Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/83 kr. 1-2
  • Ɛda A Ɛho Hia Titiriw Wɔ 1983 Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛda A Ɛho Hia Titiriw Wɔ 1983 Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ANISƆ KƐSE MA SAA DA NO
  • Anisɔ a Wubenya Ama Kristo Wu No
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nkaedi No Mu Mfaso Kɛse A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 3/83 kr. 1-2

Ɛda A Ɛho Hia Titiriw Wɔ 1983 Mu

1 Wubu Yesu Kristo nkwa sɛ ɛsom bo dɛn? Yuda buu no sɛ ɛnsom bo nsen sika a wɔde tɔ akoa. Ɔkwan foforo so no, Yehowa buu ne Ba a ɔwoo no koro no sɛ nea ɔsom bo sen biara wɔ n’abɔde nyinaa mu! Ná ne desani nkwa no som bo araa ma wotumi de tɔɔ adesamma nyinaa. (1 Yoh. 2:2) Ɔyɛɛ eyi denam ne wu no so, nneɛma atitiriw wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu biako.

2 Ne saa nti, wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnkae saa da no wɔ ɔkwan a Yesu ankasa kyerɛe no so. (1 Kor. 11:23-26) Bere ankasa a wɔde hyɛ saa fa yi nyɛ nea ayera na mmom wɔakyerɛw ato hɔ wɔ nokware mu, na wɔakora so. Afe yi Nkaedi no si Benada, March 29, na ɛma eyi yɛ da a ɛho hia titiriw wɔ 1983 mu. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama ayɛ da a ɛho hia titiriw wɔ afe no mu ama wo? Kristo wu Nkae no a yɛbɛma ɛho ahia yɛn mu biara no bɛkyerɛ bo a yehu sɛ ogye afɔre a ɔbɔ maa yɛn no som kɛse.​—1 Yoh. 5:13.

ANISƆ KƐSE MA SAA DA NO

3 Wɔ nnansa yi mfe yi mu no Asafo no ahyɛ Bible akenkan ma Nkaedi dapɛn no ho nyansa. Nhyehyɛe no wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu. Dɛn nti na wonyɛ nea ɛsen asɛm no ara kwa a wobɛkenkan afe yi? Ebinom paw bere a biribiara renhaw wɔn wɔ da no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn adwene asi nneɛma a esisii wɔ Yesu asetra mu bere tiaa bi ansa na ɔrewu no so ankasa na wɔasusuw ho. Afoforo nso ahu sɛ wotumi yɛ nneɛma a esisii no ho mfonini wɔ wɔn ani so denam wɔn ani a wɔkata bere a wɔrebɔ Bible akenkan a Asafo akyere agu hama so no afã horow a wɔahyɛ ho nyansa no. (Dw. 63:6) Saa kwan yi so no yehu adeyɛ no wɔ yɛn adwene mu ankasa na ebetumi aka yɛn na ama yɛn anisɔ no ayɛ kɛse. Afei nso, Asafo no asiesie ɔkasa foforo a wɔn a wɔbɛma Nkaedi ɔkasa afe yi no pii de bedi dwuma. Eyi de honhom mu aduan koro no ara ne nkuranhyɛ bɛma anuanom a wɔwɔ baabiara.

4 Ampa ɛyɛ bere a ɛfata nso sɛ yɛde hwehwɛ yɛn ankasa asetra mu. So Kristo afɔrebɔ no a woahu nea ɛkyerɛ ma wo no aka wo ma woayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia wɔ w’asetra mu na ama woanya n’anim dom no? Ɔsomafo Petro kae wɔ Yesu ho sɛ: “Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so, sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntra ase mma trenee.” (1 Pet. 2:24) Bere a yɛhwehwɛ yɛn asetra mu no ebia yebehu nsakrae ahorow a eye a ɛho hia sɛ yɛyɛ.

5 Na Nkaedi da no ankasa nso ɛ? Ebinom ahu sɛ wobetumi de da mu no nyinaa adi teokrase nneɛma ho dwuma. Wɔde adekyee mu nsɛm a abusua susuw ho fi da no ase, anaasɛ wɔn nkutoo yɛ saa, sɛ saa na tebea no kyerɛ a. Mpaebɔ a efi koma mu bɛboa yɛn ma yɛde adwene a ɛteɛ akɔ anwummere afahyɛ no ankasa ase wɔ anisɔ kɛse mu. (Efe. 6:18) Ebia ebinom betumi asrɛ kwan awia wɔ adwuma mu, anaasɛ mpo da mu no nyinaa, na wɔne Onyankopɔn nkurɔfo afoforo pii a wɔma eyi yɛ ɔsom da titiriw no anya ɔsom kronn mu kyɛfa.

6 April yɛ ɔsram a anuanom mpempem pii taa de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. April a etwaam no mu wɔ Ghana no, yenyaa akwampaefo aboafo 830 na wɔ April 1981 mu no yenyaa 946! Ɛkame ayɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, eyinom yɛ dodow a wɔyɛɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ asram afoforo mu no mmɔho abien. Esiane sɛ Nkaedi no si March awiei wɔ afe yi mu nti, so ɛrenyɛ ɔkwan pa a yɛbɛfa so akyerɛ yɛn anisɔ ankasa ama ɔdɔ nsiesie a ɛne Kristo ogye afɔre no denam bere nyinaa som adwuma no mu kyɛfa a yebenya wɔ April mu no so? Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wubisa ho kwan.

7 Bere a wiase a atwa yɛn ho ahyia no kɔ so mem wɔ nneyɛe bɔne akɛse mu no, momma yɛnkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no “wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.” (2 Pet. 3:11) Momma yɛnyɛ nhyehyɛe mprempren mfa mma Nkaedi bere no nyɛ bere a yɛde kyerɛ anisɔ titiriw ma nea Yehowa ayɛ nam ne Ba no wu no so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena