Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/95 kr. 2
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Kae sɛ Wode Brochure Ahorow Bedi Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 3/95 kr. 2

Asemmisa Afã

◼ Ɛsɛ sɛ yɛn ani kũ nnwinnade a yɛde di dwuma wɔ adansedi adwuma mu no ho dɛn?

1 Asɛmpa no ho dawurubɔfo bi betumi anya Kyerɛwnsɛm mu asɛm a wɔka kyerɛ a ɛfata wɔ n’adwenem, nanso sɛ ɛba nnwinnade a ɔde di dwuma no so de a, ebia na ɔnyɛɛ ahosiesie. Bere a wakɔ fie bi mu no, ebia na onni nhoma a yɛde redi dwuma saa bere no bi. Ebetumi aba sɛ nsɛmma nhoma, brochure ahorow, ne nkratawa a ɛwɔ n’adansedi bag mu no amoamoa anaa ayɛ basaa. Ebia ɔrenhu ne kyerɛwdua anaa afie afie kyerɛwtohɔ kratasin esiane sɛ ɔnhyehyɛɛ ne bag mu nneɛma yiye nti. Ɛho hia sɛ wohwɛ wo nnwinnade no yiye ansa na woafi asɛnka adwuma ase.

2 Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wode hyɛ adansedi bag mu na adi mũ? Bible ho hia. Fa afie afie kyerɛwtohɔ kratasin ka ho. Hwɛ hu sɛ wowɔ nhoma a yɛde redi dwuma saa ɔsram no bi. Wuhia nsɛmma nhoma ne afei nkratawa ne brochure ahorow nso. Fa Reasoning nhoma no. Sɛ wowɔ Yɛn Ahenni Som a aba foforo no bi a, ɛbɛma woatumi ahwehwɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no mu ansa na woakɔ fie no mu. Sɛ woreyɛ adwuma wɔ asasesin a wubetumi ahyia nnipa a wɔka ɔman foforo kasa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubenya nhomawa Good News for All Nations no bi. Yɛn nhoma ahorow a wɔayɛ ama mmofra no biako a wubenya no bɛboa wo ma woayɛ krado sɛ wo ne mmofra bɛkasa.

3 Ɛsɛ sɛ wohyehyɛ biribiara a wode di dwuma no fɛfɛɛfɛ wɔ wo bag mu. Ɛho nhia sɛ bag no ankasa yɛ foforo, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho tew a ɛnsɛee. W’adansedi bag no ka nnwinnade a wode di dwuma wɔ asɛmpa no ka mu no ho. Di no ni.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena