Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma March: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! April ne May: Yɛbɛma nkurɔfo akra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. June: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? Sɛ munni bi a, momfa The Bible—God’s Word or Man’s? anaasɛ nhoma foforo biara a ekura nkratafa 192 nni dwuma.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu March 1 anaasɛ ɛno akyi pɛɛ. Sɛ wɔyɛ saa wie a, wɔmmɔ asafo no amanneɛ.
◼Amanneɛbɔ bi a wɔde ma wɔ February Yɛn Ahenni Som mu afe biara ka sɛ ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no “nhwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu.” Amanneɛbɔ a efi ahwɛfo akwantufo hɔ kyerɛ sɛ wɔnyɛ eyi wɔ asafo ahorow pii mu. Yɛde eyi rekae ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no sɛ wɔnyɛ saa a wɔntwentwɛn wɔn nan ase bio.
◼ Yɛbɛhyɛ Nkaedi no ho fã April 14, bere a owia akɔtɔ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosiesie fefeefe de kae Yesu wu no.