Yɛ Den Honhom Mu, Ma Wo Ho Ntew Mma Yehowa Som
1 Wɔ Yesaia 60:22 no, Yehowa hyɛɛ bɔ bi a yɛrehu ne mmamu: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” Sɛ yɛka ɔman bi a, yɛkyerɛ nnipadɔm kɛse a nneɛma a wɔn nyinaa ani gye ho aka wɔn abom, a wɔreyɛ wɔn ade wɔ nniso a wɔahyehyɛ bi tumi ase.
2 Afe 1991 asɛnka akontaabu no kyerɛe sɛ yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 4,278,820 wɔ wiase nyinaa, afe a etwaam no de so nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 6.5. Yehowa aboaboa nnipa komapafo a wɔpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nhyehyɛe a ɛhyɛ nnipa so yi ho, na wɔabɛyɛ Mesia Ahenni nniso a ne Ba Yesu Kristo di so no nkoa anokwafo dɔm kɛse bi ano ampa. Wɔn a wɔboaboa wɔn ano afe biara no dodow nya nkɔanim bere nyinaa. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛyɛ ɔman yi a wobetumi aka ho asɛm sɛ wiase foforo abusua bi no mufo. Nnipa a wɔbaa 1991 Nkaedi no ase dodow yɛ 10,650,158, 1990 de no so nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 7. Eyi kyerɛ sɛ nnipa pii betumi abɛka yɛn ho sɛ Ahenni no nkoa.
3 Nokwarem no, yehu sɛ ɛnyɛ nnipa a wɔbaa Nkaedi a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ase no nyinaa na wɔatwe wɔn ho afi wiase yi ho akodu baabi a ehia sɛ yegye wɔn tom koraa sɛ Yehowa nkurɔfo. Nnipa a wofi amanaman nyinaa mu ‘resen yuu aba Yehowa fi,’ nanso ehia sɛ ‘yɛkyerɛ wɔn n’akwan’ nyinaa na wɔatumi ‘anantew n’atempɔn so.’ (Yes. 2:2-4) Wɔn a wɔbaa Nkaedi no mu ɔpepem anan ne akyi agye Onyankopɔn akwankyerɛ atom, wɔanya honhom fam ahoɔden a akanyan wɔn ma wɔakura abrabɔ a ɛho tew mu, na wɔfata sɛ wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma a yɛreyɛ mprempren no bi. (Mat. 24:14) Saafo no wɔ Yehowa anim dom, na wonya nsiesiei ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɔde ma wɔn no nyinaa mu mfaso horow no. Sɛ ɔpepem asia ne akyi a wɔaka no nso bɛyɛ den wɔ honhom mu, na wɔn ho atew ama Yehowa som a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
4 Ɛsɛ sɛ ‘wɔpere gyidi no denneennen.’ (Yuda 3) Sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛnantew Yehowa kwan so pɛ a, wɔba Ɔbonsam nhyɛso ase denam sɔhwɛ ne nkɛntɛnso bɔne ahorow so. Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so na wama wɔn ahoɔden a wɔde begyina ano. (Fil. 4:13) Yehowa nam wɔn a wɔayɛ den wɔ gyidi no mu dedaw no so na ɔma saafo no ahoɔden. Paulo de afotu mae sɛ “yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw.” (Rom. 15:1, 2) Sɛ wɔn a wɔyɛ den ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw no yɛ biako a, wonya ahoɔden a wɔde begyina pintinn. “Baanu ye sen obiako. . . . Na sɛ obi toa wɔn mu biako a, baanu no ne no besi anim.”—Ɔsɛnk. 4:9, 12.
5 Eyi kyerɛ sɛ afoforofo de wɔn ho to yɛn so wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ wɔn a wɔnam wɔn so betumi anya ahoɔden afi Yehowa hɔ. Sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no betumi aboa afoforofo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ den wɔ honhom mu. Kristofo a wɔyɛ den no tumi ‘de honhom dom akyɛde horow’ a ɛma ‘wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma.’ (Rom. 1:11, 12) Eyi ne akwan atitiriw a Yehowa nam so ka yɛn bom na ɔma yɛn nyinaa ‘ase tim na yɛyɛ den’ no mu biako.—1 Pet. 5:9-11.
6 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛboa afoforofo yi na bere koro no ara mu no, yɛma yɛn ani ku yɛn ankasa honhom fam ahiade ahorow ho. (Mat. 5:3) Ahoɔden a yɛwɔ no fi yɛn honhom mu yiyedi. Eyi yɛ su a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no den denam honhom fam aduan a yebedi daa no so. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de nhyehyɛe ahorow a ɛkari pɛ a yɛde besua n’Asɛm ma. Dapɛn biara mu asafo nhyiam horow anum no di dwuma titiriw wɔ yɛ a yɛbɛyɛ den no mu, na ‘ɛtwetwe yɛn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’—Heb. 10:24.
