem amamfõ no bedi’ ne sɛnea ɛyɛ nokware, na mmom ɔnam ‘nhoma ahorow’ no nso so. Ɛda adi sɛ emu bi ne nhoma te sɛ Leviticus (26:34, 35), Yesaia (44:26-28), Hosea (14:4-7), ne Amos (9:13-15). Nea saa barima a ɔwɔ ahofama yi nam Bible nhoma a osuae no so hui sɛ ɛyɛ nokware no kaa no maa ofii komam bɔɔ Onyankopɔn mpae. Otiee ne nkotɔsrɛ a efi komam no ma ohuu anisoade foforo, na wɔmaa no awerɛhyem wɔ Yerusalem kurow ne ne nkurɔfo no nso ho.—Daniel, ti 9.
Ná Yosia a “ɔyɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa] ani so,” ne Daniel, a na ‘ɔsom bo’ wɔ Onyankopɔn ani so, te sɛ yɛn a yɛte ase nnɛ yi ara wɔ akwan pii so. (2 Ahene 22:2; Daniel 9:23) Mmɔden a wɔn ankasa bɔe de nsi suaa Kyerɛwnsɛm a na ɛwɔ hɔ saa bere no maa wonyaa honhom mu nkɔso kɛse, na ɛboaa wɔn ma wɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ a emu yɛ den paa. Saa ara na na ɛte wɔ Yehowa tete asomfo te sɛ Yefta a na ɔyɛ odwontofo a ofi Asaf fie, Nehemia, ne Stefano ho. Eyinom nyinaa daa no adi sɛ na wɔn ankasa de ahwɛyiye sua Bible no fã a na ɛwɔ hɔ wɔ wɔn bere mu no.—Atemmufo 11:14-27; Dwom 79, 80; Nehemia 1:8-10; 8:9-12; 13:29-31; Asomafo no Nnwuma 6:15–7:53.
Ma Asɛnka Adwuma no Nkanyan Wo
Nnɛyi Yehowa asomfo a wɔde mfe pii asom no mu fã kɛse wɔ nhyehyɛe a wɔn ankasa de sua Bible no. Wɔahu sɛ eyi ho hia na ama wɔn ani ada hɔ na wɔatumi adi wɔn Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma akosi ase. Ɛmfa ho sɛ ɛte saa no, wɔn mu pii gye tom sɛ ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden no bi besua ade na wɔde bi nso ayɛ nneɛma foforo a ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu so no.
Nanso, obi ani a ɔnam kokoam adesua a ɔde nsi yɛ so bɛma ada hɔ no ho hia na ama watumi adi Kristofo som adwuma no ho dwuma wɔ saa bere yi a wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no akɔ n’anim yi mu. Wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm no mu nsɛm foforo anaa nsɛm a emu dɔ ho no betumi akanyan wɔn a honhom mu kɔm de wɔn. Eyi yɛ nokware ɛmfa ho sɛ wama obi dwumadi wɔ baabi a anidaso wɔ hɔ sɛ ɔbɛsow aba pii wɔ honhom fam mpataayi adwuma no mu anaa ɔde boasetɔ reyɛ adwuma wɔ nsasesin a wɔtaa ka asɛm no wom a wɔtaa yɛ anibiannaso wɔ hɔ mu.
Sua Onyankopɔn Asɛm Daa
Nea afoforo reyɛ betumi ama woahu nea ebetumi ama w’adesua nhyehyɛe no ayɛ anigye kɛse anaa sɛnea wo ne w’abusua betumi anya mo adesua bere mu mfaso pii. Nneɛma a Onyankopɔn asomfo mpɛ sɛ ɛpa wɔn ti so da no bi ne Onyankopɔn Asɛm no ankasa a wɔbɛkenkan no daa. Nnipa pii de ayɛ wɔn botae sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔbɛkenkan Bible no atiri abiɛsa kosi anan dapɛn biara. So wopɛ sɛ wokenkan Bible mũ no nyinaa wie wɔ afe biako mu? Ɛnde ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wode bere pii bɛkenkan, bɛyɛ simma aduasa da biara.
