Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Kuw Adansedi Mu
1 Afoforo a wɔne wɔn hyiam siesie wɔn ho ma asɛnka no yɛ adepa na ɛhyɛ den nso. Nsiesiei a ɛte saa no hyɛ yɛn nuanom den ma yɛde mmati koro bɔ asɛmpa no dawuru.
2 Ebia asafo ahorow bi bɛyɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe wɔ nhyiam a wɔyɛ daa wɔ Ahenni Asa so no bi akyi. Bere a dodow a wɔbɛboa saa nhyehyɛe yi bɛyɛ kɛse no, nhoma adesua so ahwɛfo de adwene kɔ adawurubɔfo a wɔwɔ wɔn akuw no mu no ahiade so ara. Saa nhyehyɛe yi betumi ayɛ nea eye ama adawurubɔfo a wɔbɛkɔ asɛnka saa da no mu pii. Sɛnea wɔn tebea te no, asafo afoforo yɛ wɔn dapɛn awiei asɛnka nhyiam horow wɔ Asafo Nhoma Adesua kuw biara mu. Ɛda adi sɛ mfaso wɔ saa nhyehyɛe yi so. Yegye tom sɛ tebea no sonsonoe wɔ asafo biara mu. Ɛtɔ mmere bi a akuw nketewaa bi a wɔbɛka abom no betumi ayɛ nea ɛfata. Enti ɛho hia sɛ mpanyimfo kuw no susuw wɔn tebea no ho na wosi nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya nea eye kyɛn so no ho gyinae.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, nkratafa 96-7.
BOA ASƐNKA NHYIAM HOROW NO
3 Kuw adansedi a wɔyɛ ho nhyehyɛe wɔ nhoma adesua kuw mu no ma ɛsohwɛfo no nya hokwan fɛfɛ sɛ n’ankasa de mmoa bɛma. Adawurubɔfo afoforo ne wɔn a wɔn ho akokwaw nyinaa betumi anya mfaso afi mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔne wɔn yɛ adwuma no mu.
4 Wobetumi ayɛ dapɛn mfinimfini asɛnka nhyiam wɔ Ahenni Asa so anaasɛ wɔ mmeae afoforo a eye ma adawurubɔfo no. Sɛ́ ebia wɔbɛyɛ nhyiam horow abien anaa nea ɛboro saa no gyina ɛhɔ tebea ne mpanyimfo, asafo mu asomfo, anaa ankorankoro a wɔfata a wobenya wɔn ma wɔahwɛ nhyiam no so na wɔadi asɛnka no anim no so.
5 Esiane sɛnea mmere no gye ntɛmpɛ no nti, yɛpɛ sɛ yɛde Ahenni nkrasɛm no du nnipa dodow biara a yebetumi no nkyɛn. Dɛn na nhoma adesua so ahwɛfo anaasɛ wɔn a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ akuw no so no betumi ayɛ de ahu sɛ obiara de bere a wɔahyɛ ama kuw adansedi no di dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so? Adesua so ahwɛfo betumi ama atra wɔn adwene mu sɛ ɛnsɛ sɛ asɛnka nhyiam no di boro simma 10 kosi 15. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma, kratafa 77) Sɛ wɔkyekyɛ asasesin ansa na wɔakɔ a, wobetumi akora bere pii so na wɔakwati kuw akɛse a wohyia mmorɔn ntwea so na ɛyɛ te sɛ nea wonni nhyehyɛe biara no. Ebinom ahu sɛ ɛboa sɛ wɔde asasesin no fã bi bɛhyɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nsa bere tenten bi. Enti, bere a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw no, wobetumi afi hɔ ntɛm ara akɔ wɔn asasesin no mu. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ma n’ani da hɔ sɛ obedi kuw nhyehyɛe nsɛnnennen biara ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya bere pii ama asɛnka.
6 Adawurubɔfo a wɔakyɛ de anigye pii kae osuahu ahorow a wɔne wɔn a wɔne wɔn yɛɛ adwuma wɔ kuw dwumadi mu no nyae no. Osuahu ahorow a ɛtete saa no hyɛ asafo no biakoyɛ ne Kristofo ɔdɔ hama no mu den. Bere a ɛtɔ mmere bi a ntease pa wom sɛ adawurubɔfo baanu bɛbom ayɛ adwuma no, wɔ nsasesin pii mu no sɛ obi nkutoo yɛ adwuma bere a afoforo nso redi adanse wɔ baabi a ɛbɛn hɔ a, wobetumi ayɛ pii. Wɔ baabi a tebea no ma kwan no, sɛ yɛn nkutoo yɛ adwuma wɔ asɛnka mu a, ɛma yetumi du nnipa pii nkyɛn, na ebetumi ayɛ ntetee pa ama daakye sɛ ɛba sɛ wɔde anosiw a wɔnhwɛ kwan ba yɛn adwuma no so a. (Hwɛ June 1, 1986 Ɔwɛn-Aban, kratafa 18, nkyekyem 11) Ɛsɛ sɛ atɛmpa ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ pii sɛnea yebetumi kyerɛ nhyehyɛe horow a yɛyɛ no kwan.
7 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristo a na wɔwɔ ne bere so no nkuran sɛ ‘wonso anidaso asɛm a wogyina so ka no mu pintinn.’ Afei nso ne nsɛm a efi honhom mu no ka kyerɛ yɛn sɛ “yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam . . . na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:23-25) Ɛdenam yɛn asafo no nhyehyɛe ma kuw adansedi no a yɛbɛboa so no, ɛmmra sɛ yebetumi atwetwe yɛn mfɛfo Ahenni adawurubɔfo akɔ “ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” Bere a yɛyɛ saa no, yebenya akatua pa pii wɔ Yehowa som mu.