Anisɔ a Wubenya Ama Kristo Wu No
1 “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Mat. 20:28) Onipa foforo biara nni hɔ a watra asase so pɛn a obetumi ayɛ nea Yesu Kristo yɛ maa adesamma no. Ɛdenam n’asetra kwan ne awiei koraa no, ne wu wɔ dua so so no, wakyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya akyɛde a ɛsen biara a obi betumi anya, daa nkwa. Nanso, nnipa mu fã kɛse no ara ani nsɔ nea Kristo yɛe no ahe biara.
2 Susuw akwatafo du a Yesu hyiaa wɔn no ho. Bere a wohuu Yesu no, wɔteɛɛm sɛ: “Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ!” (Luka 17:13) Ohuu wɔn mmɔbɔ, na sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ na wɔmfa wɔn ho nkɔkyerɛ asɔfo no. Wɔnam kwan so rekɔ no, akwatafo du no nyinaa ho tɔɔ wɔn.
3 Nanso wɔn mu biako pɛ na ɔsan n’akyi baa Yesu nkyɛn bɛdaa no ase. Na baakron a wɔaka no nso ɛ? Wɔtoaa so kɔɔ wɔn kwan a wɔannya adwene biara sɛ wɔbɛda nea ɔyɛɛ wɔn adɔe no ase. (Luka 17:15-17) Wɔn mu hena na yɛsɛ no? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ te sɛ nea ɔsan n’akyi no. Na ɔwɔ nokware anisɔ. So saa na yɛte nka wɔ Kristo wu no ho?
4 Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ: Afe biara Asafo ti no kyerɛ Bible no mu nkyekyem pɔtee bi a yɛbɛkenkan wɔ dapɛn a edi Nkaedi da no anim no mu. Yebetumi ahu Bible mu nsɛm a wɔkyerɛ sɛ yɛnkenkan no wɔ 1992 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so April 12-17 no ase. Yebetumi ada anisɔ a yɛwɔ no adi denam nsɛm a esisii wɔ Yesu asetra mu bere tiaa bi ansa na ɔrewu yi a yɛbɛkenkan na yɛadwen ho no so.
5 Yɛn asɛnka adwuma no fa anisɔ a yebenya ama Nkaedi no ho. Mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa na ama akwampaefo ne adawurubɔfo atumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ asɛnka adwuma no kɛse wɔ April mu.
6 Eyi taa yɛ ɔsram a mpem du du pii yɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi. Nnipa 930 na wɔyɛɛ bi wɔ Ghana ha wɔ afe a etwaam no April mu. So nnipa a wɔdɔɔso sen saa betumi ayɛ bi April mu? Sɛ woantumi anyɛ akwampaefo boafo a, yɛ nhyehyɛe sɛ wubenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse sɛnea wo nsɛm tebea bɛma kwan.
7 Ma Afoforo Nnya Anisɔ: Afe biara no, anigyefo pii ne yɛn hyiam wɔ Nkaedi no ase. Sɛ nhwɛso no, nnipa 10,650,158 a wɔbaa Nkaedi no wɔ wiase nyinaa wɔ afe a etwaam no March mu no mu 6,370,000 ne akyi yɛ anigyefo. Eyi kyerɛ sɛ ahyehyɛde no betumi anya nkɔanim kɛse.
8 Ɛsɛ sɛ yɛde Asafo ti no nkrataa a wɔatintim a wɔde to nsa frɛ afoforo no di dwuma, na yɛyɛ kar ho nhyehyɛe ma Bible asuafo ne anigyefo wɔ faako a ɛho hia no. Sɛ woreto nsa afrɛ wɔn a, da anigye kɛse adi.
9 Boa wɔn ma wonhu nea enti a wɔde Nkaedi no sii hɔ, wɔn a wodi abodoo na wɔnom nsa no bi, ne nea abodoo ne nsa no yɛ ho mfonini. (1 Kor. 11:23-26) Afei nso, kyerɛkyerɛ anidaso a wɔn a wodi abodoo na wɔnom nsa no bi no wɔ, ne nea wɔn a wɔbɛhwɛ na wonni abodoo na wɔnnom nsa no bi wɔ no mu. (Yoh. 10:16; Adi. 14:3, 4) Eyi bɛboa anigyefo ma wɔate ase sɛ ɛho hia sɛ wɔn nyinaa ‘nya gyidi,’ ne sɛ Kristo wu Nkae a wɔba pɛnkoro pɛ kɛkɛ afe biara no nnɔɔso.—Yoh. 3:16.
10 Kristo wu Nkae no yɛ adeyɛ titiriw. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye wɔ ho a, yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Kristo ayɛ ama yɛn no nyinaa ampa. Yɛn Bible asuafo ne anigyefo afoforo a yɛbɛma wɔanya bere yi ho anisɔ no bɛboa wɔn nso ma wɔanya gyidi wɔ Yehowa agyede nsiesiei a ɛnam Yesu Kristo so no mu.