Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/98 kr. 8
  • To Nsa Frɛ Obiara a Sukɔm De No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • To Nsa Frɛ Obiara a Sukɔm De No
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ntɛmpɛ a Yɛde Bɛka Asɛmpa No
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Adesua Horow A Wobefi Ase Wɔ “Kingdom Come” Nhoma Mu So
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 2/98 kr. 8

To Nsa Frɛ Obiara a Sukɔm De No

1 Sɛnea odiyifo Amos ka siei no, ‘sukɔm, a ɛnyɛ nsu ankasa, na mmom Yehowa asɛm tie de,’ de adesamma abusua a ɛwɔ hɔ nnɛ no. (Amos 8:11) Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa nkurɔfo a honhom fam sukɔm de wɔn yi no, yɛka Onyankopɔn nsiesiei a ɛne sɛ obegye nnipa a wɔyɛ setie afi bɔne ne owu mu a wɔyɛ ho mfonini wɔ Adiyisɛm nhoma no ti a etwa to mu sɛ “nkwa nsu asubɔnten” no ho asɛm kyerɛ wɔn. Yɛanya hokwan sɛ yɛbɛto nsa afrɛ obiara a trenee ho sukɔm de no no sɛ ‘ommegye nkwa nsu no kwa.’ (Adi. 22: 1, 17) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi wɔ February mu? Ɛdenam Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no a yɛde bɛma no so. Ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a edidi so yi hwɛ:

2 Esiane sɛ akwahosan ho nsɛm haw nnipa pii nti, ebia wubehu sɛ saa kwan yi yɛ nea etu mpɔn:

◼ “Ayaresa pa ho ka a ɛrekɔ soro no ho asɛm haw nnipa pii. Ebia woasusuw saa asɛm yi ho pɛn. [Twɛn ma ɔnkasa.] So saa haw yi ano aduru koraa wɔ hɔ? [Twɛn ma ommua.] Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bi ni.” Kenkan Adiyisɛm 22:1, 2. Afei bue mfonini a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no nkratafa 308-9 no, na fa kratafa 311 no nkyekyem 22 no kyerɛkyerɛ mu. Ka eyi fa wie sɛ: “Saa nhoma yi susuw Adiyisɛm nhoma no mu nkyekyem biara ho.” Fa nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba hɔ.

3 Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi afi wo nkɔmmɔbɔ ase denam eyi a wobɛka so:

◼ “Ɛda a mebaa ha no, yɛbɔɔ nyarewa ano aduru koraa a yebenya ho nkɔmmɔ. So wususuw sɛ bere bi bɛba a, obiara renyare bio? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ asɛm a ɛkanyan anigye yi nsow.” Kenkan Yesaia 33: 24. Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 5 no, na munsusuw nkyekyem 5-6 no ho, na bisa ɛho nsɛm a ɛwɔ adesua no mfiase no, na monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔde ama no bi. Ka sɛ yare ne owu a wobeyi afi hɔ no ka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase a ebenya ne mmamu no ho. Sɛ wode nhomawa no ma no a, yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw adesua koro no ara nkyekyem 1-4 ne 7 no ho.

4 Sɛ amanneɛbɔ bi a ɛfa ɔpatuwu ho ho asɛm na ɛwɔ nkurɔfo adwene mu a, wubetumi afa saa kwan yi so:

◼ “Ebia woate sɛ [ka asɛm ko no]. Sɛ nkurɔfo nkwa ba awiei mpofirim saa a, nnipa pii susuw awerɛkyekye ko a wobetumi de ama wɔn a wɔawuwu no mmusua ho. Wususuw ho dɛn?” Twɛn ma ommua. Afei bue Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 299, na fa owusɔre ho mfonini no kyerɛ no. Toa so sɛ: “Sɛ nnipa pii hu sɛ wobenyan atreneefo ne abɔnefo nyinaa aba nkwa mu wɔ Paradise asase so a, wɔn ho dwiriw wɔn. [Kenkan Asomafo no Nnwuma 24:15 sɛnea wɔafa mu asɛm aka wɔ kratafa 297 no nkyekyem 9 no, na afei fa nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ nkyekyem 10 no ma.] Saa nhoma yi ka Onyankopɔn atirimpɔw ma daakye ho nsɛm foforo a ɛyɛ anigye pii. Sɛ wopɛ sɛ wusua ho ade pii a, wubetumi agye eyi.” Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba, na yɛ nneɛma pɔtee a onii ko no kyerɛɛ ho anigye ne nea ɛhaw no ho kyerɛwtohɔ.

5 Sɛ wosan kɔ hɔ a, ma w’asɛm no mfa ofiewura no ho. Ebia wubetumi aka sɛ:

◼ “Ɛda a yɛkasae no, m’ani gyee asɛm bi a woka faa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho no ho. [Ka asɛm a ɔkae no.] Mihuu asɛm bi a misusuw sɛ w’ani begye ho.” Bue Ahwehwɛde nhomawa no kɔ adesua 5. Kenkan na munsusuw adesua no mu nkyekyem pii ho bere dodow a wuhu sɛ ofiewura no kyerɛ ho anigye no. Fa nhomawa no ma no. Sɛ wokyerɛ bere a wobɛsan akɔ hɔ akɔtoa adesua no so wie a, ka mo asafo no nhyiam mmere kyerɛ ofiewura no. Ka Baguam Nhyiam ho asɛm, na to nsa frɛ no sɛ ɔmmra.

6 Sɛ wopɛ asɛntiaa a wɔka kyerɛ a ɛfa kratawa ho a, wubetumi aka eyi:

◼ “Mepɛ sɛ wo nsa ka kratawa a wɔato din Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? yi.” Fa ma ofiewura no, na kyerɛ no sɛ onni w’akyi bere a wokenkan nkyekyem a edi kan no. Ma ommua asɛmmisa a ɛwɔ kasamu a etwa to no mu no. Kenkan nkyekyem a ɛto so abien no, na afei bue mfonini a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no kratafa 299 no. Toa so sɛ: “Saa nhoma yi ka owusɔre ne Bible bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛbɛba daakye no ho nsɛm pii. Wubetumi agye nea ekura me yi.” Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.

7 Nsa a yɛbɛto afrɛ afoforo anigye so no betumi aka wɔn ma wɔaba nkwa nsu a Yehowa de rema seesei no ho. Enti, momma yɛnse obiara a sukɔm de no sɛ, “Bra!”—Adi. 22:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena