Monkyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ
1. Dɛn nti na wɔn a wɔn biribi awu no hia awerɛkyekye?
1 Sɛ ɔdɔfo bi wu a, ɛma nkurɔfo haw yiye, ne titiriw wɔn a wonni Ahenni anidaso no. (1 Tes. 4:13) Nnipa pii taa bisa sɛ: ‘Dɛn nti na nnipa wu? Ɛhe na wɔkɔ? So mɛsan ahu me dɔfo a wawu no bio?’ Nyansahyɛ ahorow bi a yɛde bɛkyekye wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu a wodi wɔn busuani anaa wɔn adamfo bi wu ho awerɛhow no werɛ na edidi so yi.—Yes. 61:2.
2. Sɛ ofiewura bi ka kyerɛ yɛn sɛ ne biribi awu a, so ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi no adanse tenteenten?
2 Afie Afie: Ebia ofiewura bi bɛka akyerɛ yɛn sɛ nnansa yi ara na ne busuani bi wui. So wahaw? Abusuafo a wɔredi awerɛhow ayɛ fie hɔ ma? Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenni adanse wɔ hɔ nkyɛ. (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Ebia yebetumi ama no hyɛden, de kratawa, nsɛmma nhoma anaa nhomawa bi a ɛfata ama no, na yɛde obu afi hɔ akɔ. Ɛno akyi no, yebetumi asan akɔ hɔ wɔ bere pa mu akɔka awerɛkyekyesɛm a efi Bible mu akyerɛ no.
3. Sɛ tebea no ma kwan a, kyerɛw nsɛm bɛn na yebetumi akenkan akyerɛ ofiewura a ne biribi awu no?
3 Ɛtɔ da bi a, ebia yebehu sɛ yebetumi akasa akyɛ kakra wɔ bere a edi kan a yɛkɔɔ hɔ no mu. Ɛwom sɛ ɛnyɛ saa bere yi na yɛbɛbɔ adwene a ɛnteɛ a wokura no agu de, nanso yebetumi ne wɔn akenkan owusɔre ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no. (Yoh. 5:28, 29) Anaa yebetumi aka nea Bible ka wɔ awufo tebea ho no akyerɛ wɔn. (Ɔsɛn. 9:5, 10) Bible mu kyerɛwtohɔ bi a ɛfa owusɔre ho no betumi akyekye ne werɛ. (Yoh. 11:39-44) Ade foforo a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛne no besusuw Yehowa mu anidaso a ɔnokwafo Hiob daa no adi no ho. (Hiob 14:14, 15) Ansa na yebefi hɔ akɔ no, yebetumi de Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Bere a Obi a Wodɔ No Awu, anaa nhomawa anaa kratawa foforo a ɛfata ama no. Anaasɛ yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ama no, na yɛatwe n’adwene asi ti 6 no mu nsɛm so na yɛayɛ nhyehyɛe asan ne no akosusuw ho.
4. Bere foforo bɛn mu na yebetumi akyekye afoforo werɛ?
4 Wɔ Mmere Foforo Mu: Sɛ wɔreyɛ ayi anaa wɔrema ayi ase ɔkasa wɔ Ahenni Asa so a, so wɔn a wɔnyɛ gyidifo bɛba? Yebetumi de nhoma ahorow a ɛma awerɛkyekye ama wɔn. Bere biara a wobɛkɔ ayi no, fa Bible ne yɛn nhoma ahorow no bi hyɛ wo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de akyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. (1 Pet. 3:15) Mmeae a wɔdeda funu no bi so ahwɛfo ani gye ho sɛ wobenya nhoma bi a ɛfata ama abusuafo a wɔn biribi awu no. Ɛtɔ mmere bi a, adawurubɔfo hwɛ ayi ho amanneɛbɔ a ɛba atesɛm nkrataa mu no na wɔkyerɛw krataa tiawa bi de kɔkyekye abusuafo a wɔn biribi awu no werɛ. Nhwɛso biako ne sɛ, bere a ɔbarima bi a ne yere awu ne ne babea nyaa krataa ne nkratawa bi no, wɔkɔɔ ɔdawurubɔfo no fie kobisaa no sɛ: “So mo na mokyerɛw krataa yi brɛɛ me? Mepɛ sɛ mihu Bible no mu nsɛm pii!” Ɔbarima no ne ne babea no penee so sɛ wɔne wɔn nsua Bible no, na wofii ase kɔɔ asafo nhyiam horow.
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛakyekye wɔn a wɔn biribi awu no werɛ?
5 Bible ka sɛ: “Awerɛhow fie kɔ ye sen apontow fie kɔ.” (Ɔsɛnk. 7:2, NW) Enti sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkɔ ayi bi a, momma yɛmfa botae bi nsi yɛn ani so. Momma yɛn nyinaa nhwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛakyekye wɔn a wɔredi wɔn dɔfo bi wu ho awerɛhow no werɛ.