Nea Nsɛm A Esisi Mprempren No Kyerɛ A Yebehu
1 “Wi yi ase su retwam.” (1 Kor. 7:31) Eyi da adi wɔ nsɛm a ɛresisi ntɛmntɛm mprempren no mu. Sɛ wode ka nea ɛresisi wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no nyinaa ho a, ɛkyerɛ dɛn ma w’ankasa?—Luka 21:28.
2 Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu si so dua sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne mu no nyinaa wɔ ne nna a edi akyiri mu. (Mat. 24:3-14; Luka 21:7-11) Yesu kae sɛ “awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.” (Luka 21:32) So wuhu nea eyi kyerɛ ma mo asasesin no mu nnipa a wonnya mmegyinaa Yehowa afa no? Sɛ wunim a, nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ w’asɛnka adwuma so?—Luka 21:34-36.
3 Boa Afoforo Bere a Ɛbere Da So Wɔ Hɔ Yi: Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔmfa hokwan a tebea pa ma wonya no nni dwuma mfa nna asɛmpa no adi nkyerɛ. (Yoh. 9:4) Ɔsomafo Paulo de afotu koro no ara mae bere a ɔhyɛɛ Kolose anuanom no sɛ “monnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam, na monhwɛ mo adagyew so yiye” no.—Kol. 4:5.
4 Ebinom atie ɔsomafo no afotu a ese wɔntɔ bere no, na wɔabɛyɛ daa akwampaefo. Mmofra pii abɛyɛ daa akwampaefo bere a wɔda so ara kɔ sukuu no, na wɔatumi abɔ mmɔden yiye wɔ saayɛ mu. Mmofra a wɔkɔ sukuu betumi atɔ bere pa de aboa wɔn mfɛfo sukuufo ma wɔate nea nsɛm a ɛresisi nnɛ no kyerɛ ne daakye ho anidaso pa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no ase.—Ɔsɛnk. 12:1.
5 Yɛnam Nyan! nsɛmma nhoma no a yɛde bedi dwuma wɔ hokwan biara a yebenya no mu no so betumi de yɛn bere adi dwuma pa wɔ asɛnka mu wɔ November mu. Nsɛmma nhoma yi ma yɛte nea nsɛm a ɛresisi mprempren no kyerɛ ase ankasa. Fa ma nnipa a nea ɛrekɔ so no ho asɛm haw wɔn, a wuhu wɔn bere a woyɛ adwuma wɔ afie afie no. Fa ma wo mfɛfo sukuufo anaa nnipa a wɔwɔ w’adwumam. Si nsɛmti a ebia nnipa a wunim wɔn no ani begye ho titiriw no so dua. Sɛ nhwɛso no, October 8, 1991 Awake! no kura mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade ho nsɛm. Asɛmti yi ho asɛm hia nnipa pii.
6 Ɔkwan bɛn so na wubetumi de mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi dwuma? Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi abisa ofiewura no sɛ: “Wususuw sɛ dɛn nti na yehyia tebea a ebu abam pii saa nnɛ?” Sɛ obua wie a, wubetumi de aka ho sɛ: “Bible no gye tom sɛ nnipa pii asetra yɛ nea anidaso nnim na abasamtu wom. Hwɛ nea wɔaka wɔ ha wɔ Ɔsɛnkafo 2:17.[Kenkan.] So wugye nea wɔaka wɔ ha no tom? [Ma ommua] Dɛn na wobɛka sɛ ɛbɛma obi a ohyia ɔhaw pii no anya awerɛkyekye? [Ma ommua.] Kyerɛwsɛm a ɛma yenya asetra ho adwempa ni. [Kenkan Dwom 37:39, 40.] Eyi nti na Yehowa Adansefo hyɛ Bible ɔkyerɛkyerɛ ho nkuran no. Sɛ nhwɛso no, hyɛ asɛmti a wɔka ho asɛm wɔ yɛn Awake! nsɛmma nhoma a aba foforo yi mu no nsow.” Afei, wubetumi agyina anigye a ɔkyerɛe no so atumi ahu sɛ ebia ɛsɛ sɛ woma ɔkra nsɛmma nhoma no, anaasɛ woma no nsɛmma nhoma no bi anaasɛ ɛbɛfata kɛse mmom sɛ wobɛma no kratawa kɛkɛ.
7 Akyinnye biara nni ho sɛ anigye mmere a ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa ni. Ɛmmra sɛ nokwasɛm yi bɛkanyan yɛn ma yɛde hokwan ahorow adi dwuma pa wɔ ɔsram yi mu de aboa nnipa komapafo pii ma wɔahu nea nsɛm a ɛresisi mprempren no kyerɛ ankasa.