So woakenkan Bible no nyinaa boro pɛnkoro? Dɛn nti na womfa botae foforo nsi w’ani so bere foforo? Sɛnea ɛbɛyɛ na Kristoni bea bi anya botae foforo no, ɔkenkan Bible nhoma no nnidiso nnidiso sɛnea bere a wɔde kyerɛwee no te. Ɔhyɛɛ mmerebu ho nsɛm pii a na n’ani apa so nsow. Kristoni bea foforo akenkan Bible mũ no nyinaa awie mpɛn anum wɔ mfe anum a atwam no mu, a ɛsono nea ɔde n’adwene sii so wɔ emu biara mu. Bere a edi kan no, ɔkenkan fii mfiase kosii awiei. Bere a ɔkenkanee nea ɛto so abien no, ɔbɔɔ eti biara mu nsɛm mua na ɔkyerɛw no ketewaa bi wɔ nhoma bi mu. Efi afe a ɛto so abiɛsa so no, ɔde Bible kɛse bi a ɛnam agyiraehyɛde ahorow so dan adwene kɔ kyerɛw nsɛm foforo so dii dwuma, na nea edi kan no ɔhwehwɛɛ kyerɛw nsɛm foforo a wɔadan adwene kɔ so no bi mu, na afei ɔmaa n’ani kuu nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ kratafa no ase hɔ no ne nsɛm afoforo a ɛwɔ akyi hɔ no ho. Bere a ɛto so anum a ɔkenkanee no, ɔde Bible mu asase ho mfonini [map] ahorow dii dwuma na ama wanya emu nsase ahorow no ho nimdeɛ pii. Ɔka sɛ: “Me fam no, Bible akenkan bɛyɛɛ me dɛ te sɛ aduan.”
Wɔn a wɔn ani gye Bible sua ho yiye no ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobenya Bible a wɔde bɛyɛ wɔn kokoam adesua nkutoo, na wɔakyerɛw nsɛm ntiantia, mfatoho ahorow a ɛka adwene, anaa nhoma afoforo a wobetumi ayɛ mu nhwehwɛmu akyiri yi nkratafa wɔ mu. Bere nyinaa ɔsomfo bi bu no anigye sɛ ɔbɛkyerɛw nsɛm foforo a wasua wɔ ɔsram no mu agu ne Bible a ɔde yɛ kokoam adesua no mu. Ɔka sɛ: “Saa nnɔnhwerew a ɛsom bo ma me yi ho akwanhwɛ a mewɔ no boa me ma mede botae foforo si m’ani so ntɛm wɔ ɔsram no mu.”
Nyansa Kwan Ahorow Bi
So wote nka sɛ nneɛma a etwa sɛ woyɛ da biara ne dapɛn biara ayɛ wo bere nhyehyɛe mu mã, ma enti wuhia nyansahyɛ a ɛbɛma wode bere kakra a wowɔ no adi dwuma yiye? Ma nea woayɛ w’adwene sɛ wobɛkenkan no mmɛn wo, na fa bere a wode gye w’ahome no kenkan. Wɔ wo fie anaa faako a wotaa sua ade no, bɔ mmɔden sɛnea wubetumi biara hyehyɛ nhoma ne nneɛma foforo a wɔde sua ade no wɔ ɔkwan a ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wo nsa betumi aka so. Ma beae a wotra sua ade no nyɛ ahomeka, nanso ɛnsɛ sɛ ɛtra so na amma w’ani ankum. So wowɔ ɔkasa dwumadi bi? Kenkan mu ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara, na afei susuw ho bere a woregye w’ahome anaa woreyɛ nnwuma foforo no.
Afoforo betumi aboa wo ma wode wo bere adi dwuma yiye na aba mo nyinaa mfaso. Sɛ́ nhwɛso no, wubetumi ama obi akenkan nneɛma a emu nyɛ den akyerɛ wo bere a woreyɛ nnwuma bi anaa woreyɛ tii ama wo kenkanfo yamyefo no. Na sɛ abusua no mufo nyinaa tumi pene so sɛ wɔde bere bi a obiara bɛyɛ dinn asua ade besi hɔ nso ɛ? “Dɛn na woakenkan nnansa yi a w’ani gyee ho?” Ɛtɔ mmere bi a wubetumi anya biribi afi nea wo nnamfo asua mu denam nkɔmmɔbɔ a wubefi ase saa kwan yi so no so.
So wopɛ sɛ wunya akwan foforo a wɔbɛfa so ayɛ wo kokoam adesua ho nhyehyɛe? Wubetumi de nnɔnhwerew dodow bi a wode besua ade asi w’ani so te sɛ nea nnipa pii de nnɔnhwerew dodow bi a wɔde bɛka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo si wɔn ani so no. Ɔdawurubɔfo a ɔyɛ bere nyinaa somfo (ɔkwampaefo) de nnɔnhwerew dodow bi a anyɛ yiye koraa no, ɔde besua ade ɔsram biara si n’ani so, na n’ani gye bere a ohu wɔ ne kyerɛwtohɔ no so sɛ ɔreyɛ adu ne botae ho no. Afoforo twa bere a wɔde hwɛ television no so, na wɔnam saayɛ so nya bere de sua ade. Nnipa pii paw biribi a wɔde bere tenten besua, te sɛ honhom aba ahorow no, Bible nhoma ahorow ho nsɛm, anaa ɔkwampa a wɔfa so kyerɛkyerɛ. Ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea nsɛm anaa nnipa bi bae nnidiso nnidiso, te sɛ nea ɛfa Israel ahemfo no ne adiyifoa no ntam abusuabɔ anaa Asomafo no Nnwuma ne Paulo nkrataa ho no.