7 Sɛ yɛde kokoam ne abusua adesua ho su pa ka ho a, ɛma mfaso horow a yenya fi nhyiam horow yi mu no yɛ bebree. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkenkan daa asɛm no na yɛasusuw ho, adi Bible akenkan ho nhyehyɛe a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe no mu no akyi, na yɛasiesie yɛn ho ama Nhoma Mu Adesua ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Ɛsɛ sɛ abusua biara hu sɛnea wɔbɛyɛ ɛno ho nhyehyɛe, na wɔhwɛ yɛ no daa. Afei nso, ɛsɛ sɛ abusua ti no hwɛ sɛ adesua ho nhyehyɛe no di abusua no honhom mu ahiade ho dwuma pɔtee. Saa kwan yi so no, ‘wobesi ɔdan no, na agyina.’ (Mmeb. 24:3) Sɛ yɛma yɛn ani ku yɛn adesua su ho sɛ ankorankoro ne mmusua a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira yɛn, na ne honhom bɛboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ ahorow ano.—Yak. 1:2, 3; 1 Pet. 4:11.
8 Ma Wo Ho Ntew a Ahohorabɔ Biara Nni Wo Ho: Ɛwom sɛ Yehowa de anigye to nsa frɛ yɛn sɛ yentwiw mmɛn no de, nanso bere koro no ara mu no, ɔma ɛda adi pefee sɛ ɔnam Yesu mogya a ohwie gui a ‘ɛtew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu’ no mu gyidi a yɛkyerɛ so na ɔyɛ saa. (1 Yoh. 1:7; hwɛ Hebrifo 9:14 nso.) Yebetumi akɔ so ahyɛ yɛn gyidi den denam Onyankopɔn Asɛm a yɛn ankasa yebesua na yɛde nea yesua no adi dwuma no so. Akyiri yi ebinom hwe ase efisɛ wonni honhom fam aduan anaasɛ wɔmmɔ mmɔden ahe biara sɛ wɔde bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Eyi ma Satan nya kwan tow hyɛ wɔn so. Ebinom ayeyɛ mmerɛw wɔ honhom mu, na ama wɔagyae nhyiam ne asɛnka kɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ afoforo ayɛ bɔne a anibere wom, na ama wɔatu wɔn. Paulo de kɔkɔbɔ mae sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Kor. 10:12) Sɛ yɛhyɛ da bu yɛn ani gu adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka so a, nkɛntɛnso a ɛho ntew ne sɔhwɛ ahorow betumi asum yɛn afiri ntɛm.—Heb. 2:1; 2 Pet. 2:20-22.
9 Ɛho hia sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ ɔkwan biara so: honam, adwene, honhom, ne abrabɔ fam. (2 Kor. 7:1) Wiase a atwa yɛn ho ahyia no abrabɔ kɔ so sɛe kɛse da biara. Ɔbonsam kɔ so nya nnaadaa akwan pii a ɔbɛfa so asum yɛn afiri. Sɛ yɛma yɛn ho yɛ den wɔ honhom mu a, ɛma ‘yehu ne nnɛɛdɛe na wanni yɛn amim.’ (2 Kor. 2:11) Akwankyerɛ ne afotu a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no ma yetumi hu nkɛntɛnso bɔne ahorow na yɛko tia.
10 Ɛyɛ wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no asɛyɛde sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo wɔ wɔn ho a wɔbɛma ayɛ den na atew no mu. Paulo sii saa asɛyɛde yi so dua bere a ɔkaa asɛm yi no: “Monkae mo mpanyimfo. . . . Monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” (Heb. 13:7) Ɛho hia sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔapaw wɔn yɛ nhwɛso pa wɔ wɔn ankasa abrabɔ ne sɛnea wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma sɛ mmusua ti no mu. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ aberante Timoteo, a wɔhyɛɛ no sɛ ‘ɔnyɛ nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu’ no. (1 Tim. 4:12; 1 Pet. 5:3) Ɛyɛ yɛn a yɛaka no nyinaa nso asɛyɛde sɛ yɛyɛ nhwɛso pa denam abrabɔ pa a yebekura mu no so. Afoforofo taa de nea wohu wɔ yɛn ho no na ɛkyerɛ sɛnea nokware no ne Yehowa ahyehyɛde no te. Yɛpɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ nea wohu no hyɛ wɔn nkuran sɛ wommegyina wɔn afã wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no mu.
11 Anoboaboa ma nkwagye wɔ “ahohia kɛse” no mu no renya nkɔanim. (Adi. 7:14) Wɔn a wɔbɛyɛ den wɔ honhom mu na wɔbɛma wɔn ho atew no nkutoo na awiei koraa no wobenya nkwa. Pii gyina nneɛma yi so: (1) kokoam adesua ho su pa a yebekura mu ne Onyankopɔn Asɛm ho a yebedwen; (2) kyerɛ a yɛbɛkyerɛ yɛn ho yɛn ho ho nokware anigye esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nkuranhyɛ ma nti; ne (3) bɔ a yɛbɛbom ayɛ adwuma de akura abrabɔ a ɛho tew a ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam mu. Saa nneɛma yi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya awerɛhyem sɛ yebenya Yehowa nhyira ne ahobammɔ bere a wiase yi ba n’awiei no. Yebetumi anya ahotoso sɛ yɛbɛka ‘wɔn a wodi nokware a Yehowa hwɛ wɔn so’ no ho.—Dw. 31:23.