Boa Dapɛn Mfinimfini Asɛnka Nhyehyɛe No
1 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa awiei bere ho no mu no, ɔkae sɛ: “Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Wɔ saa ahyɛde yi ho osetieyɛ mu no, ɛnyɛ dapɛn awiei nkutoo na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu na mmom wɔ dapɛn no mu nyinaa nso. Wɔhyɛ asafo mu mpanyimfo nkuran sɛ wɔnyɛ asɛnka nhyiam horow a ɛfata wɔ dapɛn no mu ho nhyehyɛe. So wutumi ne afoforo a wɔwɔ w’asafo no mu nya dapɛn mfinimfini asɛnka mu kyɛfa?
NHYEHYƐE A WƆAYƐ NO YIYE HO HIA
2 Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no di anim ma wɔyɛ nhyehyɛe pɔtee bi ma dapɛn mfinimfini asɛnka. Ɛsɛ sɛ mmeae, nna, ne mmere no yɛ nea eye ma adawurubɔfo no mu dodow no ara. Asafo no na ɛyɛ asɛnka nhyiam horow ho nhyehyɛe na mpanyimfo, asafo mu asomfo, anaa anuanom mmarima afoforo a wɔn ho akokwaw na wɔtaa hwɛ so. Sɛ anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw saa no bi nni hɔ a, wobetumi ama anuawanom a wɔagye asubɔ na wobetumi no ahwɛ so. (Hyɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma, kratafa 77, nkyekyem 3 nsow.) Onuawa bi a wɔde bɛhyɛ ne nsa no bɛkata ne ti so na ɔbɛtra ase bere a ɔhwɛ asɛnka nhyiam no so no.
3 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde bɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ nhyiam horow yi so no siesie wɔn ho yiye. Wobetumi asusuw da no mu asɛm ho, titiriw sɛ ɛfa asɛnka ho a. Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛntitiriw a ɛwɔ Asɛnka Nhyiam Horow mu no di dwuma. Ɛsɛ sɛ wodi asasesin ne kuw ho dwuma sɛnea ɛfata. Wobetumi akyerɛ anigye titiriw wɔ adawurubɔfo a wɔyɛ afoforo a ebia wɔrenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa a wɔbɛboa wɔn no ho. Esiane ntetee ne fekubɔ nti, eye sɛ wɔbɛyɛ adwuma “baanu baanu.” (Luka 10:1) Nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wobekwati nnipa baasa anaa baanan anaa baanum mpo a wɔma wɔbom yɛ afie afie adwuma no.
BOA MO ASAFO MU NHYEHYƐE NO
4 Wɔn a wɔboa dapɛn mfinimfini asɛnka nhyehyɛe no nya hokwan ahorow pii a wɔde hyia afiewuranom a ebia wɔrento wɔn wɔ fie dapɛn awiei no. Ebia wubetumi ne adawurubɔfo ne akwampaefo afoforo a wonya asɛnka mu kyɛfa wɔ dapɛn no mu no ayɛ adwuma. Anuawanom a wɔwɔ mmofra a wɔkɔ sukuu pii ani sɔ saa nhyehyɛe ahorow yi. Adawurubɔfo binom a wɔwɔ ahokafo a wɔnyɛ gyidifo ahu sɛ nhyehyɛe a wɔyɛ de kɔ asɛnka wɔ dapɛn no mfinimfini no boa yiye. Mmofra a wɔwɔ sukuu akwamma no tumi boa dapɛn mfinimfini asɛnka nhyehyɛe no. Mpɛn pii no akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ a wɔbɛka afoforofo ne wɔn a wɔn ho nkokwawee pii no ho wɔ ɔsom adwuma no afã afoforo mu wɔ dapɛn no mu.
5 Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ onnu hɔ ntɛm na ɔnkonya nsusuwho ne mpaebɔ no mu kyɛfa. Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma wode wo ho ahyɛ asɛnka no mu wɔ nnamyɛ mu na woahwehwɛ nnipa a wɔfata no wɔ w’asasesin no mu.—Mat. 10:11.