Mmofra, so mopɛ sɛ munya gyidi a emu yɛ den? Dɛn nti na mompaw nhoma bi nsua no yiye wɔ mo sukuu akwamma a edi hɔ no mu? Ababaa bi a wabɔ no asu a wawie ntoaso sukuu paw Mankind’s Search for God, a Ɔwɛn Aban Asafo no na etintimii no. Ɔkyerɛwee ti biara mu nsɛm ntiantia wɔ nhoma bi mu de bɔɔ nea osuae no mua. Ná ɛyɛ den, na egyee no bere pii sen sɛnea osusuwii. Nanso, bere a ɔkenkan nhoma no nyinaa wiei no, nokware a Bible mu nsɛm no yɛ no maa ne ho dwiriw no kɛse.
Nya Ɔpɛ Bere Nyinaa sɛ Wubesua Ade
Yehowa nnɛyi asomfo bebree wɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu’ dedaw. (1 Korintofo 15:58) Sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo bere nhyehyɛe mu na wode mmɔdenbɔ di so a, ebetumi mpo aba sɛ nneɛma a dapɛn biara woyɛ no rensakra ahe biara. Ɔpɛ a emu yɛ den a wubenya sɛ wubenya nokware no mu ntease a emu dɔ, na woahu Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛrenya mmamu, na woatra ase ma ɛne no ahyia no bɛboa wo ma ɔkwan a wofa so sua ade no asi yiye.
Ɛhyɛ nkuran sɛ yɛbɛte nhyira a wɔn a wɔyɛɛ nhyehyɛe pa maa wɔn adesua no anya ho asɛm. Kristoni barima bi a ohui sɛ ɔrehwere adwempa a ɔwɔ sɛ obenya nokware no mu ntease a emu dɔ ho no yɛɛ ne nhyehyɛe yiye na ama watumi de bere a ɔmfa nyɛ hwee no pii ayɛ kokoam adesua. Ɔka sɛ: “Ɛde anigye a na minni abrɛ me. Esiane ahotoso kɛse a mewɔ sɛ Bible no yɛ nhoma a efi Onyankopɔn nkyɛn nti, mihu sɛ mitumi de anigye ankasa ka me gyidi no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛda biara kɔ n’awiei a, mete nka sɛ manya denhyɛ, mewɔ honhom fam ahoɔden, ne abotɔyam.”
Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔsrasra asafo ahorow pii kaa mfaso afoforo ho asɛm sɛɛ: “Mpɛn pii no wɔn a wɔmfa kokoam adesua nni agoru no yɛ hyew na wotumi kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye. Wotumi ne afoforo bɔ yiye, na wɔmma nsɛm a ɛnhyɛ nkuran a nkurɔfo ka nhaw wɔn ntɛmntɛm. Wɔyɛ fakaa wɔ asɛnka adwuma no mu, na afei wohu nkurɔfo a wohyia wɔn no ahiade ahorow.”
Ɔka asɛm bi ka ho a ebinom bɛpɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwene mu bere a wɔrehwehwɛ wɔn adesua ho nhyehyɛe mu no. “Nnipa pii taa kenkan wɔn mmuae tẽẽ fi nkyekyem no mu wɔ nhyiam horow a wɔde susuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho ase. Sɛ wosusuw sɛnea asɛm no fa biribi a wɔasua dedaw anaa wɔn ankasa asetra ho no ho a, ɛbɛboa wɔn kɛse.” Wohwɛ a, ehia sɛ woyɛ eyi ho adwuma kakra?
Bere a na odiyifo Daniel adi boro mfe 90 no, wante nka sɛ wate Yehowa akwan ase awie. Wɔ ne mfe a etwa to mu no, obisaa eyi faa asɛm bi a na ɔnte ase yiye ho: “Me wura, nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?” (Daniel 12:8) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ a emu yɛ den a ɔkɔɔ so nyae sɛ obesua Onyankopɔn nokware ho nsɛm pii no maa otumi kuraa ne mudi mu wɔ ne nkwa nna a nsɛm pii sisii no nyinaa mu.—Daniel 7:8, 16, 19, 20.
Yehowa somfo biara wɔ asɛyɛde a ɛte saa ara sɛ ogyina pintinn sɛ N’Adansefo no biako. Kɔ so nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubesua ade ma woanya honhom fam ahoɔden. Bɔ mmɔden fa ade foforo biako anaa abien ka dapɛn, ɔsram, anaa afe biara nhyehyɛe a woayɛ ama kokoam adesua no ho. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn behyira wo wɔ mmɔden kakra biara a wobɛbɔ no ho. Yiw, nya wo kokoam Bible adesua ne nhyira a efi mu ba no mu anigye.—Dwom 107:43.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya pii afi w’adesua mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wohwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no, Po 1, nkratafa 464-6.